< Hesekiel 29 >

1 Mfeɛ edu so bosome a ɛtɔ so edu no ɛda a ɛtɔ so dumienu no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
La dixième année, le dixième mois, le douzième jour du mois, la parole de l'Éternel me fut adressée en ces mots:
2 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Misraimhene Farao so na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa.
Fils de l'homme, tourne ton visage contre Pharaon, roi d'Egypte, et prophétise contre lui et contre toute l'Egypte;
3 Kasa kyerɛ no na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ. “‘Me ne wo anya, Misraimhene Farao asuboa kɛseɛ a woda wo asutene mu.’” Woka sɛ, “Nil yɛ me dea; meyɛ maa me ho.”
parle et dis: Ainsi parle le Seigneur, l'Éternel: J'en veux à toi, Pharaon, roi d'Egypte, à toi le grand dragon couché au sein de ses fleuves, qui dis: « Mon fleuve est à moi, et je l'ai fait pour moi. »
4 Na mede nnarewa bɛsosɔ wʼapantan mu na mama mpataa a ɛwɔ wo asutene mu afenfam wo ho. Mɛtwe wo afiri wo asutene no mu, a mpataa no nyinaa tetare wo ho.
Je mettrai une boucle à ta mâchoire; et j'attacherai les poissons de tes fleuves à tes écailles, et te tirerai du sein de tes fleuves, avec tous les poissons de tes fleuves attachés à tes écailles.
5 Megya wo hɔ wɔ ɛserɛ no so, wo ne mpataa a wɔwɔ wo asutene mu no nyinaa. Wobɛhwe ase wɔ asase petee mu a wɔrempagya wo bio. Mede wo bɛma asase so mmoa ne ewiem nnomaa sɛ wɔn aduane.
Puis je te jetterai au désert, toi et tous les poissons de tes fleuves, tu tomberas sur la face de la terre, et ne seras ni ramassé ni recueilli: aux bêtes de la terre et aux oiseaux des Cieux je te donne en proie.
6 Afei wɔn a wɔte Misraim nyinaa bɛhunu sɛ mene Awurade no. “‘Woayɛ sɛ demmire poma ama Israel efie.
Et tous les habitants de l'Egypte comprendront que je suis l'Éternel. Parce qu'ils furent un appui de roseau pour la maison d'Israël,
7 Wɔde wɔn ho too wo so no, wo mu bukaaeɛ na wowɔɔ wɔn mmatire. Wɔtweree woɔ no, wo mu buiɛ ma wɔn sisi hinhimiiɛ.
quand ils te prirent par ta poignée, tu te brisas y et leur fendis toute l'épaule, et quand ils s'appuyèrent sur toi, tu te cassas et ébranlas leurs reins.
8 “‘Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede akofena bɛba abɛtia wo na makunkum wo mmarima ne wɔn mmoa.
Aussi ainsi parle le Seigneur, l'Éternel: Voici je ferai fondre l'épée sur toi, et du milieu de toi j'exterminerai hommes et bêtes,
9 Misraim bɛda mpan na asɛe. Ɛno na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade. “‘Ɛfiri sɛ wo kaa sɛ, “Nil yɛ me dea; Me na meyɛeɛ,” enti
et l'Egypte deviendra un désert et une solitude, et ils sauront que je suis l'Éternel. Parce que [Pharaon] dit: « Le fleuve est à moi et je l'ai fait! »
10 me ne wo ne wo asutene anya, na mɛma Misraim asase asɛe na ada mpan, ɛfiri Migdol kɔsi Aswan twam de kɔka Kus hyeɛ so.
pour cela, j'en veux à toi et à tes fleuves, et je ferai du pays d'Egypte une solitude et un vaste désert de Migdol à Siène, et jusques aux confins de l'Ethiopie;
11 Onipa anaa aboa biara nan rensi so, obiara rentena so mfeɛ aduanan.
le pied de l'homme ne le parcourra point, et le pied de l'animal ne le traversera point, et il ne sera plus habité pendant quarante ans;
12 Mɛma Misraim asase no ada mpan wɔ nsase a asɛeɛ mu na ne nkuropɔn bɛda mpan mfeɛ aduanan wɔ wɔn nkuropɔn a asɛeɛ mu. Na mɛbɔ Misraimfoɔ apete wɔ amanaman mu, na mahwete wɔn wɔ nsase so.
et je ferai du pays d'Egypte un désert entre les pays déserts, et entre les villes dévastées ses villes seront désertes pendant quarante ans, et je disperserai les Égyptiens parmi les nations et les disséminerai dans les pays divers.
