< Hesekiel 31 >

1 Mfeɛ dubaako mu bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
et factum est in undecimo anno tertio una mensis factum est verbum Domini ad me dicens
2 “Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne ne nipadɔm sɛ: “‘Hwan ho na yɛde wo kɛseyɛ bɛtoto?
fili hominis dic Pharaoni regi Aegypti et populo eius cui similis factus es in magnitudine tua
3 Dwene Asiria ho, ntweneduro bi a berɛ bi na ɛwɔ Lebanon, Ɔde mman a ɛyɛ fɛ, na ɛhyɛ kwaeɛ so nyini kɔɔ ɔsoro yie, ma ne nkɔn mu boro nhahan a ayɛ kusuu no so.
ecce Assur quasi cedrus in Libano pulcher ramis et frondibus nemorosus excelsusque altitudine et inter condensas frondes elevatum est cacumen eius
4 Nsuo no maa no aduane, nsuwa nsuwa a emu dɔ ma ɛnyini kɔɔ ɔsoro; wɔn asutene fofaa nʼase nyinaa de kɔɔ mfuo no so nnua nyinaa ho.
aquae nutrierunt illum abyssus exaltavit eum flumina eius manabant in circuitu radicum eius et rivos suos emisit ad universa ligna regionis
5 Enti ɛkɔɔ ɔsorosoro senee mfuo no so nnua nyinaa; ne dubaa dɔɔso ne mman nyini yɛɛ atentene, na nsuo dodoɔ a ɛnyaa no enti ɛdendaneeɛ.
propterea elevata est altitudo eius super omnia ligna regionis et multiplicata sunt arbusta eius et elevati sunt rami eius prae aquis multis
6 Ewiem nnomaa nyinaa yɛɛ wɔn pirebuo wɔ ne dubaa no mu, wiram mmoa nyinaa wowoo mma wɔ ne mman no ase aman akɛseɛ nyinaa tenaa ne nwunu ase.
cumque extendisset umbram suam in ramis eius fecerunt nidos omnia volatilia caeli et sub frondibus eius genuerunt omnes bestiae saltuum et sub umbraculo illius habitabat coetus gentium plurimarum
7 Na ne kɛseyɛ no yɛ fɛ, ne dubaa a adendan no enti, na ne nhini nyini kɔɔ fam kɔduruu nsuo bebree mu.
eratque pulcherrimus in magnitudine sua et in dilatatione arbustorum suorum erat enim radix illius iuxta aquas multas
8 Ntweneduro a ɛwɔ Onyankopɔn turo mu nto no, na pepeaa nnua nso dubaa ne no nyɛ pɛ, na wɔntumi mfa ɔkyɛnkyɛn nnua nso ntoto ne mman ho, dua biara nni Onyankopɔn turo no mu a nʼahoɔfɛ te sɛ no.
cedri non fuerunt altiores illo in paradiso Dei abietes non adaequaverunt summitatem eius et platani non fuerunt aequae frondibus illius omne lignum paradisi Dei non est adsimilatum illi et pulchritudini eius
9 Mebɔɔ no ahoɔfɛ maa no mman bebree, na nnua a ɛwɔ Eden nyinaa Onyankopɔn turo no mu no ani beree no.
quoniam speciosum feci eum et multis condensisque frondibus et aemulata sunt eum omnia ligna voluptatis quae erant in paradiso Dei
10 “‘Ɛno enti, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ ɛnyini kɔɔ soro, maa ne nkɔn mu hyɛɛ nhahan a abunkam soɔ, na afei ɔyɛɛ ahantan wɔ ne tentenyɛ ho enti,
propterea haec dicit Dominus Deus pro eo quod sublimatus est in altitudine et dedit summitatem suam virentem atque condensam et elevatum est cor eius in altitudine sua
11 mede no hyɛɛ amanaman sodifoɔ nsa, sɛ ɔne no nni no sɛdeɛ nʼamumuyɛ teɛ. Mepoo no,
tradidi eum in manu fortissimi gentium faciens faciet ei iuxta impietatem eius eieci eum
12 na ananafoɔ aman no mu tutugyagu twaa no hwee fam na ɔgyaa no hɔ. Ne dubaa no hwehwee mmepɔ ne mmɔnhwa mu; ne mman mu bubuiɛ wɔ subɔnhwa mu. Asase so aman nyinaa firii ne nwunu ase, na wɔgyaa no hɔ.
