< Hesekiel 36 >
1 “Onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Israel mmepɔ na ka sɛ: ‘Israel mmepɔ, montie Awurade asɛm.
“And you, son of man, prophesy to the mountains of Israel and say: O mountains of Israel, hear the word of the LORD.
2 Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛe na ɔtamfoɔ no ka faa wo ho, “Ahaa! Tete sorɔnsorɔmmea no abɛyɛ yɛn dea.”’
This is what the Lord GOD says: Because the enemy has said of you, ‘Aha! The ancient heights have become our possession,’
3 Ɛno enti, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ wɔasɛe mo na wɔataataa mo wɔ afa nyinaa, na ɛno enti mobɛyɛɛ aman a aka no agyapadeɛ ne ahohoradeɛ a ɛda wɔn a wɔsi wo atwetwe ano,
therefore prophesy and declare that this is what the Lord GOD says: Because they have made you desolate and have trampled you on every side, so that you became a possession of the rest of the nations and were taken up in slander by the lips of their talkers,
4 ɛno enti, Israel mmepɔ, montie Otumfoɔ Awurade asɛm: Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, subɔnka ne bɔnhwa, mmubuiɛ a ada mpan ne deɛ ayɛ afo, fomfa nkuro a animguaseɛ aka wɔn wɔ aman no nkaeɛ a atwa wɔn ho ahyia no mu.
therefore, O mountains of Israel, hear the word of the Lord GOD. This is what the Lord GOD says to the mountains and hills, to the ravines and valleys, to the desolate ruins and abandoned cities, which have become a spoil and a mockery to the rest of the nations around you.
5 Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mefiri anem a emu yɛ den mu akasa atia amanaman a aka no ne Edom nyinaa, ɛfiri sɛ wɔde fɛdie ne adwemmɔne ayɛ me ɔman wɔn agyapadeɛ sɛdeɛ wɔbɛtumi afom nʼadidibea.’
Therefore this is what the Lord GOD says: Surely in My burning zeal I have spoken against the rest of the nations, and against all Edom, who took My land as their own possession with wholehearted joy and utter contempt, so that its pastureland became plunder.
6 Ɛno enti, hyɛ nkɔm a ɛfa Israel asase ho, na ka kyerɛ mmepɔ ne nkokoɔ, subɔnhwa ne bɔnhwa sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede ninkunutweɛ mu anibereɛ kasa, ɛfiri sɛ amanaman no abu wo animtiaa.
Therefore, prophesy concerning the land of Israel and tell the mountains and hills, the ravines and valleys, that this is what the Lord GOD says: Behold, I have spoken in My burning zeal because you have endured the reproach of the nations.
7 Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mema me nsa so ka ntam sɛ amanaman a atwa wo ho ahyia no nso, wɔbɛbu wɔn animtiaa.
Therefore this is what the Lord GOD says: I have sworn with an uplifted hand that surely the nations around you will endure reproach of their own.
8 “‘Nanso mo, Israel mmepɔ, mobɛnya mman, aso aba ama me nkurɔfoɔ Israelfoɔ, ɛfiri sɛ ɛrenkyɛre wɔbɛba efie.
But you, O mountains of Israel, will produce branches and bear fruit for My people Israel, for they will soon come home.
9 Mo ho hia me na mɛhunu mo mmɔbɔ; wɔbɛfuntum mo na wɔadua mo so aba,
For behold, I am on your side; I will turn toward you, and you will be tilled and sown.
10 na mɛma wo so nnipa adɔɔso. Israel efie nyinaa mpo, nnipa bɛtena wo nkuro no so bio, na wɔbɛsisi mmubuiɛ no nso.
I will multiply the people upon you—the house of Israel in its entirety. The cities will be inhabited and the ruins rebuilt.
11 Israel mmepɔ, mɛma mmarima ne mmoa adɔɔso mo so na wɔbɛwowo na wɔadɔre, mɛma nnipa atena wo mu te sɛ kane no na wɔbɛma woadi yie asene kane no. Na afei mobɛhunu sɛ mene Awurade no.
I will fill you with people and animals, and they will multiply and be fruitful. I will make you as inhabited as you once were, and I will make you prosper more than before. Then you will know that I am the LORD.
