< Hesekiel 33 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
여호와의 말씀이 내게 임하여 가라사대
2 “Onipa ba, kasa kyerɛ wo ɔman mma na ka kyerɛ wɔn sɛ: ‘Sɛ metwe mʼakofena wɔ asase bi so, na sɛ asase no so nnipa yi wɔn mmarima no mu baako sɛ ɔnyɛ ɔwɛmfoɔ mma wɔn,
인자야 너는 네 민족에게 고하여 이르라 가령 내가 칼을 한 땅에 임하게 한다 하자 그 땅 백성이 자기 중에 하나를 택하여 파숫군을 삼은
3 na ɔhunu sɛ akofena reba abɛtia asase no a, ɔhyɛne totorobɛnto de bɔ nnipa no kɔkɔ.
그 사람이 칼이 그 땅에 임함을 보고 나팔을 불어 백성에게 경고하되
4 Na sɛ obi te totorobɛnto no nnyegyeeɛ na wanna ne ho so, na sɛ akofena no bɛkum no a, ne mogya bɛbɔ ɔno ankasa tiri so.
나팔 소리를 듣고도 경비를 하지 아니하므로 그 임하는 칼에 제함을 당하면 그 피가 자기의 머리로 돌아갈 것이라
5 Esiane sɛ ɔtee totorobɛnto no nnyegyeeɛ na wantie kɔkɔbɔ no enti, ne mogya bɛbɔ nʼankasa tiri so. Sɛ ɔtiee kɔkɔbɔ no a, anka ɔnyaa ne tiri didii mu.
그가 경비를 하였던들 자기 생명을 보전하였을 것이나 나팔 소리를 듣고도 경비를 하지 아니하였으니 그 피가 자기에게로 돌아가리라
6 Nanso sɛ ɔwɛmfoɔ no hunu sɛ akofena no reba na wanhyɛne totorobɛnto no ammɔ nnipa no kɔkɔ, na sɛ akofena no ba bɛkum wɔn mu baako a, wɔbɛfa saa onipa no akɔ wɔ ne bɔne enti, nanso mɛma ɔwɛmfoɔ no abu owufoɔ no mogya ho akonta.’
그러나 파숫군이 칼이 임함을 보고도 나팔을 불지 아니하여 백성에게 경고치 아니하므로 그 중에 한 사람이 그 임하는 칼에 제함을 당하면 그는 자기 죄악 중에서 제한바 되려니와 그 죄를 내가 파숫군의 손에서 찾으리라
7 “Onipa ba, mayɛ wo ɔwɛmfoɔ ama Israel efie, ɛno enti tie mʼanum nsɛm na fa kɔkɔbɔ a ɛfiri me nkyɛn ma wɔn.
인자야 내가 너로 이스라엘 족속의 파숫군을 삼음이 이와 같으니라 그런즉 너는 내 입의 말을 듣고 나를 대신하여 그들에게 경고할지어다
8 Sɛ meka kyerɛ omumuyɛfoɔ sɛ, ‘Ao omumuyɛfoɔ owuo na wobɛwuo,’ na sɛ wʼankasa ankyerɛ no amma wamfiri nʼakwan so a, saa omumuyɛfoɔ no bɛwu ne bɔne mu, na mɛma woabu ne mogya ho akonta.
가령 내가 악인에게 이르기를 악인아 너는 정녕 죽으리라 하였다하자 네가 그 악인에게 말로 경고하여 그 길에서 떠나게 아니하면 그 악인은 자기 죄악 중에서 죽으려니와 내가 그 피를 네 손에서 찾으리라
9 Nanso sɛ wobɔ omumuyɛfoɔ no kɔkɔ sɛ ɔmfiri nʼakwan so na sɛ wanyɛ a, ne bɔne enti, ɔbɛwu, nanso worenni ne mogya ho fɔ.
그러나 너는 악인에게 경고하여 돌이켜 그 길에서 떠나라고 하되 그가 돌이켜 그 길에서 떠나지 아니하면 그는 자기 죄악 중에서 죽으려니와 너는 네 생명을 보전하리라
10 “Onipa ba, ka kyerɛ Israel efie sɛ: ‘Yei ne deɛ moreka: “Yɛn mfomsoɔ ne yɛn nnebɔne hyɛ yɛn so, yɛresɛe ɛsiane yeinom enti. Na ɛdeɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya nkwa?”’
그런즉 인자야 너는 이스라엘 족속에게 이르기를 너희가 말하여 이르되 우리의 허물과 죄가 이미 우리에게 있어 우리로 그 중에서 쇠패하게 하니 어찌 능히 살리요 하거니와
11 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mʼani nnye amumuyɛfoɔ wuo ho, na mmom mepɛ sɛ wɔdane firi wɔn akwan so na wɔnya nkwa. Monnane! Monnane mfiri mo amumuyɛ akwan no so! Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mowuwuo, Ao Israel efie?’
