< Hesekiel 37 >

1 Na Awurade nsa wɔ me so na ɔde ne Honhom yii me firii adi de me bɛsii bɔnhwa no mfimfini, na nnompe ayɛ no ma.
The hand of Yahweh was upon me, and he brought me out by the Spirit of Yahweh and set me down in the midst of a valley; it was full of bones.
2 Ɔde me dii akɔneaba wɔ mu na mehunuu nnompe bebree wɔ bɔnhwa no ase, nnompe a ɛho akokwa.
Then he made me pass through them round and round. Behold! A great many of them were in the valley. Behold! They were very dry.
3 Ɔbisaa me sɛ, “Onipa ba, saa nnompe yi bɛtumi anya nkwa anaa?” Mekaa sɛ, “Ao Otumfoɔ Awurade, wo nko ara na wonim.”
He said to me, “Son of man, can these bones live again?” So I said, “Lord Yahweh, you alone know.”
4 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Hyɛ nkɔm wɔ nnompe yi ho na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nnompe a mo ho akokwa, montie Awurade asɛm!
Then he said to me, “Prophesy over these bones and say to them, 'Dry bones. Listen to the word of Yahweh.
5 Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ saa nnompe yi: Mɛma ahomeɛ aba mo mu na mobɛnya nkwa.
The Lord Yahweh says this to these bones: Behold! I am about to put breath into you, and you will live.
6 Mɛma ntini abɛsosɔ mo mu, na mede ɛnam agu mo so na mede wedeɛ akata mo so. Mede ahomeɛ bɛgu mo mu na moaba nkwa mu. Afei wobɛhunu sɛ mene Awurade.’”
I will place sinews over you and bring flesh onto you. I will cover you with skin and put breath within you so you will live. Then you will know that I am Yahweh.'”
7 Ɛno enti mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no. Na megu so rehyɛ nkɔm no, ɛnne bi baeɛ, awosoɔ bi, na nnompe no keka bobɔɔ mu, dompe bɛkaa ne dompe ho.
So I prophesied as I was commanded; as I prophesied, behold, a sound came, that of shaking. Then the bones drew together—bone against bone.
8 Na mehwɛeɛ hunuiɛ sɛ ntini baa so, na ɛnam baa ho na wedeɛ bɛkataa so, nanso na ahomeɛ biara nni mu.
I looked and, behold, sinews were now on them, and flesh grew up and skin covered them. But there was still no breath in them.
9 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Hyɛ nkɔm kyerɛ ahome, hyɛ nkɔm onipa ba, na ka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Ahome, firi mframa ɛnan no mu bra bɛhome gu saa awufoɔ yi mu na wɔnya nkwa.’”
Then Yahweh said to me, “Prophesy to the breath, prophesy, son of man, and say to the breath, 'The Lord Yahweh says this: Breath, come from the four winds, and breathe on these who have been killed, so they may live.'”
10 Enti mehyɛɛ nkɔm sɛdeɛ ɔhyɛɛ me no, na ahome hyɛnee wɔn mu; na nkwa baa wɔn mu ma wɔsɔre gyinagyinaa wɔn nan so, ɛdɔm kɛseɛ pa ara.
So I prophesied as I was commanded; the breath came into them and they lived. Then they stood on their feet, a very great army.
11 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, saa nnompe yi yɛ Israel efie nyinaa. Wɔka sɛ: ‘Yɛn nnompe ho akokwa na yɛn anidasoɔ asa. Wɔatwa yɛn agu korakora.’
Then Yahweh said to me, “Son of man, these bones are the entire house of Israel. Behold! They are saying, 'Our bones have dried up, and our hope is gone. We have been cut off.'
12 Ɛno enti hyɛ nkɔm na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me nkurɔfoɔ, merebɛbuebue mo adamena na mayi mo afiri mu apue. Mede mo bɛsane aba Israel asase so.
Therefore prophesy and say to them, 'The Lord Yahweh says this: Behold! I will open your graves and lift you out from them, my people. I will bring you back to the land of Israel.
13 Afei mo, me nkurɔfoɔ, sɛ mebuebue mo adamena na meyiyi mo firi mu a, mobɛhunu sɛ mene Awurade no.
Then you will know that I am Yahweh, when I open your graves and bring you out from them, my people.
14 Mede me Honhom bɛhyɛ mo mu na mobɛnya nkwa, na mede mo bɛtena mo ankasa asase so. Afei mobɛhunu sɛ me, Awurade na makasa na mayɛ nso, Awurade asɛm nie.’”
I will place my Spirit within you so you will live, and I will cause you to rest in your land when you know that I am Yahweh. I declare and will do it—this is Yahweh's declaration.'”
