< Hesekiel 26 >
1 Afe a ɛtɔ so dubaako no bosome ɛda a ɛdi ɛkan no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
第十一年十一月初一日,耶和华的话临到我说:
2 “Onipa ba, Tiro aka afa Yerusalem ho sɛ ‘Ahaa! Amanaman no ano ɛpono abubu na nʼapono no abuebue ama me; seesei a kuropɔn yi asɛe yi, mɛnya nkɔsoɔ.’
“人子啊,因泰尔向耶路撒冷说:‘阿哈,那作众民之门的已经破坏,向我开放;她既变为荒场,我必丰盛。’
3 Ɛno enti, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo anya Tiro, mede aman bebree bɛba abɛtia wo te sɛ ɛpo a ɛrebɔ nʼasorɔkye.
所以,主耶和华如此说:泰尔啊,我必与你为敌,使许多国民上来攻击你,如同海使波浪涌上来一样。
4 Wɔbɛsɛe Tiro afasuo na wɔadwiri nʼaban tentene. Mɛtwerɛ ɛso dɔteɛ agu ama ayɛ ɔbotan kwawee.
他们必破坏泰尔的墙垣,拆毁她的城楼。我也要刮净尘土,使她成为净光的磐石。
5 Ɛpo mu, ɔbɛyɛ beaeɛ a wɔhata asau, ɛfiri sɛ makasa. Otumfoɔ Awurade asɛm nie. Ɔbɛyɛ amanaman no afodeɛ,
她必在海中作晒网的地方,也必成为列国的掳物。这是主耶和华说的。
6 na akofena bɛsɛe nʼatenaeɛ a ɛwɔ asase kesee soɔ no pasaa. Afei wɔbɛhunu sɛ, mene Awurade no.
属泰尔城邑的居民必被刀剑杀灭,他们就知道我是耶和华。”
7 “Na yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merekɔfa Babiloniahene Nebukadnessar, ahene mu hene, ne ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam, ne apɔnkɔsotefoɔ ne akodɔm kɛseɛ afiri atifi fam abɛtia wo.
主耶和华如此说:“我必使诸王之王的巴比伦王尼布甲尼撒率领马匹车辆、马兵、军队,和许多人民从北方来攻击你泰尔。
8 Ɔde akofena bɛsɛe wʼatenaeɛ a ɛwɔ asase kesee no so pasaa; ɔbɛsisi mpampim ayɛ epie wɔ wʼafasuo ho na wama nʼakokyɛm so atia wo.
他必用刀剑杀灭属你城邑的居民,也必造台筑垒举盾牌攻击你。
9 Ɔde obubuadaban nnua bɛpempem wʼafasuo no, na ɔde akodeɛ abubu wʼaban atentene no asɛe no.
他必安设撞城锤攻破你的墙垣,用铁器拆毁你的城楼。
10 Nʼapɔnkɔ no bɛdɔɔso yie, na wɔbɛbɔ mfuturo akata wo so. Ɔsa apɔnkɔ no, nkyimiiɛ ne nteaseɛnam nnyegyeeɛ bɛma wʼafasuo awoso ɛberɛ a wɔahyɛne wɔapono mu, sɛdeɛ mmarima hyɛne kuropɔn a nʼafasuo mu adeda akwan.
因他的马匹众多,尘土扬起遮蔽你。他进入你的城门,好像人进入已有破口之城。那时,你的墙垣必因骑马的和战车、辎重车的响声震动。
11 Nʼapɔnkɔ no ntɔte bɛtiatia wo mmɔntene nyinaa so. Ɔde akofena bɛkunkum wo nkurɔfoɔ na wʼafadum denden no bɛbubu agu fam.
他的马蹄必践踏你一切的街道;他必用刀杀戮你的居民。你坚固的柱子必倒在地上。
12 Wɔbɛfom wʼahodeɛ na wɔawia wʼadwadeɛ, wɔbɛbubu wʼafasuo, na wɔadwiri wʼadan fɛfɛ no na wɔatoto wʼaboɔ, wo nnua ne wo dɔteɛ agu ɛpo mu.
人必以你的财宝为掳物,以你的货财为掠物,破坏你的墙垣,拆毁你华美的房屋,将你的石头、木头、尘土都抛在水中。
13 Mɛma wo nnwontoɔ gyegyeegye no aba awieeɛ na wɔrente wo sankuo so nnwontoɔ no bio.
我必使你唱歌的声音止息;人也不再听见你弹琴的声音。
14 Mɛyɛ wo ɔbotan kwawee, na wo so na wɔbɛhata asau. Wɔrensi kuro no bio. Me Awurade na maka!
我必使你成为净光的磐石,作晒网的地方。你不得再被建造,因为这是主耶和华说的。”
15 “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ Tiro: Sɛ wo mpoano nkuro no te wʼasehweɛ ho apinisie ne akunkumakunkum a asi wɔ wo mu a, wɔn ho rempopo anaa?
主耶和华对泰尔如此说:“在你中间行杀戮,受伤之人唉哼的时候,因你倾倒的响声,海岛岂不都震动吗?
16 Afei mpoano mmapɔmma no nyinaa bɛfiri wɔn nhennwa so, ayiyi wɔn ngugusoɔ ne ntadeɛ a wɔadi mu adwini agu hɔ. Ehu bɛbɔ wɔn ama wɔatenatena fam. Wɔn ho bɛpopo na wɔn ho adwiri wɔn wɔ wo enti.
那时靠海的君王必都下位,除去朝服,脱下花衣,披上战兢,坐在地上,时刻发抖,为你惊骇。
17 Afei wɔbɛma kwadwom a ɛfa wo ho so sɛ: “‘Hwɛ sɛdeɛ wɔasɛe woɔ, Ao kuropɔn a wagye din, wo a ɛpo sofoɔ na ɛte wo mu, na anka wowɔ tumi wɔ ɛpo so! Wo ne wo manfoɔ; wo de ehu hyɛɛ wɔn a wɔte hɔ nyinaa mu.
他们必为你作起哀歌说: 你这有名之城, 素为航海之人居住, 在海上为最坚固的; 平日你和居民使一切住在那里的人无不惊恐; 现在何竟毁灭了?
18 Seesei, mpoano nsase no ho popo wɔ wʼasehweɛ ɛda no; nsupɔ a ɛwɔ ɛpo mu no abɔ hu wɔ wʼasehweɛ no ho.’
如今在你这倾覆的日子, 海岛都必战兢; 海中的群岛见你归于无有就都惊惶。”
19 “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ mema woyɛ kuropɔn a ada mpan te sɛ nkuropɔn a nnipa ntete so, na sɛ mema ɛpo bunu ba wo so na sɛ ne mu nsuo bebrebe no bɛkata wo so a,
主耶和华如此说:“泰尔啊,我使你变为荒凉,如无人居住的城邑;又使深水漫过你,大水淹没你。
20 mede wo ne wɔn a wɔkɔ amena mu no bɛsiane akɔ teteetefoɔ no nkyɛn. Mɛma woatena asase ase hɔ te sɛ tete mmubuiɛ, wo ne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no, na worensane anaa worennya kyɛfa wɔ ateasefoɔ asase so.
那时,我要叫你下入阴府,与古时的人一同在地的深处、久已荒凉之地居住,使你不再有居民。我也要在活人之地显荣耀。
21 Mede wo bɛba awieeɛ a ɛyɛ hu mu, na worentena asase so bio. Wɔbɛhwehwɛ wo nanso wɔrenhunu wo bio da, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”
我必叫你令人惊恐,不再存留于世;人虽寻找你,却永寻不见。这是主耶和华说的。”