< Hesekiel 21 >
1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Then the word of Yahweh came to me, saying,
2 “Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Yerusalem na kasa tia kronkronbea no. Hyɛ nkɔm tia Israel asase
“Son of man, set your face toward Jerusalem, and speak against the sanctuaries; prophesy against the land of Israel.
3 na ka kyerɛ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Awurade seɛ: Me ne wo anya. Mɛtwe mʼakofena afiri ne bɔha mu de ayi ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ afiri mo mu.
Say to the land of Israel, 'Yahweh says this: Behold! I am against you! I will draw my sword from its sheath and cut off both the righteous person and the wicked person from you!
4 Esiane sɛ merebɛyi ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ afiri mo mu enti, mʼakofena bɛfiri ne bɔha mu atia obiara, firi anafoɔ fam kɔsi atifi fam.
In order for me to cut off both the righteous and the wicked from you, my sword will go out from its sheath against all flesh from the south to the north.
5 Afei nnipa nyinaa bɛhunu sɛ me Awurade, matwe mʼakofena afiri ne bɔha mu na ɛrensane bio.’
Then all flesh will know that I, Yahweh, have drawn my sword from its sheath. It will no longer hold back!'
6 “Enti si apinie, onipa ba! Fa akoma a abubuo ne awerɛhoɔ a ano yɛ den si apinie wɔ wɔn anim.
As for you, son of man, groan as your loins break! In bitterness groan before their eyes!
7 Na sɛ wɔbisa wo sɛ, ‘Adɛn enti na woresi apinie a?’ Wobɛka sɛ, ‘Ɛyɛ asɛm a ɛreba no enti. Akoma biara bɛboto na nsa biara mu agogo, honhom biara bɛtɔ baha na kotodwe biara bɛpopo.’ Ɛreba, ɛkwan biara soɔ ɛbɛba, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.”
Then it will happen that they will ask you, 'For what reason are you groaning?' Then you will say, 'Because of the news that is coming, for every heart will faint away, and every hand will falter! Every spirit will grow faint, and every knee will flow like water. Behold! It is coming and it will be like this!—this is the Lord Yahweh's declaration.'”
8 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
Then the word of Yahweh came to me, saying,
9 “Onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ, ‘Sei na Awurade seɛ: “‘Akofena bi, akofena bi, wɔase ano, atwi ho,
“Son of man, prophesy and say, 'The Lord says this: “Say: A sword! A sword! It will be sharpened and polished!
10 wɔase ano ama akumkumakumkum no, wɔatwi ho ama ɛtwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam! “‘Ɛsɛ sɛ yɛsɛpɛ yɛn ho wɔ me babarima Yuda ahempoma ho anaa? Akofena no mfa poma biara a ɛte saa no nyɛ hwee.
It will be sharpened in order to engage in great slaughter! It will be polished in order to be like lightning! Should we rejoice in my son's scepter? The coming sword hates every such rod!
11 “‘Wɔayi akofena no asi hɔ sɛ wɔntwitwi ho, sɛ wɔmfa nsa nkura mu; wɔase ano, atwi ho, ayɛ no krado ama okumfoɔ no.
So the sword will be given to be polished, and then to be grasped by the hand! The sword is sharpened and it is polished and it is to be given into the hand of the one who kills!”'”
12 Su na twa adwo, onipa ba, ɛfiri sɛ ɛtia me nkurɔfoɔ; ɛtia Israel mmapɔmma nyinaa. Wɔagyaa wɔn ama akofena no aka me nkurɔfoɔ ho. Enti fa wo nsa gu wo tiri so.
Call for help and lament, son of man! For that sword has come against my people! It is against all the leaders of Israel. They are thrown against the sword with my people. Therefore, slap your thigh!
13 “‘Sɔhwɛ bɛba ampa ara. Na sɛ Yuda ahempoma a akofena no mfa no nyɛ hwee no nni hɔ a, ɛdeɛn na wɔbɛyɛ? Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’
For there is a trial, but what if the scepter does not last?—this is the Lord Yahweh's declaration.
14 “Enti onipa ba, hyɛ nkɔm na bɔ wo nsam. Ma akofena no ntwitwa mprenu mpo mprɛnsa. Ɛyɛ akumakunkum akofena, akumakunkum kɛseɛ no akofena, a ɛba wɔn so firi afanan nyinaa.
Now you, son of man, prophesy and hit your two hands together, for the sword will attack even a third time! A sword for the ones to be slaughtered! It is a sword for the many to be slaughtered, piercing them everywhere!
15 Ɛbɛma akoma nyinaa aboto na atɔfoɔ adɔɔso, mede akunkumakunkum akofena no asisi wɔn apono nyinaa ano. Ao! Wɔayɛ no sɛ ɛntwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam wɔaso mu ama akumkumakumkum.
In order to melt their hearts and to multiply their fallen, I have set the sword for slaughter at all their gates. Ah! It is made like lightning, it is grasped for slaughter.
16 Ao akofena, twa kɔ nifa, na twa kɔ benkum, deɛ wo dadeɛ bɛfa biara.
You, sword! Strike to the right! Strike to the left! Go wherever your face is turned.
17 Me nso, mɛbɔ me nsam, na mʼabufuhyeɛ ano bɛdwo Me Awurade na makasa no.”
For I will also hit my two hands together, and then I will bring my fury to rest! I, Yahweh, declare it!”