12 Mɛma nkurɔfoɔ, me nkurɔfoɔ Israelfoɔ, anante wo so. Wɔbɛfa wo na wobɛyɛ wɔn agyapadeɛ na woremma wɔnni mmakuna bio.
Yes, I will cause My people Israel to walk upon you; they will possess you, and you will be their inheritance, and you will no longer deprive them of their children.
13 “‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ nkurɔfoɔ ka kyerɛ wo sɛ, “Israel asase, wokum nnipa we na woma wo ɔman no hwere nʼadehyeɛ” enti,
For this is what the Lord GOD says: Because people say to you, ‘You devour men and deprive your nation of its children,’
14 worenkum nnipa nwe bio na woremma wo ɔman nhwere nʼadehyeɛ bio, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
therefore you will no longer devour men or deprive your nation of its children, declares the Lord GOD.
15 Meremma wo nte amanaman no fɛdie bio, na worenhunu nkurɔfoɔ no animtiabuo bio, na wo ɔman nso renhwe ase bio, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’”
I will no longer allow the taunts of the nations to be heard against you, and you will no longer endure the reproach of the peoples or cause your nation to stumble, declares the Lord GOD.”
16 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
Again the word of the LORD came to me, saying,
17 “Onipa ba, ɛberɛ a Israelfoɔ te wɔn ankasa asase soɔ no, wɔde wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ guu asase no ho fi. Na wɔn abrabɔ te sɛ ɔbaa bosome nsabuo wɔ mʼani so.
“Son of man, when the people of Israel lived in their land, they defiled it by their own ways and deeds. Their behavior before Me was like the uncleanness of a woman’s impurity.
18 Enti mehwiee mʼabufuhyeɛ guu wɔn so ɛfiri sɛ wahwie mogya agu asase no so na wɔde wɔn abosom agu hɔ fi.
So I poured out My wrath upon them because of the blood they had shed on the land, and because they had defiled it with their idols.
19 Mebɔɔ wɔn petee amanaman no so na wɔhwetee wɔn guu nsase no so; megyinaa wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ so buu wɔn atɛn.
I dispersed them among the nations, and they were scattered throughout the lands. I judged them according to their ways and deeds.
20 Na baabiara a wɔkɔɔ wɔ amanaman mu no, wɔguu me din kronkron ho fi, ɛfiri sɛ wɔkaa wɔ wɔn ho sɛ, ‘Yeinom yɛ Awurade nkurɔfoɔ, nanso na ɛsɛ sɛ wɔfiri nʼasase so.’
And wherever they went among the nations, they profaned My holy name, because it was said of them, ‘These are the people of the LORD, yet they had to leave His land.’
21 Me din kronkron ho hia me, deɛ Israel efie guu ho fi wɔ amanaman a wɔkɔɔ so mu no.
But I had concern for My holy name, which the house of Israel had profaned among the nations to which they had gone.
22 “Ɛno enti, ka kyerɛ Israel efie sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Israel efie, ɛnyɛ mo enti na merebɛyɛ saa nneɛma yi, na mmom me din kronkron no enti, deɛ moguu ho fi wɔ amanaman a mokɔɔ so mu no.
Therefore tell the house of Israel that this is what the Lord GOD says: It is not for your sake that I will act, O house of Israel, but for My holy name, which you profaned among the nations to which you went.
23 Mɛda me din kɛseyɛ no kronkronyɛ a woagu ho fi wɔ amanaman mu no adi, edin a woagu ho fi wɔ wɔn mu no. Sɛ mefa wo so da me ho adi sɛ ɔkronkronni ma wɔhunu a, afei amanaman no bɛhunu sɛ mene Awurade no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
I will show the holiness of My great name, which has been profaned among the nations—the name you have profaned among them. Then the nations will know that I am the LORD, declares the Lord GOD, when I show My holiness in you before their eyes.
24 “‘Na mɛyi wo afiri amanaman no mu, mɛboaboa mo ano afiri nsase no nyinaa so de mo asane aba mo ankasa asase so.
For I will take you from among the nations and gather you out of all the countries, and I will bring you back into your own land.
25 Mede nsuo korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate: Mɛte mo ho afiri nkekaawa ne mo ahoni nyinaa ho.
