< Hesekiel 22 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Herrens ord kom til mig således:
2 “Onipa ba, wobɛbu Yerusalem atɛn? Wobɛbu saa mogyahwiegu kuropɔn yi atɛn anaa? Ɛnneɛ fa ne nneyɛɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no nyinaa si nʼanim
Du Menneskesøn! Vil du dømme Blodbyen? Så forehold den alle dens Vederstyggeligheder
3 na ka sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ao kuropɔn a ɔnam mogya hwieguo so de nnome aba ne ho so na ɔde ahoni a ɔyɛ agu ne ho fi,
og sig: Så siger den Herre HERREN: Ve Byen, der udøser Blod i sin Midte, for at dens Time skal komme, og laver sig Afgudsbilleder for at gøre sig uren.
4 woadi fɔ wɔ mogya a woahwie agu na woagu wo ho fi wɔ ahoni a woayɛ enti. Woama wo nna abɛn, na wo mfeɛ awieeɛ no aba. Enti mɛyɛ wo ahohoradeɛ wɔ amanaman no mu, ne asredeɛ wɔ amantam no nyinaa mu.
Ved dine egne Folks Blod, som du har udgydt, har du pådraget dig Skyld, og ved de Afgudsbilleder du har lavet, er du blevet uren; du har bragt din Time nær og hidført dine Års Frist. Derfor gør jeg dig til Hån for Folkene og til Spot for alle Lande;
5 Wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri bɛdi wo ho fɛw, Ao Kuropɔn a ɛnni animuonyam, na basabasayɛ ahyɛ no ma.
fra nær og fjern skal man spotte dig, du, hvis Navn er skændet, og som er fuld af Larm.
6 “‘Hwɛ sɛdeɛ Israel mmapɔmma a wɔwɔ wo mu no mu biara de ne tumi hwie mogya guo.
Se, Israels Fyrster optræder hver og een egenmægtigt i dig og udøser Blod.
7 Wɔabu agya ne ɛna animtiaa wɔ wo mu. Wɔahyɛ ɔnanani so, na wɔatane awisiaa ne akunafoɔ ani.
Fader og Moder ringeagtes, den fremmede undertrykkes i dig, den faderløse og Enken lider Uret.
8 Wɔabu mʼakronkronneɛ animtiaa na woagu me home nna ho fi.
Mine hellige Ting agter du ringe og vanhelliger mine Sabbater.
9 Wo mu na mmarima ntwatosofoɔ a wɔpɛ sɛ wɔhwie mogya guo wɔ, wɔn a wɔdidi wɔ sorɔnsorɔmmea abosonnan mu, na wɔyɛ ahohoradeɛ.
Du har Æreskændere i din Midte, som bagtaler, så der udøses Blod, og Folk, som spiser på Bjergene. Utugt går i Svang i din Midte;
10 Wo mu na wɔn a wɔgu wɔn agyanom mpa ho fi wɔ. Wɔn a wɔne mmaa a wɔabu wɔn nsa, na wɔn ho nteɛ no da no wɔ wo mu.
i dig blottes Faderens Skam, og Kvinder krænkes i deres Urenheds Tid.
11 Wo mu na ɔbarima ne ne yɔnko yere yɛ bɔne a ɛyɛ akyiwadeɛ. Ɔfoforɔ ne nʼase baa da wɔ animguaseɛ mu, na ɔfoforɔ ne ne nuabaa da, ɔno ankasa nʼagya babaa.
Man øver Vederstyggelighed mod sin Næstes Hustru, man gør sin Sønnekone uren ved Utugt, man skænder i dig sin kødelige Søster.
12 Wo mu na nnipa gye adanmudeɛ ka mogya guo; wɔgye nsihoɔ ne mfasoɔ a ɛboro so firi wɔn mfɛfoɔ nkyɛn de nya wɔn ho bebree. Na mo werɛ afiri me, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.
I dig tager man Gave for at udøse Blod; du tager Åger og Opgæld, voldelig øver du Svig mod din Næste; og mig glemmer du, lyder det fra den Herre HERREN.
13 “‘Ampa ara mɛbɔ me nsam agu wʼasisie ahonya ne mogya a woahwie agu no so.
Men se, jeg slår Hænderne sammen over den uredelige Vinding, du har skaffet dig, og over det Blod, der er udøst i dig.
14 Wʼakokoduro bɛtumi agyina anaa sɛ wo nsa bɛyɛ den ɛda no a me ne wo bɛnya no anaa? Me Awurade na akasa, na mɛyɛ.
Kan dit Hjerte holde Stand, kan dine Hænder være faste i de Dage, da jeg tager fat på dig? Jeg, HERREN, har talet, og jeg fuldbyrder det.
15 Mɛhwete wo mu agu amanaman no so, na mabɔ wo apansam amantam no mu; na mede wo afideyɛ aba nʼawieeɛ.
Jeg vil sprede dig blandt Folkene og udstrø dig i Landene og tage din Urenhed fra dig;
16 Sɛ wɔgu wo ho fi wɔ amanaman no mu a, wobɛhunu sɛ mene Awurade no.’”
jeg vil lade mig vanære ved dig for Folkenes Øjne; og du skal kende, at jeg er HERREN.
17 Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Og HERRESs Ord kom til mig således:
18 “Onipa ba, Israel efie abɛyɛ dwetɛ ase fi ama me; wɔn nyinaa yɛ kɔbere, sanya, dadeɛ ne sumpii a wɔagya wɔ fononoo mu. Wɔyɛ dwetɛ fi hunaa.
