< Hesekiel 31 >
1 Mfeɛ dubaako mu bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Jedanaeste godine, trećega mjeseca, prvoga dana, dođe mi riječ Jahvina:
2 “Onipa ba, ka kyerɛ Misraimhene Farao ne ne nipadɔm sɛ: “‘Hwan ho na yɛde wo kɛseyɛ bɛtoto?
“Sine čovječji, kaži faraonu, kralju egipatskom, i mnoštvu njegovu: 'Na koga naličiš veličinom svojom?
3 Dwene Asiria ho, ntweneduro bi a berɛ bi na ɛwɔ Lebanon, Ɔde mman a ɛyɛ fɛ, na ɛhyɛ kwaeɛ so nyini kɔɔ ɔsoro yie, ma ne nkɔn mu boro nhahan a ayɛ kusuu no so.
Usporedit ću te, evo, s cedrom libanonskim, lijepih grana, gusta lišća i debla visoka: vrh mu do oblaka seže.
4 Nsuo no maa no aduane, nsuwa nsuwa a emu dɔ ma ɛnyini kɔɔ ɔsoro; wɔn asutene fofaa nʼase nyinaa de kɔɔ mfuo no so nnua nyinaa ho.
Voda ga othrani i uzvisi bezdan; rijekama mu svojim nasad oblijevaše, rukave svoje slaše k svem drveću poljskom.
5 Enti ɛkɔɔ ɔsorosoro senee mfuo no so nnua nyinaa; ne dubaa dɔɔso ne mman nyini yɛɛ atentene, na nsuo dodoɔ a ɛnyaa no enti ɛdendaneeɛ.
I zato rastom on nadvisi sve poljsko drveće. Grane mu se namnožiše, hvoje mu se razgranaše od obilne vode što mu dotjecaše;
6 Ewiem nnomaa nyinaa yɛɛ wɔn pirebuo wɔ ne dubaa no mu, wiram mmoa nyinaa wowoo mma wɔ ne mman no ase aman akɛseɛ nyinaa tenaa ne nwunu ase.
ptice mu nebeske na granama gnijezda savijahu. Ispod hvoja njegovih legoše se divlje zvijeri. A u hladu njegovu svi veliki narodi sjeđahu.
7 Na ne kɛseyɛ no yɛ fɛ, ne dubaa a adendan no enti, na ne nhini nyini kɔɔ fam kɔduruu nsuo bebree mu.
Lijep on bijaše veličinom i širinom svojih grana; do dubokih voda žilje mu sezaše!
8 Ntweneduro a ɛwɔ Onyankopɔn turo mu nto no, na pepeaa nnua nso dubaa ne no nyɛ pɛ, na wɔntumi mfa ɔkyɛnkyɛn nnua nso ntoto ne mman ho, dua biara nni Onyankopɔn turo no mu a nʼahoɔfɛ te sɛ no.
Ne bijahu mu ravni ni cedrovi u vrtu Božjem, ni čempresi se ne mogahu usporediti s granama njegovim, a platane ni kao hvoje njegove ne bijahu! Nijedno stablo u vrtu Božjem ne bješe mu po ljepoti ravno.
9 Mebɔɔ no ahoɔfɛ maa no mman bebree, na nnua a ɛwɔ Eden nyinaa Onyankopɔn turo no mu no ani beree no.
Ukrasih ga mnoštvom grana, i zaviđaše mu sve edensko drveće u vrtu Božjem.'
10 “‘Ɛno enti, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ ɛnyini kɔɔ soro, maa ne nkɔn mu hyɛɛ nhahan a abunkam soɔ, na afei ɔyɛɛ ahantan wɔ ne tentenyɛ ho enti,
Stoga ovako govori Jahve Gospod: 'Jer se s rasta uzoholio što mu vrh do oblaka sezaše i srce mu visina zanese,
11 mede no hyɛɛ amanaman sodifoɔ nsa, sɛ ɔne no nni no sɛdeɛ nʼamumuyɛ teɛ. Mepoo no,
predadoh ga u ruke najmoćnijemu od svih naroda da učini s njime po zloći njegovoj, i odbacih ga.
