< Hesekiel 23 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
The word of Jehovah came again to me, saying,
2 “Onipa ba, mmaa baanu a wɔyɛ ɔbaa baako mma tenaa ase.
Son of man, there were two women, the daughters of one mother.
3 Wɔbɛyɛɛ adwamammɔfoɔ wɔ Misraim, na wɔbɔɔ adwaman firii wɔn mmabaawaberɛ mu. Wɔmiamiaa wɔn nufu, feefee wɔn wɔ asase no so.
And they played the harlot in Egypt. They played the harlot in their youth. There their breasts were pressed, and there was handled the bosom of their virginity.
4 Ɔpanin no din de Ohola ɛnna ne nuabaa no nso din de Oholiba. Na wɔyɛ me yerenom na wɔwowoo mmammarima ne mmammaa. Ohola ne Samaria ɛnna Oholiba nso ne Yerusalem.
And the names of them were Oholah the elder, and Oholibah her sister. And they became mine, and they bore sons and daughters. And as for their names, Samaria is Oholah, and Jerusalem Oholibah.
5 “Ohola da so ware me no, ɔbɔɔ adwaman; nʼani tu dii nʼapɛfoɔ akyi, Asiriafoɔ, akofoɔ no
And Oholah played the harlot when she was mine, and she doted on her lovers, on the Assyrians her neighbors,
6 a wɔhyehyɛ ntadeɛ bibire, amradofoɔ ne asahene a wɔn nyinaa yɛ mmeranteɛ a wɔn ho yɛ fɛ na wɔtena apɔnkɔ soɔ.
who were clothed with blue, governors and rulers, all of them desirable young men, horsemen riding upon horses.
7 Ɔne Asiriafoɔ atitire bɔɔ adwaman, na ɔsomm wɔn a ɔdɔɔ wɔn nyinaa ahoni de guu ne ho fi.
And she bestowed her whoredoms upon them, the choicest men of Assyria all of them. And on whomever she doted, with all their idols she defiled herself.
8 Wannyae nʼadwamammɔ a ɔhyɛɛ aseɛ wɔ Misraim no, ɛberɛ a ɔyɛ ababaawa na mmarima ne no daeɛ, sosɔɔ ne mpokuwa mu na wɔhwiee wɔn akɔnnɔ guu ne soɔ.
Neither has she left her whoredoms since Egypt. For in her youth they lie with her, and they handled the bosom of her virginity, and they poured out their whoredom upon her.
9 “Ɛno enti mede no maa nʼadɔfoɔ Asiriafoɔ no a nʼani bere wɔn no.
Therefore I delivered her into the hand of her lovers, into the hand of the Assyrians, upon whom she doted.
10 Wɔbɔɔ no adagya, faa ne mmammarima ne ne mmammaa kɔeɛ, na wɔde akofena kumm no. Ɔgyee ne din wɔ mmaa mu na asotwe baa no so.
These uncovered her nakedness. They took her sons and her daughters, and they killed her with the sword. And she became a byword among women, for they executed judgments upon her.
11 “Ne nuabaa Oholiba hunuu yei nanso nʼakɔnnɔ bɔne ne nʼadwaman senee ne nuabaa no deɛ.
And her sister Oholibah saw this, yet she was more corrupt in her doting than she, and in her whoredoms which were more than the whoredoms of her sister.
12 Ɔno nso dii Asiriafoɔ no akyi; amradofoɔ ne asahene, akofoɔ a wɔhyehyɛ wɔn ntadeɛ, apɔnkɔsotefoɔ a wɔn nyinaa yɛ mmeranteɛ ahoɔfɛfoɔ.
She doted upon the Assyrians, governors and rulers, her neighbors, clothed most gorgeously, horsemen riding upon horses, all of them desirable young men.
13 Mehunuu sɛ ɔno nso guu ne ho fi, wɔn baanu faa ɛkwan korɔ so.
And I saw that she was defiled. They both took one way.