I will also sprinkle clean water on you, and you will be clean. I will cleanse you from all your impurities and all your idols.
26 Mɛma wo akoma foforɔ na mede honhom foforɔ ahyɛ wo mu. Mɛyi akoma a ɛte sɛ ɛboɔ no afiri wo mu na mama wo akoma foforɔ a ɛte sɛ honam.
I will give you a new heart and put a new spirit within you; I will remove your heart of stone and give you a heart of flesh.
27 Na mede me Honhom bɛhyɛ wo mu na mama woadi mʼahyɛdeɛ so na woahwɛ adi me mmara so.
And I will put My Spirit within you and cause you to walk in My statutes and to carefully observe My ordinances.
28 Mobɛtena asase a mede maa mo agyanom no so. Mobɛyɛ me nkurɔfoɔ na mayɛ mo Onyankopɔn.
Then you will live in the land that I gave your forefathers; you will be My people, and I will be your God.
29 Mɛprapra mo ho fi nyinaa. Mɛma aduane aba ama abu so na meremma ɛkɔm mma mo so.
I will save you from all your uncleanness. I will summon the grain and make it plentiful, and I will not bring famine upon you.
30 Mɛma nnua so aba ayɛ bebree na mfuo nso abɔ nnɔbaeɛ sɛdeɛ ɛkɔm enti mo anim rengu ase bio wɔ amanaman no mu.
I will also make the fruit of the trees and the crops of the field plentiful, so that you will no longer bear reproach among the nations on account of famine.
31 Afei, wobɛkae wʼakwammɔne ne wʼamumuyɛ, na wo bɔne ne akyiwadeɛ enti, wo ho bɛyɛ wo nwunu.
Then you will remember your evil ways and wicked deeds, and you will loathe yourselves for your iniquities and abominations.
32 Mepɛ sɛ mohunu sɛ ɛnyɛ mo enti na mereyɛ yei, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Momfɛre na momma mo ani nnwu wɔ mo abrabɔ ho, Ao Israel efie.
It is not for your sake that I will act, declares the Lord GOD—let it be known to you. Be ashamed and disgraced for your ways, O house of Israel!
33 “‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛda a mɛte mo ho afiri mo bɔne ho no, mɛma nnipa atena mo nkuro so bio na wɔbɛsisi mmubuiɛ no bio.
This is what the Lord GOD says: On the day I cleanse you from all your iniquities, I will cause the cities to be resettled and the ruins to be rebuilt.
34 Asase a ada mpan no, wɔbɛdua so nneɛma na ɛrenna hɔ kwa sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ wɔn a na wɔtwam hɔ no ani soɔ no.
The desolate land will be cultivated instead of lying desolate in the sight of all who pass through.
35 Wɔbɛka sɛ, “Saa asase a ada mpan yi ayɛ sɛ Eden turo. Nkuropɔn a na adane mmubuiɛ, ayɛ afoafo na asɛe yi, wɔabɔ ho ban na nnipa abɛtenatena mu.”
Then they will say, ‘This land that was desolate has become like the garden of Eden. The cities that were once ruined, desolate, and destroyed are now fortified and inhabited.’
36 Afei aman a aka a atwa wo ho ahyia no bɛhunu sɛ me Awurade, makyekyere deɛ na asɛeɛ na madua wɔ deɛ na ada mpan soɔ, me Awurade na maka na mɛyɛ.’
Then the nations around you that remain will know that I, the LORD, have rebuilt what was destroyed, and I have replanted what was desolate. I, the LORD, have spoken, and I will do it.
37 “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛtie Israel efie abisadeɛ na mayɛ yei ama wɔn; Mɛma wɔn nkurɔfoɔ adɔɔso sɛ nnwan,
This is what the Lord GOD says: Once again I will hear the plea of the house of Israel and do for them this: I will multiply their people like a flock.
38 wɔbɛdɔɔso sɛ nnwankuo a wɔde wɔn kɔ Yerusalem sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ afahyɛ nna. Saa ara na nnipa dodoɔ bɛhyɛ nkuropɔn a abubuo no so ma. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.”
Like the numerous flocks for sacrifices at Jerusalem during her appointed feasts, so the ruined cities will be filled with flocks of people. Then they will know that I am the LORD.”