12 na ananafoɔ aman no mu tutugyagu twaa no hwee fam na ɔgyaa no hɔ. Ne dubaa no hwehwee mmepɔ ne mmɔnhwa mu; ne mman mu bubuiɛ wɔ subɔnhwa mu. Asase so aman nyinaa firii ne nwunu ase, na wɔgyaa no hɔ.
Tuđinci, najokrutniji od naroda, posjekoše ga i oboriše, grane mu padahu po gorama i svim dolinama, hvoje mu se po svim uvalama polomiše, svi se narodi zemlje od njegova hlada udaljiše, ostaviše ga!
13 Ewiem nnomaa nyinaa sisii dua a abu no so, na wiram mmoa kɔhyehyɛɛ ne mman mu.
Na njegovo oboreno stablo sve ptice nebeske sletješe! Među njegovim se granama sve divlje zvijeri nastaniše!
14 Ɛno enti, nnua a ɛwɔ nsuo ho no mu biara renyɛ ahantan, nnyini nkɔ sorosoro, mmoro nhahan a abunkam so. Nnua foforɔ biara a ɛnya nsuo bebree no rennyini nkɔ soro saa bio. Wɔahyɛ sɛ wɔn nyinaa bɛwu akɔ asase ase, wɔ nnipa mma a wɔsiane kɔ amena mu no nkyɛn.
Da se rastom svojim nijedno stablo pokraj vode više ne uzvisi i da vrh svoj među oblake ne uzdigne! I da se nijedno stablo koje pije vode u visinu svoju ne uzdaje! Jer su svi predani smrti, bačeni u podzemne krajeve, posred sinova ljudskih, s onima što slaze u jamu!'
15 “‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛda a wɔde no too damena mu no, mede awerɛhoɔ kataa nsuwansuwa a emu dɔ no so maa no, ma amma ne asutene no antene, na mesii ne nsuo dodoɔ no ɛkwan. Ne enti mede kusuuyɛ firaa Lebanon, na nnua a ɛwɔ ɛserɛ no so nyinaa botooɛ. (Sheol )
Ovako govori Jahve Gospod: 'U dan kad on siđe u Podzemlje, u znak žalosti, zatvorih nad njim ponor i zaustavih rijeke njegove. I velike vode presahnuše te sav Libanon zbog njega u tugu zaogrnuh i sve se poljsko drveće zbog njega osuši! (Sheol )
16 Memaa aman no ho popoeɛ wɔ nʼahweaseɛ nnyegyeeɛ no ho, ɛberɛ a mede no baa damena mu ɛne wɔn a wɔasiane kɔ amena mu no. Afei Eden nnua nyinaa, deɛ ɛte apɔ na ɛyɛ papa wɔ Lebanon, nnua a ɛnya nsuo yie nyinaa nyaa awerɛkyekyerɛ wɔ asase ase. (Sheol )
Gromotom pada njegova potresoh narode kad ga strmoglavih u Podzemlje s onima što u jamu siđoše! I u podzemnom se kraju utješi sve drveće edensko, najizabranije i najljepše u Libanonu, sve što je vodu ispijalo. (Sheol )
17 Wɔn a wɔtenaa ne nwunu ase, ne ne mpamfoɔ a wɔwɔ amanaman no mu nso ne no kɔ damena mu, akɔka wɔn a wɔtotɔɔ wɔ akofena ano no ho. (Sheol )
I ono, mišica njegova, i oni među narodima koji u hladu njegovu sjeđahu, siđoše s njim u Podzemlje, k onima što mačem bijahu probodeni. (Sheol )
18 “‘Nnua a ɛwɔ Eden no mu deɛ ɛwɔ he na ɛbɛtumi de ne ho atoto wo ho wɔ animuonyam ne kɛseyɛ mu? Nanso, wo nso wɔbɛsiane wo akɔ fam, wo ne Eden nnua no. Wobɛfra momonotofoɔ mu, wɔn a wɔatotɔ wɔ akofena ano no. “‘Yei yɛ Farao ne ne nipadɔm no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’”
Na koga, dakle, među drvećem edenskim, naličiš svojom moći, slavom i veličinom? A sad si s njima oboren u podzemni kraj i s neobrezanima ležiš među onima što mačem bijahu probodeni. To je faraon i sve njegovo mnoštvo' - riječ je Jahve Gospoda.”