14 “Na ɔtoaa nʼadwamammɔ no so kɔɔ akyiri. Ɔhunuu mmarima mfoni a wɔakurukyire agu ɔfasuo bi ho, Kaldeafoɔ mfoni a wɔde adukɔkɔɔ akrukyire
And she increased her whoredoms, for she saw men portrayed upon the wall, the images of the Chaldeans portrayed with vermilion,
15 a abɔsoɔ bobɔ wɔn asene mu na abɔtiten bobɔ wɔn tiri a wɔn nyinaa te sɛ Babilonia nteaseɛnam mu mpanimfoɔ a wɔfiri Kaldea.
girded with belts upon their loins, with flowing turbans upon their heads, all of them rulers to look upon, according to the likeness of the Babylonians in Chaldea, the land of their nativity.
16 Ɔhunuu saa mfoni yi, ne kɔn dɔɔ wɔn na ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ Kaldea.
And as soon as she saw them she doted upon them, and sent messengers to them into Chaldea.
17 Na Babiloniafoɔ no baa ne nkyɛn ne no bɛdaa ɔdɔ mpa so, na wɔn akɔnnɔ mu no, wɔguu ne ho fi. Wɔguu ne ho fi wieeɛ no wɔn ho fonoo no enti ɔgyaa wɔn.
And the Babylonians came to her into the bed of love. And they defiled her with their whoredom, and she was polluted with them, and her soul was alienated from them.
18 Ɔkɔɔ so wɔ nʼadwamammɔ mu, bɔɔ ne ho adagya no, megyaa no hɔ sɛdeɛ megyaa ne nuabaa no hɔ pɛpɛɛpɛ.
So she uncovered her whoredoms, and uncovered her nakedness. Then my soul was alienated from her, just as my soul was alienated from her sister.
19 Na ɔmaa nʼadwamammɔ no kɔɔ so ara de kaee ne mmabaawaberɛ a na ɔbɔ adwaman wɔ Misraim no.
Yet she multiplied her whoredoms, remembering the days of her youth in which she had played the harlot in the land of Egypt.
20 Ɛhɔ na ɔne nʼadɔfoɔ a wɔn barima te sɛ mfunumu deɛ na wɔn ahobaa te sɛ apɔnkɔ deɛ no bɔɔ adwaman.
And she doted upon their paramours, whose flesh is as the flesh of donkeys, and whose issue is like the issue of horses.
21 Na wo kɔn dɔɔ wo mmabunu mu akɔnnɔ bɔne no, deɛ woyɛɛ wɔ Misraim a wɔsrasraa wo koko mu na wɔmiamiaa wo mpɔkowa no.
Thus thou called to remembrance the lewdness of thy youth, in the handling of thy bosom by the Egyptians for the breasts of thy youth.
22 “Ɛno enti, Oholiba, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛhwanyan wʼadɔfoɔ atia wo, wɔn a wɔn ho fonoo woɔ ma wogyaa wɔn hɔ no; mede wɔn bɛfiri afanan nyinaa abɛtia wo.
Therefore, O Oholibah, thus says the lord Jehovah: Behold, I will raise up thy lovers against thee, from whom thy soul is alienated, and I will bring them against thee on every side:
23 Babiloniafoɔ ne Kaldeafoɔ nyinaa, Pekod, Soa ne Koa mmarima, Asiriafoɔ no ne wɔn bɛba, mmeranteɛ ahoɔfɛfoɔ a wɔn nyinaa yɛ amradofoɔ, asahene, nteaseɛnam ho adwumayɛfoɔ ne mmarima a wɔkura diberɛ akɛseɛ a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ soɔ.
the Babylonians and all the Chaldeans, Pekod and Shoa and Koa, and all the Assyrians with them, desirable young men, governors and rulers all of them, rulers and men of renown, all of them riding upon horses.
24 Wɔde akodeɛ, nteaseɛnam ahodoɔ ne nipadɔm bɛba abɛtia wo; wɔde akokyɛm akɛseɛ ne nketewa ne dadeɛ kyɛ bɛka wo ahyɛ. Mede wo bɛhyɛ wɔn nsa, na wɔagyina wɔn nhyehyɛeɛ so atwe wo aso.
And they shall come against thee with weapons, chariots, and wagons, and with a company of peoples. They shall set themselves against thee with buckler and shield and helmet round about. And I will commit the judgment to them, and they shall judge thee according to their judgments.
25 Mɛdane me ninkunu abufuo no akyerɛ wo so, na wɔne wo bɛdi no anibereɛ so. Wɔbɛtwitwa mo hwene ne mo aso, na wɔn a wɔbɛka no, wɔbɛtotɔ wɔ akofena ano. Wɔbɛfa mo mmammarima ne mo mmammaa akɔ, na mo a moaka no wɔde ogya ahye mo.