13 “‘Nanso yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mfeɛ aduanan akyi no, mɛboaboa Misraimfoɔ ano afiri aman a mebɔɔ wɔn petee soɔ no so.
Cependant ainsi parle le Seigneur, l'Éternel: Au terme de quarante ans je rassemblerai les Égyptiens du milieu des peuples où ils auront été dispersés,
14 Mede wɔn bɛfiri nnommumfa mu aba na mede wɔn akɔ Misraim Atifi, wɔn nananom asase. Ɛhɔ na wɔbɛyɛ ahennie mu kumaa bi.
et je ramènerai les captifs de l'Egypte, et les ferai revenir au pays de Pathros dans leur pays d'origine, et là ils formeront un humble royaume:
15 Ɛbɛyɛ ahennie a ɛnyɛ den na ɛrentumi mma ne ho so wɔ aman a aka no mu. Mɛyɛ no ahennie a ɛrentumi nni aman foforɔ so.
il sera plus humble que les royaumes, et ne s'élèvera plus au-dessus des peuples, et je les diminuerai, afin qu'ils ne dominent plus les peuples:
16 Misraim renyɛ ɔman a Israelfoɔ de wɔn ho bɛto no so bio, mmom ɛbɛkae wɔn bɔne a wɔyɛeɛ sɛ wɔde wɔn ho kɔdane no, de pɛɛ mmoa. Afei, wɔbɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no.’”
et ils ne donneront plus à la maison d'Israël une confiance qui la faisait penser au crime, quand elle pouvait s'adresser à eux, et ils sauront que je suis le Seigneur, l'Éternel.
17 Mfeɛ aduonu nson so, ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Et la vingt-septième année, le premier mois, le premier jour du mois, la parole de l'Éternel me fut adressée en ces mots:
18 “Onipa ba, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm koo ɔkoden tiaa Tiro, etire biara so pepaeɛ na mmatire nso so popɔreeɛ. Nanso ɔno ne nʼakodɔm no annya hwee amfiri adwumaden a wɔyɛ de tiaa Tiro no mu.
Fils de l'homme, Nébucadnézar, roi de Babel, a fait faire à son armée un service pénible contre Tyr; toutes les têtes sont chauves, et toutes les épaules pelées, et Tyr ne le paie ni lui, ni son armée, du service qu'il a fait contre elle.
19 Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede Misraim rebɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa na ɔbɛsoa nʼahodeɛ akɔ. Ɔbɛfom asase no de ayɛ akatua ama nʼakodɔm.
Aussi, ainsi parle le Seigneur, l'Éternel: Voici, je donne à Nébucadnézar, roi de Babel, le pays d'Egypte, pour qu'il emmène son peuple, et emporte sa dépouille, et pille. son butin, et ce sera là le salaire de son armée.
20 Mede Misraim ama no sɛ nʼadwumayɛ so akatua, ɛfiri sɛ ɔne nʼakodɔm ko maa me, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
Pour prix du service qu'il a fait, je lui donne le pays d'Egypte, car ils ont travaillé pour moi, dit le Seigneur, l'Éternel.
21 “Saa ɛda no, mɛma abɛn bi afifiri ama Israel efie, na mebue wʼano wɔ wɔn mu. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.”
Dans ce même temps je ferai croître une corne à la maison d'Israël, et je t'ouvrirai la bouche au milieu d'eux, et ils sauront que je suis l'Éternel.

< Hesekiel 29 >