15 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Then the word of Yahweh came to me, saying,
16 “Onipa ba, fa dua na twerɛ ho sɛ, ‘Yei gyina hɔ ma Yudafoɔ ne Israelfoɔ a wɔka ne ho no.’ Afei fa dua foforɔ na twerɛ ho sɛ, ‘Efraim dua a ɛyɛ Yosef ne Israel efie a wɔka ne ho nyinaa dea.’
“So now you, son of man, take one stick for yourself and write on it, 'For Judah and for the people of Israel, his companions.' Then take another stick and write on it, 'For Joseph, the branch of Ephraim, and for all the people of Israel, their companions.'
17 Ka ne mmienu bɔ mu na ɛnyɛ dua baako wɔ wo nsam.
Bring both of them together into one stick, so that they become one in your hand.
18 “Sɛ wo nkurɔfoɔ ka sɛ, ‘Worenkyerɛ yɛn deɛ wode yei kyerɛ anaa a,’
When your people speak to you and say, 'Will you not tell us what these things of yours mean?'
19 ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛfa Yosef dua a ɛhyɛ Efraim ne Israel mmusuakuo a wɔka ne ho no nsa, na mede abɔ Yuda dua no mu ayɛ mmienu no baako, na wɔbɛyɛ baako wɔ me nsam.’
then say to them, 'The Lord Yahweh says this: Behold! I am taking the branch of Joseph that is in the hand of Ephraim and the tribes of Israel his companions and joining it to the branch of Judah, so that they will make one branch, and they will become one in my hand.'
20 Ma nnua a woatwerɛtwerɛ ho no so kyerɛ wɔn
Hold in your hand the branches that you wrote on before their eyes.
21 na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛyi Israelfoɔ afiri amanaman a wɔkɔ soɔ no so. Mɛboaboa wɔn ano afiri afanan nyinaa na mede wɔn asane aba wɔn ankasa asase so.
Declare to them, 'The Lord Yahweh says this: Behold! I am about to take the people of Israel from among the nations where they went. I will gather them from the surrounding lands and I will bring them to their land.
22 Mɛyɛ wɔn ɔman baako wɔ asase no so wɔ Israel mmepɔ so. Ɔhene baako bɛdi wɔn nyinaa so na wɔrenyɛ aman mmienu bio, na wɔrenkyɛ mu nyɛ wɔn ahennie mmienu.
I will make them one nation in the land, on the mountains of Israel, and there will be one king as king over all of them, and they will no longer be two nations. They will no longer be divided into two kingdoms.
23 Wɔremfa wɔn ahoni ne nsɛsodeɛ tantane no anaasɛ wɔn nnebɔne no mu bi ngu wɔn ho fi bio, na mɛgye wɔn nkwa afiri wɔn akyirisane bɔne mu na mɛte wɔn ho. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ wɔn Onyankopɔn.
Then they will no longer defile themselves with their idols, their disgusting things, or any of their other sins. For I will save them from all of their faithless actions with which they have sinned, and I will purify them, so they will be my people and I will be their God.
24 “‘Me ɔsomfoɔ Dawid bɛdi wɔn so ɔhene na wɔn nyinaa bɛnya odwanhwɛfoɔ baako. Wɔbɛdi me mmara so na wɔahwɛ mʼahyɛdeɛ ayɛ.
David my servant will be king over them. So there will be one shepherd over them all, and they will walk according to my decrees and they will keep my statutes and obey them.
25 Wɔbɛtena asase a mede maa me ɔsomfoɔ Yakob, asase a mo agyanom tenaa soɔ. Wɔne wɔn mma ne wɔn mma mma bɛtena hɔ afebɔɔ, na me ɔsomfoɔ Dawid bɛyɛ wɔn ɔberempɔn afebɔɔ.
They will live in the land that I have given to my servant Jacob, where your fathers had stayed. They will live in it forever—they, their children, and their grandchildren, for David my servant will be their chief forever.
26 Me ne wɔn bɛyɛ asomdwoeɛ apam, ɛbɛyɛ apam a ɛte hɔ daa. Mɛma wɔatim na mama wɔadɔre na mede me kronkronbea bɛsi wɔn mu afebɔɔ.
I will establish a covenant of peace with them. It will be an everlasting covenant with them. I will establish them and multiply them and set my holy place in their midst forever.
27 Me tenabea bɛwɔ wɔn mu, mɛyɛ wɔn Onyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfoɔ.
My dwelling place will be with them; I will be their God, and they will be my people.
28 Afei amanaman no bɛhunu sɛ me Awurade, me na meyɛ Israel kronkron, ɛberɛ a me kronkronbea si wɔn mu afebɔɔ.’”
Then the nations will know that I am Yahweh who sets Israel apart, when my holy place is among them forever.'”

< Hesekiel 37 >