주 여호와의 말씀에 나의 삶을 두고 맹세하노니 나는 악인의 죽는 것을 기뻐하지 아니하고 악인이 그 길에서 돌이켜 떠나서 사는 것을 기뻐하노라 이스라엘 족속아 돌이키고 돌이키라 너희 악한 길에서 떠나라 어찌 죽고자 하느냐 하셨다 하라
12 “Ɛno enti onipa ba, ka kyerɛ wo ɔman mma sɛ, ‘Ɔteneneeni tenenee rentumi nye no nkwa wɔ ɛberɛ a ɔnnyɛ ɔsetie; na omumuyɛfoɔ amumuyɛ remma ɔnhwe ase wɔ ɛberɛ a ɔdane firi ho. Sɛ ɔteneneeni yɛ bɔne a, ɔrennya nkwa wɔ ne kane teneneeyɛ enti.’
인자야 너는 네 민족에게 이르기를 의인이 범죄하는 날에는 그 의가 구원치 못할 것이요 악이 돌이켜 그 악에서 떠나는 날에는 그 악이 그를 엎드러뜨리지 못할 것인즉 의인이 범죄하는 날에는 그 의로 인하여는 살지 못하리라
13 Sɛ meka kyerɛ ɔteneneeni sɛ ɔbɛnya nkwa, na afei ɔde ne ho to ne teneneeyɛ so na ɔyɛ bɔne a, wɔrenkae ne kane tenenee adeyɛ biara. Ɔbɛwu wɔ ne bɔne a wayɛ enti.
가령 내가 의인에게 말하기를 너는 살리라 하였다 하자 그가 그 의를 스스로 믿고 죄악을 행하면 그 모든 의로운 행위가 하나도 기억되지 아니하리니 그가 그 지은 죄악 중 곧 그 중에서 죽으리라
14 Na sɛ meka kyerɛ omumuyɛfoɔ sɛ, ‘Owuo na wobɛwuo,’ na afei ɔdane firi ne nnebɔne ho na ɔyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene,
가령 내가 악인에게 말하기를 너는 죽으리라 하였다 하자 그가 돌이켜 자기의 죄에서 떠나서 법과 의대로 행하여
15 na sɛ ɔsane de bosea ho awowasideɛ ma, na ɔsane de deɛ wawia ma, na ɔdi ahyɛdeɛ a ɛma nkwa soɔ, na wanyɛ bɔne a, ampa ara ɔbɛnya nkwa, na ɔrenwu.
전당물을 도로 주며 억탈물을 돌려 보내고 생명의 율례를 준행하여 다시는 죄악을 짓지 아니하면 그가 정녕 살고 죽지 않을지라
16 Wɔrenkae bɔne a wayɛ no mu biara ntia no. Wayɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene, ampa ara ɔbɛnya nkwa.
그의 본래 범한 모든 죄가 기억되지 아니하리니 그가 정녕 살리라 이는 법과 의를 행하였음이니라 하라
17 “Nanso wo ɔman mma ka sɛ, ‘Awurade akwan ntene.’ Nanso ɛyɛ wɔn akwan mmom na ɛnteneɛ.
그래도 네 민족은 말하기를 주의 길이 공평치 않다 하는도다 그러나 실상은 그들의 길이 공평치 아니하니라
18 Sɛ ɔteneneeni firi ne tenenee ho na ɔyɛ bɔne a, ɛno enti ɔbɛwu.
만일 의인이 돌이켜 그 의에서 떠나 죄악을 지으면 그가 그 가운데서 죽을 것이고
19 Na sɛ omumuyɛfoɔ dane firi ne nnebɔne ho na ɔyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene a, ɔbɛnya nkwa.
만일 악인이 돌이켜 그 악에서 떠나 법과 의대로 행하면 그가 그로 인하여 살리라
20 Nanso, Ao Israel efie, moka sɛ, ‘Awurade akwan ntene.’ Nanso mɛbu obiara atɛn sɛdeɛ nʼakwan teɛ.”
그러나 너희가 이르기를 주의 길이 공평치 않다 하는도다 이스라엘 족속아 내가 너희의 각기 행한대로 심판하리라 하시니라
21 Yɛn nnommumfa afe a ɛtɔ so dumienu no bosome a ɛtɔ so edu no nnannum so, ɔbarima bi a wadwane afiri Yerusalem baa me nkyɛn bɛkaa sɛ, “Kuropɔn no ahwease!”
우리가 사로잡힌지 십 이년 시월 오일에 예루살렘에서부터 도망하여 온 자가 내게 나아와 말하기를 그 성이 함락되었다 하였는데
22 Na anwummerɛ a adeɛ rebɛkyeɛ ama ɔbarima no aba no, na Awurade nsa wɔ me so na ɔbuee mʼano ansa na ɔbarima no baa anɔpa. Enti na mʼano abue a metumi kasa.