18 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
The word of Yahweh came to me again, saying,
19 “Onipa ba, bɔ akwan mmienu ma Babiloniahene akofena no mfa so, na ne mmienu mfiri aseɛ wɔ amantam korɔ mu. Fa akyerɛkyerɛkwan si nkwanta a ɛmane kɔ kuropɔn no mu.
“Now you, son of man, assign two roads for the sword of the king of Babylon to come. The two roads will start in the same land, and a signpost will mark one of them as leading to a city.
20 Bɔ ɛkwan baako a akofena no bɛfa soɔ akɔtia Amonfoɔ Raba ne baako nso a ɛbɛtia Yuda ne Yerusalem a wɔabɔ ho ban no.
Mark one road for the Babylonian army to come to Rabbah, the city of the Ammonites. Mark the other to lead the army to Judah and the city of Jerusalem, which is fortified.
21 Na Babiloniahene bɛgyina akwan mmienu no nkwanta so ahwehwɛ nkɔmhyɛ. Ɔde agyan bɛbɔ ntonto, akɔ abisa wɔ nʼahoni nkyɛn, na wahwɛ brɛboɔ mu.
For the king of Babylon will stop at the crossroads, at the junction, in order to practice divination. He will shake some arrows and ask direction from some idols and he will examine a liver.
22 Ne nsa nifa mu na ntonto a ɛbɛbɔ Yerusalem no bɛkɔ, na ɛhɔ na wɔbɛhyehyɛ obubuadaban nnua de ama okum kɛseɛ no. Afei wɔde osebɔ bɛpagya obubuadaban nnua no apempem apono no. Wɔbɛyɛ epie na wasisi pampim.
In his right hand will be an omen about Jerusalem, to set battering rams against it, to open his mouth to order the slaughter, to sound a war cry, to set battering rams against the gates, to build a ramp, and to erect siege towers.
23 Ɛbɛyɛ sɛ nkɔntorɔ ama wɔn a wɔ ne no ayɛ apam, nanso ɔbɛkaakae wɔn afɔdie na wafa wɔn nnommum.
It will seem to be a useless omen in the eyes of the ones in Jerusalem, those who had sworn an oath to the Babylonians! But the king will accuse them of violating their treaty in order to besiege them!
24 “Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ mo saa nkurɔfoɔ yi nam mo atuateɛ so akae me mo afɔdie, de ada mo bɔne a moyɛ nyinaa adi enti, wɔbɛfa mo nnommum.
Therefore the Lord Yahweh says this: Because you have made your guilt to be remembered, making your transgressions to be revealed, so that in all your actions your sins will be seen— because you have done this you will be taken in hand.
25 “‘Wo, Israel heneba otirimuɔdenfoɔ a wo ɛda aduru. Wo a wo asotwe berɛ aduru ne mpɔnpɔnsoɔ,
As for you, profane and wicked ruler of Israel, whose day of punishment has come, and whose time of committing iniquity has ended,
26 yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Tu abɔtiten no, yi ahenkyɛ no. Ɛrenyɛ sɛdeɛ na ɛteɛ kane no: Wɔbɛpagya deɛ abrɛ ase, na deɛ ama ne ho so nso, wɔabrɛ no ase.
the Lord Yahweh says this to you: Remove the turban and take off the crown! Things will no longer be the same! Exalt the lowly and humble the exalted!
27 Ɔsɛeɛ! Ɔsɛeɛ! Mɛsɛe no! Ahennie no rensi ne dada mu bio kɔsi sɛ deɛ ɛyɛ ne dea no bɛba. Ɔno na mede bɛma no.’
A ruin! A ruin! I will make it a ruin! It will not be restored until the one comes who is assigned to execute judgment.
28 “Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka fa Amonfoɔ ne wɔn ahohorabɔ ho: “‘Akofena bi, akofena bi, wɔatwe ama akunkumakunkum, wɔatwi ho sɛ ɛnni nam na ɛpa yerɛ yerɛ sɛ anyinam!
So you, son of man, prophesy and say, 'The Lord Yahweh says this to the people of Ammon concerning their coming disgrace: A sword, a sword is drawn! It is sharpened for the slaughter in order to devour, so it will be like lightning!
29 Atorɔ anisoadehunu ne nkontompo nkonyaa a ɛfa wo ho akyi no wɔde bɛto wɔn kɔn mu amumuyɛfoɔ a ɛsɛ sɛ wɔkum wɔn no wɔn a wɔn ɛda no aduru soɔ, ne wɔn a wɔn asotwe berɛ no aduru ne mponponsoɔ no.
While prophets see empty visions for you, while they perform rituals to come up with lies for you, this sword will lie on the necks of the wicked who are about to be killed, whose day of punishment has come and whose time of iniquity is about to end.
30 “‘Sane fa akofena no hyɛ ne bɔha mu wɔ faako a wɔbɔɔ woɔ hɔ wɔ wo nananom asase so, mɛbu wo atɛn.
Return the sword to its sheath. In the place of your creation, in the land of your origin, I will judge you!
31 Mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wo so na mahome mʼabufuo a ɛyɛ hu atia wo; Mede wo bɛhyɛ mmarima atirimuɔdenfoɔ nsa, wɔn a wɔwɔ adesɛeɛ ho nyansa.
I will pour out my indignation on you! I will fan the fire of my rage against you and put you into the hand of cruel men, craftsmen of destruction!
32 Wobɛyɛ nnyensin ama ogya, wɔbɛka wo mogya agu wɔ wʼasase so, na wɔrenkae wo bio; me Awurade na makasa.’”
You will become fuel for the fire! Your blood will be in the midst of the land. You will not be remembered, for I, Yahweh have declared this!'”