< Hesekiel 3 >

1 Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, di deɛ wohunu wɔ wʼanim no, di saa nwoma mmobɔeɛ yi, na afei kɔ na kɔkasa kyerɛ Israelfoɔ.”
Et il me dit: « Fils de l’homme, ce que tu trouves devant toi, mange-le; mange ce livre; puis va, parle à la maison d’Israël. »
2 Enti mebuee mʼanom na ɔde nwoma mmobɔeɛ no maa me diiɛ.
J’ouvris la bouche, et il me fit manger ce livre;
3 Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, di saa nwoma mmobɔeɛ a mede rema wo yi. Fa hyɛ wo yafunu ma.” Enti mediiɛ, na na ɛyɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ wɔ mʼanom.
et il me dit: « Fils de l’homme, repais ton ventre et remplis tes entrailles de ce livre que je te donne. » Je le mangeai, et il fut dans ma bouche doux comme du miel.
4 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, afei kɔ Israelfoɔ hɔ kɔka me nsɛm kyerɛ wɔn.
Et il me dit: « Fils de l’homme, va vers la maison d’Israël, et tu leur diras mes paroles.
5 Ɛnyɛ nnipa bi a wɔn kasa mu nte anaa ɛyɛ dene nkyɛn na meresoma woɔ, mmom meresoma wo Israelfoɔ hɔ.
Car ce n’est point vers un peuple au parler étrange et à la langue barbare que tu es envoyé; c’est vers la maison d’Israël.
6 Ɛnyɛ nnipa bebree a wɔn kasa mu nteɛ na ɛyɛ den. Ɛnyɛ wɔn a wonte wɔn kasa ase nkyɛn. Ampa, sɛ mesomaa wo nnipa a wɔnte wo kasa a, anka wɔtiee wo.
Ce n’est point vers des peuples nombreux au parler étrange et à la langue barbare, dont tu ne comprendrais pas les paroles, mais c’est vers eux que je t’envoie; eux peuvent te comprendre.
7 Nanso Israelfoɔ mpɛ sɛ wɔtie wo, ɛfiri sɛ wɔmpɛ sɛ wɔtie me. Israel nyinaa ayɛ akoma pirim ne asoɔden.
Et la maison d’Israël ne voudra pas t’écouter, parce qu’ils ne veulent pas m’écouter; car toute la maison d’Israël a le front endurci et le cœur impudent.
8 Ɛno enti, mɛma woayɛ asoɔden ne akomapirim te sɛ wɔn.
Mais voici que j’ai rendu ta face dure comme leur face, et ton front dur comme leur front.
9 Mɛyɛ wo aniɔden te sɛ ɛboɔ, deɛ ɛyɛ den sene twerɛboɔ. Nsuro wɔn, na mma wɔmmɔ wo hu, ɛwom sɛ wɔyɛ atuatefoɔ deɛ.”
J’ai rendu ton front comme le diamant, plus dur que le roc. Ne les crains point, et ne tremble point devant eux, car c’est une maison rebelle ».
10 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, tie me nsɛm a meka kyerɛ wo no yie na dwene ho wɔ wʼakoma mu.
Et il me dit: « Fils de l’homme toutes les paroles que je te dirai, reçois-les dans ton cœur et écoute-les de tes oreilles.
11 Afei, kɔ wo nkurɔfoɔ a wɔwɔ nnommumfa mu na kasa kyerɛ wɔn. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ,’ sɛ wɔbɛtie oo, sɛ wɔrentie oo.”
Va, rends-toi auprès des captifs, vers les fils de ton peuple, et parle-leur en leur disant: Ainsi parle le Seigneur Yahweh, soit qu’ils écoutent, soit qu’ils n’écoutent pas. »
12 Na Honhom no pagyaa me kɔɔ soro na metee sɛ nnyegyeeɛ denden bi reworo so wɔ mʼakyi sɛ, Nhyira nka Awurade animuonyam wɔ deɛ ɔteɛ hɔ!
L’Esprit m’enleva, et j’entendis derrière moi le bruit d’un grand fracas: « Bénie soit la gloire de Yahweh au lieu de sa demeure? »
13 Na ɛyɛ nnyegyeeɛ a ɛfiri ateasefoɔ no ntaban a ɛtwitwi ho ne ntwahonan a ɛwowɔ wɔn ho no. Nnyegyeɛ denden a ɛworo soɔ.
Et j’entendis le bruit des ailes des êtres vivants qui battaient l’une contre l’autre, et le bruit des roues à leurs côtés, et le bruit d’un grand fracas.
14 Honhom no pagyaa me kɔɔ soro de me kɔɔ baabi. Mekɔɔ no nwononwono mu ne honhom mu abufuo so, a na Awurade tumi yɛ kɛse wɔ me so.
Et l’Esprit m’enleva et m’emporta, et je m’en allai l’amertume et le courroux dans l’âme; et la main de Yahweh était fortement sur moi.
15 Mebaa nnommumfoɔ a wɔtete Tel Abib a ɛbɛn Asubɔnten Kebar no nkyɛn. Na ɛhɔ, me ne wɔn tenaa nnanson, na me ho dwirii me.
Et j’arrivai à Tel-Abid, auprès des captifs qui demeuraient aux bords du fleuve Chobar et dans le lieu où ils demeuraient; là je demeurai sept jours dans la stupeur, au milieu d’eux.
