< Hesekiel 24 >

1 Afe a ɛtɔ so nkron no bosome a ɛtɔ so edu no dadu so, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Pada tahun kesembilan, dalam bulan yang kesepuluh, pada tanggal sepuluh bulan itu, datanglah firman TUHAN kepadaku:
2 “Onipa ba, twerɛ saa ɛda yi, saa ɛda yi ara, ɛfiri sɛ Babiloniahene atua Yerusalem ɛnnɛ dua yi ara.
"Hai anak manusia, tuliskanlah tanggal hari ini, ya, tanggal hari ini. Pada hari ini juga raja Babel mulai menyerang Yerusalem.
3 Ka kyerɛ saa atuatefoɔ efie yi, ka no wɔ abɛbuo mu kyerɛ wɔn sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Fa ɛsɛn no si ogya so; fa si so na hwie nsuo gu mu.
Ucapkanlah suatu perumpamaan kepada kaum pemberontak dan katakanlah kepada mereka: Beginilah firman Tuhan ALLAH: Taruhlah kuali di atas api, taruhlah, dan tuanglah juga air ke dalamnya;
4 Fa nankum no gu mu, nankum a ɛyɛ akɔnnɔ no nyinaa, nnyawa ne abasa. Fa nnompe a ɛte apɔ hyɛ no ma;
taruhlah potongan daging di dalamnya, semua potongan yang baik, paha dan punggungnya; penuhilah itu dengan tulang-tulang pilihan.
5 fa nnwankuo no mu deɛ ɔdi mu. Fa nnyentia hyehyɛ aseɛ ma nnompe no; ma ɛnhuru na noa nnompe a ɛwɔ mu no.
Ambillah domba yang terpilih, dan susunlah juga kayu di bawahnya, biarlah masakan itu mendidih dan tulang-tulangnya turut empuk di dalamnya.
6 “‘Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue, nnome nka ɛsɛn a awe nnaakye seesei, na deɛ ɛwɔ mu aka mu no! Yiyi nankum no mmaako mmaako firi mu a wommɔ so ntonto.
Oleh sebab itu beginilah firman Tuhan ALLAH: Celakalah kota yang penuh hutang darah, kuali yang berkarat di dalamnya dan karatnya tidak hilang dari padanya! Keluarkan potong demi potong dari dalamnya tanpa memilih-milih.
7 “‘Mogya a ɔhwie guiɛ no wɔ ne mfimfini: ɔhwie guu ɔbotan wesee so; wanhwie angu fam, baabi a mfuturo bɛkata soɔ.
Sebab darah yang dicurahkannya masih terdapat di tengah-tengahnya; ia mencurahkannya di atas bukit batu yang gundul. Ia tidak mencurahkannya di atas tanah, supaya ditutupinya dengan tanah.
8 Sɛ ɛbɛhwanyan abufuhyeɛ ama aweretɔ enti mede ne mogya guu ɔbotan wesee so sɛdeɛ ɛso renkata.
Demi amarah yang timbul dan rasa pembalasan yang bangkit Aku akan mencurahkan darahnya sendiri ke atas bukit batu yang gundul supaya jangan ditutupi.
9 “‘Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “‘Mogyahwiegu kuropɔn no nnue! Me nso mɛhyehyɛ nnyensin no akɔ sorosoro.
Oleh sebab itu beginilah firman Tuhan ALLAH: Celakalah kota yang penuh hutang darah! Aku juga hendak memperbesar pancakanya.
10 Enti hyehyɛ nnyensin no na sɔ ogya no. Noa ɛnam no yie, fa ahwanhwanneɛ fra mu; na ma nnompe no nhye.
Susunlah banyak kayu, nyalakan api, biarlah dagingnya masak betul, buanglah kuahnya dan biarlah tulang-tulangnya hangus.
11 Afei, fa ɛsɛn hunu si ogyasramma no so kɔsi sɛ ɛbɛdɔ na ayɛ kɔɔ sɛdeɛ emu fi no bɛnane na deɛ ɛwɔ mu no bɛhye asɛeɛ.
Letakkanlah periuk itu kosong di atas bara api, supaya itu dibakar dan tembaganya menjadi merah, sehingga kotorannya hancur di dalamnya dan karatnya hilang.
12 Wama ɔbrɛ no nyinaa ayɛ kwa; emu fi dodoɔ no ankɔ, ogya mpo antumi annyi.
Aku bersusah payah dengan sia-sia, sebab karatnya yang tebal tidak mau hilang dari padanya, biar dalam api.
13 “‘Ɛfi a ɛwɔ wo mu no ne aniwudeyɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhohoro wo ho, nanso woamma ho ɛkwan, wo ho remfi bio kɔsi sɛ mʼabufuhyeɛ a ɛtia woɔ no ano bɛdwo.
Oleh karena engkau menajiskan dirimu dengan kemesumanmu, dan Aku ingin mentahirkan engkau, tetapi engkau tidak menjadi tahir dari kenajisanmu, maka engkau tidak akan ditahirkan lagi, sampai Aku melampiaskan amarah-Ku atasmu.
