< Hesekiel 30 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
La parole de l'Éternel me fut adressée, en ces termes:
2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Twa adwo na ka sɛ, “Ao ɛda no!”
Fils de l'homme, prophétise et dis: Ainsi a dit le Seigneur, l'Éternel: Gémissez! et dites: Malheureux jour!
3 Na ɛda no abɛn, Awurade ɛda no abɛn, omununkum ɛda, amanaman no atemmuo berɛ.
Car le jour approche, oui, le jour de l'Éternel, jour de nuage: ce sera le temps des nations.
4 Akofena bi bɛba abɛtia Misraim, na ahoyera bɛba Kus so. Sɛ apirafoɔ totɔ wɔ Misraim a wɔbɛsoa nʼahonyadeɛ akɔ na wɔabubu ne fapem agu fam.
L'épée fondra sur l'Égypte, il y aura de l'effroi en Éthiopie, lorsqu'en Égypte tomberont les blessés à mort, qu'on enlèvera ses richesses et qu'on détruira ses fondements.
5 Kus ne Put, Lidia ne Arabia nyinaa, Libia ne bɔhyɛ asase no so nnipa ne Misraim bɛtotɔ wɔ akofena ano.
Cush, Put, et Lud, tous les mercenaires, et Cub et les enfants du pays allié tomberont avec eux par l'épée.
6 “‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: “‘Misraim apamfoɔ bɛhwehwe ase na nʼahomasoɔ ahoɔden bɛdi no hwammɔ. Ɛfiri Migdol kɔsi Aswan wɔbɛtotɔ wɔ akofena a ɛwɔ ne mu no ano, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
Ainsi a dit l'Éternel: Les soutiens de l'Égypte tomberont, l'orgueil de sa force sera abaissé; ils tomberont par l'épée au milieu d'elle, depuis Migdol à Syène, dit le Seigneur, l'Éternel.
7 Wɔbɛdeda mpan wɔ nsase a ada mpan mu, na wɔn nkuropɔn bɛbubu aka nkuropɔn a abubu ho.
Ils seront les plus désolés au milieu des pays désolés, et ses villes les plus désertes des villes désertes.
8 Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛberɛ a mede ogya ato Misraim mu na madwerɛ nʼaboafoɔ nyinaa.
Ils sauront que je suis l'Éternel, lorsque j'aurai mis le feu à l'Égypte, et que tous ses appuis auront été brisés.
9 “‘Saa ɛda no, asomafoɔ de ahyɛn bɛfiri me nkyɛn akɔhunahuna Kus a ne tirim yɛ no dɛ no. Ne ho bɛyera no wɔ Misraim Atemmuo da no, na ampa ara ɛbɛba mu.
En ce jour-là, des messagers partiront de ma part sur des navires, pour effrayer Cush dans sa sécurité, et la terreur les saisira comme au jour de l'Égypte; le voici qui vient.
10 “‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Mede Misraim dɔm bebrebe no bɛba awieeɛ mɛfa Babiloniahene Nebukadnessar so.
Ainsi a dit le Seigneur, l'Éternel: J'anéantirai le train de l'Égypte par la main de Nébucadnetzar, roi de Babylone.
11 Ɔno ne nʼakodɔm; amanaman no mu aniɛdenfoɔ, wɔde wɔn bɛba abɛsɛe asase no. Wɔbɛtwe wɔn akofena atia Misraim na wɔde afunu ahyɛ asase no so ma.
Lui et son peuple avec lui, le plus terrible des peuples, seront amenés pour ravager le pays; ils tireront leurs épées contre les Égyptiens, et rempliront le pays de gens blessés à mort.
12 Mɛma Nil ho asutene awewe na matɔn asase no ama nipabɔne; menam ananafoɔ so bɛsɛe asase no ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Me Awurade na maka.
Je mettrai à sec les fleuves, et je livrerai le pays entre les mains de gens méchants; je désolerai le pays et ce qu'il contient par la main des étrangers. Moi, l'Éternel, j'ai parlé.
13 “‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Mɛsɛe ahoni no na mede Memfis nsɛsodeɛ ahodoɔ aba awieeɛ. Misraim renya mmapɔmma bio, na mɛma ehu aba asase no so nyinaa.
Ainsi a dit le Seigneur, l'Éternel: Je détruirai les idoles, et j'anéantirai les faux dieux de Noph; il n'y aura plus de prince au pays d'Égypte, et je répandrai la terreur dans le pays d'Égypte.