16 Nnanson akyi no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Au bout de sept jours, la parole de Yahweh me fut adressée en ces termes:
17 “Onipa ba, mayɛ wo ɔwɛmfoɔ ama Israel; ɛno enti tie asɛm a meka no, na bɔ wɔn kɔkɔ a ɛfiri me.
« Fils de l’homme, je t’établis comme sentinelle pour la maison d’Israël; tu écouteras la parole qui sortira de ma bouche et tu les avertiras de ma part.
18 Sɛ meka kyerɛ omumuyɛfoɔ sɛ, ‘Ampa ara wobɛwu’ na sɛ woammɔ no kɔkɔ anaasɛ woankasa ankyerɛ no amma wantwe ne ho amfiri nʼakwammɔne ho annya nkwa a, saa omumuyɛfoɔ no bɛwu wɔ ne bɔne mu, na mɛma woabu ne mogya ho akonta.
Si je dis au méchant: Tu mourras certainement, et que tu ne l’avertisses pas, et que tu ne parles pas pour l’avertir de sa voie mauvaise, afin qu’il vive, ce méchant mourra dans son iniquité; et je redemanderai son sang de ta main.
19 Nanso sɛ wobɔ omumuyɛfoɔ no kɔkɔ na sɛ wansakyera amfiri nʼamumuyɛ anaa nʼakwammɔne ho a, ɔbɛwu wɔ ne bɔne mu, nanso na woagye wo ho nkwa.
Mais si tu avertis le méchant, et qu’il ne se détourne pas de sa méchanceté et de sa mauvaise voie, il mourra dans son iniquité; mais toi, tu auras sauvé ton âme.
20 “Bio, sɛ ɔteneneeni dane firi tenenee ho kɔyɛ bɔne a, mede suntidua bɛto nʼanim ama no ahwe ase, na wawu. Sɛ woammɔ no kɔkɔ enti, ɔbɛwu wɔ ne bɔne mu. Adetenenee ahodoɔ a ɔyɛeɛ no, wɔrenkae, na mɛma woabu ne mogya ho akonta.
Si un juste se détourne de sa justice et commet l’iniquité, et que je mette un piège devant lui, il mourra; parce que tu ne l’auras pas averti, il mourra dans son péché; on ne se souviendra plus de ses œuvres de justice qu’il aura faites; et je redemanderai son sang de ta main.
21 Nanso sɛ wobɔ ɔteneneeni no kɔkɔ sɛ ɔnnyae bɔneyɛ na ɔgyae a, ɔbɛnya nkwa, ɛfiri sɛ ɔtiee kɔkɔbɔ, na wo nso wobɛgye wo ho nkwa.”
Mais si tu as averti un juste pour que ce juste ne pèche pas, et qu’il n’ait pas péché, il vivra certainement, parce qu’il aura été averti; et toi tu auras sauvé ton âme.
22 Na Awurade tumi baa me so wɔ hɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Sɔre na kɔ ɛserɛ no so, na ɛhɔ na mɛkasa akyerɛ wo.”
La main de Yahweh fut là sur moi, et il me dit: « Lève-toi, sors vers la plaine, et là je te parlerai. »
23 Enti mesɔre kɔɔ ɛserɛ no so. Na Awurade animuonyam te sɛ deɛ mehunuu wɔ Asubɔnten Kebar ho no gyina hɔ, na mede mʼanim butuu fam.
M’étant levé, je sortis vers la plaine, et voici que la gloire de Yahweh se tenait là, telle que la gloire que j’avais vue près du fleuve Chobar; et je tombai sur ma face.
24 Afei, Honhom no bɛhyɛɛ me mu na ɔpagyaa me gyinaa me nan so. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Kɔ na kɔto wo ho ɛpono mu wɔ wo efie.
L’Esprit entra en moi et me fit tenir sur mes pieds; et Yahweh me parla et me dit: « Va t’enfermer au milieu de ta maison.
25 Na wo, onipa ba, wɔde ntampehoma bɛkyekyere wo sɛdeɛ worentumi mpue nkɔ nnipa no mu.
Et toi, fils de l’homme, voici qu’on va mettre sur toi des cordes et on t’en liera, et tu ne sortiras pas au milieu d’eux.
26 Na mɛma wo tɛkrɛma atare wʼanomu sɛdeɛ wobɛmua wʼano a worentumi nka wɔn anim, ɛfiri sɛ wɔyɛ atuatefoɔ
Et j’attacherai ta langue à ton palais, tu seras muet, et tu ne seras pas pour eux un censeur; car ils sont une maison rebelle.
27 Nanso sɛ mekasa kyerɛ wo a, mɛbue wʼano ama waka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie!’ Deɛ ɔbɛtie no, ma no ntie, na deɛ ɔmpɛ sɛ ɔtie no, mma no nntie; na wɔyɛ atuatefoɔ.
Et quand je te parlerai, j’ouvrirai ta bouche, et tu leur diras: Ainsi parle le Seigneur Yahweh: Qui veut écouter, qu’il écoute, et qui veut s’en abstenir, qu’il s’en abstienne; car ils sont une maison rebelle.

< Hesekiel 3 >