And I will set my jealousy against thee, and they shall deal with thee in fury. They shall take away thy nose and thine ears, and thy residue shall fall by the sword. They shall take thy sons and thy daughters, and thy residue shall be devoured by the fire.
26 Wɔbɛpa wo ho ntoma nso na wɔafa wʼadwinneɛ.
They shall also strip thee of thy clothes, and take away thy fair jewels.
27 Ɛno enti mɛma wʼakɔnnɔbɔne ne adwamammɔ a wohyɛɛ aseɛ wɔ Misraim no aba nʼawieeɛ. Wo kɔn rennɔ saa nneɛma yi na worenkae Misraim bio.
Thus I will make thy lewdness to cease from thee, and thy whoredom from the land of Egypt, so that thou shall not lift up thine eyes to them, nor remember Egypt any more.
28 “Na sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede wo rebɛhyɛ wʼatamfoɔ nsa, wɔn a wɔn ho fonoo woɔ ma wogyaee wɔn no.
For thus says the lord Jehovah: Behold, I will deliver thee into the hand of those whom thou hate, into the hand of those from whom thy soul is alienated.
29 Wɔde ɔtan ne wo bɛdi, na wɔafa deɛ woayɛ adwuma apɛ nyinaa. Wɔbɛgya wo adagya ne kwaterekwa, na wʼadwamammɔ ho aniwuo no bɛda adi. Wʼaniwudeɛ ne wʼadwamansɛm no
And they shall deal with thee in hatred, and shall take away all thy labor, and shall leave thee naked and bare. And the nakedness of thy whoredoms shall be uncovered, both thy lewdness and thy whoredoms.
30 na ɛde yeinom aba wo so, ɛfiri sɛ wo kɔn dɔɔ amanaman no na wode wɔn ahoni guu wo ho fi.
These things shall be done to thee, because thou have played the harlot after the nations, and because thou are polluted with their idols.
31 Woayɛ deɛ wo nuabaa yɛeɛ no bi; na ɛno enti mede ne kuruwa bɛhyɛ wo nsa.
Thou have walked in the way of thy sister, therefore I will give her cup into thy hand.
32 “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: “Wobɛnom wo nuabaa kuruwa ano, kuruwa a ɛso na emu dɔ; ɛde fɛdie ne ahohora bɛba, ɛfiri sɛ deɛ ɛwɔ mu dɔɔso.
Thus says the lord Jehovah: Thou shall drink of thy sister's cup, which is deep and large. Thou shall be laughed to scorn and had in derision. It contains much.
33 Nsãborɔ ne awerɛhoɔ bɛhyɛ wo ma, ɔsɛeɛ ne afoyɛ kuruwa no, wo nuabaa Samaria kuruwa no bɛhyɛ wo ma.
Thou shall be filled with drunkenness and sorrow, with the cup of astonishment and desolation, with the cup of thy sister Samaria.
34 Wobɛnom a hwee renka mu: wode bɛhwe fam ma abobɔ nketenkete na woatete wo mpokuwa mu. Me na maka, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
Thou shall even drink it and drain it out. And thou shall gnaw the shards of it, and shall tear thy breasts, for I have spoken it, says the lord Jehovah.
35 “Ɛno enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane sɛ wo werɛ afiri me na woato me atwene wʼakyi enti, ɛsɛ sɛ wonya wʼaniwudeɛ ne wʼadwamammɔ so akatua.”
Therefore thus says the lord Jehovah: Because thou have forgotten me, and cast me behind thy back, therefore thou also bear thy lewdness and thy whoredoms.
36 Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, wobɛbu Ohola ne Oholiba atɛn anaa? Ɛnneɛ fa wɔn akyiwadeɛ no si wɔn anim,
Jehovah said moreover to me, Son of man, will thou judge Oholah and Oholibah? Then declare to them their abominations.
37 ɛfiri sɛ wɔasɛe awadeɛ, na mogya wɔ wɔn nsa ho. Wɔde wɔn ahoni na ɛsɛee awadeɛ no; na mpo wɔde wɔn mma a wɔwoo wɔn maa me no bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn sɛ wɔn aduane.