et succident illum alieni et crudelissimi nationum et proicient eum super montes et in cunctis convallibus corruent rami eius et confringentur arbusta eius in universis rupibus terrae et recedent de umbraculo eius omnes populi terrae et relinquent eum
13 Ewiem nnomaa nyinaa sisii dua a abu no so, na wiram mmoa kɔhyehyɛɛ ne mman mu.
in ruina eius habitaverunt omnia volatilia caeli et in ramis eius fuerunt universae bestiae regionis
14 Ɛno enti, nnua a ɛwɔ nsuo ho no mu biara renyɛ ahantan, nnyini nkɔ sorosoro, mmoro nhahan a abunkam so. Nnua foforɔ biara a ɛnya nsuo bebree no rennyini nkɔ soro saa bio. Wɔahyɛ sɛ wɔn nyinaa bɛwu akɔ asase ase, wɔ nnipa mma a wɔsiane kɔ amena mu no nkyɛn.
quam ob rem non elevabuntur in altitudine sua omnia ligna aquarum neque ponent sublimitatem suam inter nemorosa atque frondosa nec stabunt in sublimitate eorum omnia quae inrigantur aquis quia omnes traditi sunt in mortem ad terram ultimam in medio filiorum hominum ad eos qui descendunt in lacum
15 “‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛda a wɔde no too damena mu no, mede awerɛhoɔ kataa nsuwansuwa a emu dɔ no so maa no, ma amma ne asutene no antene, na mesii ne nsuo dodoɔ no ɛkwan. Ne enti mede kusuuyɛ firaa Lebanon, na nnua a ɛwɔ ɛserɛ no so nyinaa botooɛ. (Sheol h7585)
haec dicit Dominus Deus in die quando descendit ad inferos indixi luctum operui eum abysso et prohibui flumina eius et coercui aquas multas contristatus est super eum Libanus et omnia ligna agri concussa sunt (Sheol h7585)
16 Memaa aman no ho popoeɛ wɔ nʼahweaseɛ nnyegyeeɛ no ho, ɛberɛ a mede no baa damena mu ɛne wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no. Afei Eden nnua nyinaa, deɛ ɛte apɔ na ɛyɛ papa wɔ Lebanon, nnua a ɛnya nsuo yie nyinaa nyaa awerɛkyekyerɛ wɔ asase ase. (Sheol h7585)
a sonitu ruinae eius commovi gentes cum deducerem eum ad infernum cum his qui descendebant in lacum et consolata sunt in terra infima omnia ligna voluptatis egregia atque praeclara in Libano universa quae inrigabantur aquis (Sheol h7585)
17 Wɔn a wɔtenaa ne nwunu ase, ne ne mpamfoɔ a wɔwɔ amanaman no mu nso ne no kɔ damena mu, akɔka wɔn a wɔtotɔɔ wɔ akofena ano no ho. (Sheol h7585)
nam et ipsi cum ea descendent ad infernum ad interfectos gladio et brachium uniuscuiusque sedebit sub umbraculo eius in medio nationum (Sheol h7585)
18 “‘Nnua a ɛwɔ Eden no mu deɛ ɛwɔ he na ɛbɛtumi de ne ho atoto wo ho wɔ animuonyam ne kɛseyɛ mu? Nanso, wo nso wɔbɛsiane wo akɔ fam, wo ne Eden nnua no. Wobɛfra momonotofoɔ mu, wɔn a wɔatotɔ wɔ akofena ano no. “‘Yei yɛ Farao ne ne nipadɔm no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’”
cui adsimilatus es o inclite atque sublimis inter ligna voluptatis ecce deductus es cum lignis voluptatis ad terram ultimam in medio incircumcisorum dormies cum his qui interfecti sunt gladio ipse est Pharao et omnis multitudo eius dicit Dominus Deus

< Hesekiel 31 >