14 Mɛsɛe Misraim Atifi, ato Soan mu ogya na matwe Tebes aso.
Je désolerai Pathros; je mettrai le feu à Tsoan, et j'exercerai mes jugements sur No.
15 Mehwie mʼabufuhyeɛ agu Pɛlusum so Misraim banbɔ denden no, na matwa Tebes nnipa bebrebe no agu.
Je répandrai ma fureur sur Sin, la forteresse de l'Égypte, et j'exterminerai la multitude de No.
16 Mɛto Misraim mu ogya; Pɛlusum de ɔyea bɛnukanuka ne mu. Ahum bɛbu afa Tebes so; na Memfis bɛdi abooboo ɛda biara.
Je mettrai le feu à l'Égypte; Sin sera saisie de grandes douleurs; No sera battue en brèche, et Noph prise par l'ennemi en plein jour.
17 Heliopolis ne Bubastis mmeranteɛ bɛtotɔ wɔ akofena ano, na nkuropɔn no ankasa bɛkɔ nnommumfa mu.
Les hommes d'élite d'On et de Pi-Béseth tomberont par l'épée; elles-mêmes iront en captivité.
18 Esum kabii bɛduru Tapanhes ɛda no, sɛ mebubu Misraim kɔnnua no a; ɛhɔ na nʼahomasoɔ ahoɔden bɛba awieeɛ. Omununkum bɛkata ne so, na ne nkuraase bɛkɔ nnommumfa mu.
A Tachphanès le jour s'obscurcira, lorsque j'y briserai le joug de l'Égypte et que sa force orgueilleuse aura cessé; une nuée la couvrira, et ses filles iront en captivité.
19 Ɛno enti mɛtwe Misraim aso, na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’”
J'exercerai mes jugements sur l'Égypte, et ils sauront que je suis l'Éternel.
20 Afe a ɛtɔ so dubaako no bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so nson no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
La onzième année, le septième jour du premier mois, la parole de l'Éternel me fut adressée en ces termes:
21 “Onipa ba, mabu Misraimhene Farao abasa mu. Wɔnkyekyereeɛ na atoa bio; na wɔmmfa nhyɛɛ ntoma bamma mu na anya ahoɔden a ɔde bɛsɔ akofena mu.
Fils de l'homme, j'ai brisé le bras de Pharaon, roi d'Égypte; et voici, on ne l'a point pansé pour le guérir, on ne l'a point bandé pour le lier et l'affermir, afin qu'il pût manier l'épée.
22 Ɛno enti, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ: Mene Misraimhene Farao anya, mɛbu nʼabasa mmienu no mu; abasa a ɛyɛ ne deɛ a emu abuo no, na mama akofena afiri ne nsam atɔ fam.
C'est pourquoi, ainsi a dit le Seigneur, l'Éternel: Voici, j'en veux à Pharaon, roi d'Égypte, et je romprai ses bras, tant celui qui est en bon état que celui qui est brisé, et je ferai tomber l'épée de sa main.
23 Mede Misraimfoɔ bɛkokɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase so.
Je disperserai les Égyptiens parmi les nations, et je les répandrai dans les pays.
24 Mɛhyɛ Babiloniahene basa mu den na mede mʼakofena ahyɛ ne nsa, nanso Farao deɛ, mɛbu nʼabasa mu, na wasi apinie wɔ nʼanim sɛ obi a wapira pirabɔne.
Je fortifierai les bras du roi de Babylone, et je mettrai mon épée dans sa main; mais je briserai le bras de Pharaon, et il poussera devant lui des cris, comme un homme blessé à mort.
25 Mɛma Babiloniahene abasa mu ayɛ den, nanso Farao abasa bɛdwodwo asensɛn ne ho. Sɛ mede mʼakofena hyɛ Babiloniahene nsa na ɔma so tia Misraim a, wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.
Je fortifierai les bras du roi de Babylone, mais les bras de Pharaon tomberont; et ils sauront que je suis l'Éternel, quand je mettrai mon épée dans la main du roi de Babylone, et qu'il l'étendra sur le pays d'Égypte.
26 Mede Misraimfoɔ bɛkokɔ amanaman mu na mahwete wɔn agu nsase no so. Ɛno na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.”
Et je disperserai les Égyptiens parmi les nations; je les répandrai dans les pays, et ils sauront que je suis l'Éternel.

< Hesekiel 30 >