For they have committed adultery, and blood is in their hands. And with their idols they have committed adultery. And they have also caused their sons, whom they bore to me, to pass through the fire for them to be devoured.
38 Wɔde yei nso ayɛ me: Saa ɛberɛ korɔ no ara mu, wɔguu me kronkronbea ne me home nna ho fi.
Moreover they have done this to me: They have defiled my sanctuary in the same day, and have profaned my sabbaths.
39 Ɛda a wɔde wɔn mma bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn ahoni no ara, wɔhyɛnee me kronkronbea hɔ kɔguu ho fi. Yei na wɔyɛɛ wɔ me fie.
For when they had slain their sons to their idols, then they came the same day into my sanctuary to profane it, and, lo, thus they have done in the midst of my house.
40 “Wɔsomaa abɔfoɔ kɔfrɛɛ mmarima a wɔfiri akyirikyiri baeɛ, na wɔbɛduruiɛ no, modwareeɛ, kekaa mo ani akyi, de mo adwinneɛ hyehyɛɛ mo ho maa wɔn.
And furthermore ye have sent for men who come from far, to whom a messenger was sent. And, lo, they came, for whom thou washed thyself, painted thine eyes, and decked thyself with ornaments,
41 Motenaa akonnwa papa bi a wɔde ɛpono a wɔasɛ so asi anim. Ɛso na mode nnuhwam ne ngo a anka ɛyɛ me dea sisiiɛ.
and sat upon a stately bed, with a table prepared before it, whereupon thou did set my incense and my oil.
42 “Na hooyɛ a ɛfiri nipakuo bi a hwee mfa wɔn ho atwa ne ho ahyia. Wɔde Sabeafoɔ firi ɛserɛ no so ne mmarima a wɔfiri ɛdɔm no mu baeɛ na wɔde nkapo hyehyɛɛ ɔbaa no ne ne nua no nsa, na wɔhyɛɛ wɔn ahenkyɛ a ɛyɛ fɛ.
And the voice of a multitude being at ease was with her. And with men of the common sort, were brought drunkards from the wilderness, and they put bracelets upon the hands of those two women, and beautiful crowns upon their heads.
43 Na meka faa deɛ awaresɛeɛ ama watete no ho sɛ, ‘Momma wɔnyɛ no sɛ odwamanfoɔ, ɛfiri sɛ saa ara pɛ na ɔteɛ.’
Then I said of her who was old in adulteries, Now they will play the harlot with her, and she with them.
44 Na wɔne no daeɛ. Sɛdeɛ mmarima ne odwamanfoɔ da no, saa ara na wɔne saa mmaa a wɔn ho yɛ aniwuo no, Ohola ne Oholiba, daeɛ.
And they went in to her, as they go in to a harlot. So they went in to Oholah and to Oholibah, the lewd women.
45 Nanso mmarima teneneefoɔ de asotwe a wɔde ma mmaa a wɔsɛe awadeɛ na wɔka mogya guo bɛbu wɔn atɛn, ɛfiri sɛ wɔyɛ awaresɛefoɔ, na wɔn nsa ho wɔ mogya.
And righteous men, they shall judge them with the judgment of adulteresses, and with the judgment of women who shed blood, because they are adulteresses, and blood is on their hands.
46 “Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Fa nipakuo bra bɛtia wɔn na ma ahunahuna ne ɔfom mmra wɔn so.
For thus says the lord Jehovah: I will bring up a company against them, and will give them to be tossed to and fro and robbed.
47 Nipakuo no bɛsi wɔn aboɔ na wɔde wɔn akofena bɛto ahyɛ wɔn so. Wɔbɛkunkum wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa na wɔahye wɔn afie.
And the company shall stone them with stones, and dispatch them with their swords. They shall kill their sons and their daughters, and burn up their houses with fire.
48 “Ɛno enti mɛma aniwudeyɛ aba awieeɛ wɔ asase no so na abɔ afanan nyinaa kɔkɔ na wɔansua mo.
Thus I will cause lewdness to cease out of the land, that all women may be taught not to do according to your lewdness.
49 Wobɛnya wʼaniwudeɛ so asotwe na woanya abosonsom ho bɔne so akatua. Afei wobɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade no.”
And they shall recompense your lewdness upon you, and ye shall bear the sins of your idols. And ye shall know that I am the lord Jehovah.

< Hesekiel 23 >