Menneskesøn! Israels Hus er blevet mig til Slagger; de er alle blevet Kobber, Tin, Jern og Bly i Smelteovnen; Sølvslagger er de blevet.
19 Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ mo nyinaa abɛyɛ dwetɛ fi enti, mɛboaboa mo ano wɔ Yerusalem.
Derfor, så siger den Herre HERREN: Fordi I alle er blevet til Slagger, derfor vil jeg samle eder i Jerusalem;
20 Sɛdeɛ nnipa boaboa dwetɛ, kɔbere, sumpii ne sanya ano hyɛ fononoo mu de egyadɛreɛ a ano yɛ dene nane no, saa ara na mɛfiri mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ mu aboaboa mo ano wɔ kuropɔn no mu na manane mo.
som man samler Sølv, Kobber, Jern, Bly og Tin i en Smelteovn og blæser til Ilden for at smelte det, således vil jeg i min Vrede og Harme samle eder og kaste eder ind og smelte eder;
21 Mɛboaboa mo ano na mahu mʼabufuhyeɛ ogya agu mo so, na moanane wɔ ne mu.
jeg vil samle eder og blæse min Vredes Ild op imod eder, så I smeltes deri.
22 Sɛdeɛ wɔnane dwetɛ wɔ fononoo mu no, saa ara na mobɛnane wɔ ne mu na moahunu sɛ me Awurade na mahwie mʼabufuhyeɛ agu mo so.’”
Som Sølv smeltes i Smelteovnen, skal I smeltes deri; og I skal kende, atjeg, HERREN, har udøst min Vrede over eder.
23 Na Awurade asɛm baa me nkyɛn bio sɛ:
Og HERRENs Ord kom til mig således:
24 “Onipa ba, ka kyerɛ asase no sɛ, ‘Woyɛ asase a woanya osutɔ anaa osuo ampete wo so wɔ abufuo ɛda no.’
Menneskesøn, sig til Landet: Du er et Land, der ikke får Regn og Byger på Vredens Dag,
25 Ne mmapɔmma abɔ pɔ bɔne wɔ ne mu te sɛ gyata a ɔbobɔm na ɔtete ne haboa mu. Wɔwe nnipa nam, wɔfa ademudeɛ ne nneɛma a ɛsom bo na wɔma akunafoɔ dɔɔso wɔ ne mu.
hvis Fyrster er som brølende Løver på Rov; de tilintetgør Sjæle, tilriver sig Gods og Guld, gør mange til Enker deri.
26 Nʼasɔfoɔ bu me mmara so na wɔgu mʼakronkronneɛ ho fi; wɔnnkyerɛ nsonsonoeɛ a ɛda deɛ ɛyɛ kronn ne deɛ ɛnyɛ kronn ntam; wɔkyerɛkyerɛ sɛ nsonsonoeɛ biara nna deɛ ɛho nteɛ ne deɛ ɛho teɛ ntam, na wɔbu wɔn ani gu me home nna die so, de gu me ho fi wɔ wɔn mu.
Præsterne øver Vold mod min Lov, vanhelliger mine hellige Ting og gør ikke Skel mellem det, der er helligt, og det, der ikke er helligt, lærer ikke Forskel mellem rent og urent og lukker Øjnene for mine Sabbater, så jeg er blevet vanhelliget iblandt dem.
27 Nʼadwumayɛfoɔ te sɛ mpataku a wɔretete wɔn ahaboa mu; wɔhwie mogya gu na wɔkum nnipa de pɛ mfasoɔ bɔne.
Fyrsterne er som Ulve på Rov: de er ivrige efter at udøse Blod og tilintetgøre Menneskeliv for at skaffe sig Vinding.
28 Nʼadiyifoɔ nam atorɔ anisoadehunu ne nkontompo nkɔmhyɛ so ma saa nnebɔne yi yɛ fitaa. Wɔka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ,’ wɔ ɛberɛ a Awurade nkasaeɛ.
Profeterne stryger over med Kalk, idet de skuer Tomhed og varsler Løgn og siger: "Så siger den Herre HERREN!" uden at HERREN har talet.
29 Asase no so nnipa di amin na wɔbɔ korɔno; wɔhyɛ ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ so, wɔnnye ahɔhoɔ ani na wɔde atɛntenenee kame wɔn.
Det menige Folk øver Vold og går på Rov, den arme og fattige gør de Uret, og den fremmede undertrykker de imod Lov og Ret.
30 “Mehwehwɛɛ obi wɔ wɔn mu a ɔbɛto ɔfasuo no na wagyina mʼanim wɔ asase no anan mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a merensɛe asase no, nanso manhunu obiara.
Jeg søgte iblandt dem efter en, der vilde bygge en Mur og stille sig i Gabet for mit Åsyn til Værn for Landet, at jeg ikke skulde ødelægge det; men jeg fandt ingen.
31 Ɛno enti, mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wɔn so, na mede mʼabufuo a ɛyɛ hu no atɔre wɔn ase, na mama deɛ wɔayɛ nyinaa abɔ wɔn tiri so, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”
Derfor udøser jeg min Vrede over dem, med min Harmes Ild tilintetgør jeg dem; deres Færd lader jeg komme over deres Hoved, lyder det fra den Herre HERREN.

< Hesekiel 22 >