그 도망한 자가 내게 나아오기 전날 저녁에 여호와의 손이 내게 임하여 내 입을 여시더니 다음 아침 그 사람이 내게 나아올 임시에 내 입이 열리기로 내가 다시는 잠잠하지 아니하였노라
23 Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
여호와의 말씀이 내게 임하여 가라사대
24 “Onipa ba, nnipa a wɔtete saa mmubuiɛ so wɔ Israel asase no so no reka sɛ, ‘Abraham mpo a ɔyɛ onipa baako no, ɔnyaa asase no nyinaa. Enti yɛn a yɛdɔɔso yi nso, nokorɛm, wɔde asase no nyinaa ama yɛn sɛ yɛn agyapadeɛ.’
인자야 이 이스라엘 황무한 땅에 거한 자들이 말하여 이르기를 아브라함은 오직 한 사람이라도 이 땅을 기업으로 얻었나니 우리가 중다한즉 더욱 이 땅으로 우리에게 기업으로 주신 것이 되느니라 하는도다
25 Ɛno enti, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ mowe ɛnam a mogya wɔ mu, na mosom mo anyame na mohwie mogya guo enti, ɛsɛ sɛ mofa asase no anaa?
그러므로 너는 그들에게 이르기를 주 여호와의 말씀에 너희가 피있는 고기를 먹으며 너희 우상들에게 눈을 들며 피를 흘리니 그 땅이 너희의 기업이 될까보냐
26 Mode mo ho to mo akofena so. Moyɛ akyiwadeɛ na mo mu biara gu ne yɔnko yere ho fi. Ɛsɛ sɛ monya asase no anaa?’
너희가 칼을 믿어 가증한 일을 행하며 각기 이웃의 아내를 더럽히니 그 땅이 너희의 기업이 될까보냐 하고
27 “Ka yei kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Ampa ara sɛ mete ase yi, wɔn a wɔaka wɔ kuro no mmubuiɛ soɔ no bɛtotɔ wɔ akofena ano. Wɔn a wɔwɔ wiram no mede wɔn bɛma nkekaboa ama wɔawe wɔn na wɔn a wɔwɔ abandenden ne abodan mu no, ɔyaredɔm bɛkunkum wɔn.
너는 그들에게 또 이르기를 주 여호와의 말씀에 내가 나의 삶을 두고 맹세하노니 황무지에 있는 자는 칼에 엎드러뜨리고 들에 있는 자는 들짐승에게 붙여 먹게 하고 산성과 굴에 있는 자는 온역에 죽게 하리라
28 Mɛsɛe asase no ama ayɛ afo, na nʼahomasoɔ ahoɔden no bɛba awieeɛ na Israel mmepɔ no bɛda mpan a obiara rentwam hɔ.
내가 그 땅으로 황무지와 놀라움이 되게 하고 그 권능의 교만을 그치게 하리니 이스라엘의 산들이 황무하여 지나갈 사람이 없으리라
29 Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛberɛ a mama asase no ada mpan wɔ akyiwadeɛ a wɔayɛ nyinaa enti.’
내가 그들의 행한 모든 가증한 일로 인하여 그 땅으로 황무지와 놀라움이 되게 하면 그 때에 그들이 나를 여호와인 줄 알리라 하라
30 “Wo deɛ, onipa ba, wo ɔman mma reka wo ho nsɛm wɔ afasuo ho ne afie apono ano kyerɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, ‘Mommra mmɛtie asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn aba.’
인자야 네 민족이 담 곁에서와 집 문에서 너를 의논하며 각각 그 형제로 더불어 말하여 이르기를 자, 가서 여호와께로부터 무슨 말씀이 나오는가 들어보자 하고
31 Me nkurɔfoɔ ba wo nkyɛn, sɛdeɛ wɔyɛ daa no, bɛtenatena wʼanim bɛtie wo nsɛm, nanso wɔmmfa nyɛ adwuma. Wɔde wɔn ano ka ahofama, nanso wɔn akoma mu deɛ wɔn ani bere asisie mu adenya.
백성이 모이는 것 같이 네게 나아오며 내 백성처럼 네 앞에 앉아서 네 말을 들으나 그대로 행치 아니하니 이는 그 입으로는 사랑을 나타내어도 마음은 이욕을 좇음이라
32 Nokorɛm, wɔn deɛ, wote sɛ obi a ne nne yɛ dɛ, na ɔde nnwontodeɛ to ɔdɔ nnwom, ɛfiri sɛ wɔte wo nsɛm nanso wɔmmfa nyɛ adwuma.
그들이 너를 음악을 잘하며 고운 음성으로 사랑의 노래를 하는 자 같이 여겼나니 네 말을 듣고도 준행치 아니하거니와
33 “Sɛ yeinom nyinaa ba mu a, na nokorɛm ɛbɛba mu nso, na afei wɔbɛhunu sɛ odiyifoɔ bi baa wɔn mu.”
그 말이 응하리니 응할 때에는 그들이 한 선지자가 자기 가운데 있었던 줄을 알리라

< Hesekiel 33 >