< Hesekiel 19 >

1 “Momma Israel mmapɔmma ho kwadwom
Moreover take thou up a lamentation for the princes of Israel,
2 na monka sɛ: “‘Na wo maame yɛ gyatabereɛ mu soronko wɔ agyata mu! Ɔdaa gyataburuwa mu yɛnee ne mma.
And say: Why did thy mother the lioness lie down among the lions, and bring up her whelps in the midst of young lions?
3 Ɔyɛn ne mma no mu baako ma ɔbɛyɛɛ gyata ɔhoɔdenfoɔ. Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa mu, na ɔwee nnipa nam.
And she brought out one of her whelps, and he became a lion: and he learned to catch the prey, and to devour men.
4 Amanaman no tee ne nka, na wɔn amena yii no. Wɔguu no nkapo de no kɔɔ Misraim asase so.
And the nations heard of him, and took him, but not without receiving wounds: and they brought him in chains into the land of Egypt.
5 “‘Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ nʼanidasoɔ anyɛ hɔ, na deɛ ɔrehwɛ anim ayera no, ɔfaa ne ba foforɔ yɛɛ no gyata ɔhoɔdenfoɔ.
But she seeing herself weakened, and that her hope was lost, took one of her young lions, and set him up for a lion.
6 Ɔkyinkyinii agyata no mu ɛfiri sɛ na wayɛ gyata hoɔdenfoɔ. Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa mu na ɔwee nnipa nam.
And he went up and down among the lions, and became a lion: and he learned to catch the prey, and to devour men.
7 Ɔbubuu wɔn abandenden na ɔsɛee wɔn nkuro. Asase no ne wɔn a wɔte so nyinaa no, ne mmobomu bɔɔ wɔn hu.
He learned to make widows, and to lay waste their cities: and the land became desolate, and the fulness thereof by the noise of his roaring.
8 Afei amanaman no sɔre tiaa no, wɔn a wɔfiri nsase a atwa ahyia no so. Wɔguu no asau kyeree no wɔ wɔn amena mu.
And the nations Game together against him on every side out of the provinces, and they spread their net over him, in their wounds he was taken.
9 Wɔde nnarewa twee no kɔhyɛɛ ebuo mu na wɔde no brɛɛ Babilonia ɔhene. Wɔde no too nneduafie, na wɔante ne mmobomu no bio wɔ Israel mmepɔ no so.
And they put him into a cage, they brought him in chains to the king of Babylon: and they cast him into prison, that his voice should no more be heard upon the mountains of Israel.
10 “‘Na wo maame te sɛ bobedua a wɔtɛɛ no nsuo ho wɔ wo bobeturo mu. Na ɛso aba, na ɛyiyii mman nsuo a ɔnya no bebree no enti.
Thy mother is like a vine in thy blood planted by the water: her fruit and her branches have grown out of many waters.
11 Ne mman yɛɛ den yie ɛdi mu sɛ wɔde yɛ ahemfo ahempoma. Ɛkorɔn, bunkam faa nhahan a ayɛ kuhaa no so, ne sorokɔ ne ne mman bebree no maa no yɛɛ sononko.
And she hath strong rods to make sceptres for them that bear rule, and her stature was exalted among the branches: and she saw her height in the multitude of her branches.
12 Nanso wɔde abufuhyeɛ tuu nʼase de no hwee fam. Apueeɛ mframa maa no kasaeɛ, ɛso aba tete guiɛ; na ne mman a ɛwɔ ahoɔden no twintwameeɛ na ogya hyeeɛ.
But she was plucked up in wrath, and cast on the ground, and the burning wind dried up her fruit: her strong rods are withered, and dried up: the fire hath devoured her.
13 Afei wɔakɔtɛ no wɔ ɛserɛ so asase wesee a nsuo nni muo.
And now she is transplanted into the desert, in a land not passable, and dry.
14 Ogya trɛ firii ne mman baako so na ɛhyee nʼaba. Anka mman a ɛwɔ ahoɔden baako mpo wɔ so deɛ wɔde yɛ ahemfo ahempoma ma ɛyɛ yie no.’ Yei yɛ kwadwom, na ma wɔnto no saa ara.”
And a fire is gone out from a rod of her branches, which hath devoured her fruit: so that she now hath no strong rod, to be a sceptre of rulers. This is a lamentation, and it shall be for a lamentation.

< Hesekiel 19 >