14 “‘Me Awurade na maka. Ɛberɛ aso sɛ meyɛ biribi. Merentwentwɛn so; merennya ahummɔborɔ, na merenwogo me ho. Wɔbɛgyina wo suban ne wo nneyɛɛ so abu wo atɛn, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’”
Aku, TUHAN, yang mengatakannya. Hal itu akan datang, dan Aku yang akan membuatnya. Aku tidak melalaikannya dan tidak merasa sayang, juga tidak menyesal. Aku akan menghakimi engkau menurut perbuatanmu, demikianlah firman Tuhan ALLAH."
15 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Kemudian datanglah firman TUHAN kepadaku:
16 “Onipa ba, merebɛbɔ wo fua na mafa adeɛ a wʼani gye ho yie. Nanso ɛntwa adwo, ɛnni awerɛhoɔ na ɛnnte nisuo.
"Hai anak manusia, lihat, Aku hendak mengambil dari padamu dia yang sangat kaucintai seperti yang kena tulah, tetapi janganlah meratap ataupun menangis dan janganlah mengeluarkan air mata.
17 Si apinie komm; ɛnni owufoɔ ho awerɛhoɔ. Ma wʼabotiten mmɔ wo na hyɛ wo mpaboa; nkata wʼano na ɛnni amanneɛ aduane a wɔn a wɔdi awerɛhoɔ di.”
Diam-diam saja mengeluh, jangan mengadakan ratapan kematian; lilitkanlah destarmu dan pakailah kasutmu, jangan tutupi mukamu dan jangan makan roti perkabungan."
18 Enti mekasa kyerɛɛ nnipa no anɔpa, na nʼanwummerɛ na me yere wuiɛ. Adeɛ kyeeɛ no, meyɛɛ sɛdeɛ wɔahyɛ me no.
Pada paginya aku berbicara kepada bangsa itu dan pada malamnya isteriku mati. Pada pagi berikutnya aku melakukan seperti diperintahkan kepadaku.
19 Afei nnipa no bisaa me sɛ, “Worenkyerɛ yɛn deɛ ade a woreyɛ yi bɛyɛ wɔn yɛn ho?”
Maka bangsa itu berkata kepadaku: "Tidakkah engkau bersedia memberitahukan kepada kami, apa artinya ini bagi kami, bahwa engkau melakukan demikian?"
20 Enti meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Lalu kujawab mereka: "Firman TUHAN sudah datang kepadaku:
21 Ka kyerɛ Israel efie sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛgu me kronkronbea ho fi; mo banbɔ denden a mode hoahoa mo ho, deɛ mo ani gye ho, adeɛ a mo akoma da so. Mmammarima ne mmammaa a mogyaa wɔn akyi no bɛtotɔ wɔ akofena ano.
Katakanlah kepada kaum Israel: Beginilah firman Tuhan ALLAH: Sesungguh-sungguhnya Aku akan menajiskan tempat kudus-Ku, kekuasaanmu yang kaubanggakan, kenikmatan bagi matamu dan bagi jiwamu; dan anak-anakmu lelaki dan perempuan yang kamu tinggalkan akan mati rebah oleh pedang.
22 Na mobɛyɛ sɛdeɛ mayɛ yi: morenkata mo ano na morenni amanneɛ aduane a wɔn a wɔdi awerɛhoɔ di.
Kamu akan melakukan seperti yang kulakukan: Mukamu tidak akan kamu tutupi dan roti perkabungan tidak akan kamu makan,
23 Mobɛkɔ so abɔ mo abɔtiten ahyɛ mo mpaboa. Morenni awerɛhoɔ na morensu, mmom mo so bɛte ɛsiane mo bɔne enti, na mobɛsisi apinie wɔ mo mu.
kepalamu pakai destar dan kakimu pakai kasut; dan kamu tidak akan meratap atau menangis. Tetapi kamu akan hancur lebur dalam hukumanmu, dan kamu akan mengeluh seorang kepada yang lain.
24 Hesekiel bɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama mo. Mobɛyɛ sɛdeɛ woayɛ no pɛpɛɛpɛ. Na yei si a na mobɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no.’
Demikianlah Yehezkiel menjadi lambang bagimu; tepat seperti yang dilakukannya kamu akan lakukan. Kalau itu sudah terjadi maka kamu akan mengetahui, bahwa Akulah Tuhan ALLAH.
25 “Na wo, onipa ba, ɛda a mɛfa wɔn aban denden, wɔn ahosɛpɛ ne animuonyam, adeɛ a wɔn ani gye ho, wɔn akoma so adeɛ, ne wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nso no,
Dan engkau, anak manusia, bukankah begini akan terjadi? Pada hari Aku mengambil dari mereka benteng mereka, perhiasannya yang menggirangkan hatinya, kenikmatan matanya dan yang dirindukan jiwanya, anak-anak mereka lelaki dan perempuan,
26 saa ɛda no otutenani bi na ɔbɛba abɛka deɛ asi akyerɛ wo.
pada hari itu juga akan datang seorang yang terluput membawa berita kepadamu.
27 Saa ɛberɛ no, wʼano bɛbue, wo ne no bɛkasa na worennyɛ komm bio. Wobɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama wɔn, na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.”
Pada hari itu mulutmu akan terbuka dan engkau akan berbicara kepada orang yang terluput itu dan tidak lagi tetap bisu. Dengan demikian engkau menjadi lambang bagi mereka dan mereka akan mengetahui, bahwa Akulah TUHAN."

< Hesekiel 24 >