< Hesekiel 16 >
1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ:
Then the word of Yahweh came to me, saying,
2 “Onipa ba, fa akyiwadeɛ a Yerusalem yɛ no si nʼanim
“Son of man, inform Jerusalem about her abominations,
3 na ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka kyerɛ Yerusalem: Wo nananom ne wʼawoɔ firi Kanaanfoɔ asase so; na wʼagya yɛ Amorini ɛnna wo maame nso yɛ Hetini.
and declare, 'The Lord Yahweh says this to Jerusalem: Your beginning and your birth took place in the land of Canaan; your father was an Amorite, and your mother was a Hittite.
4 Ɛda a wɔwoo wo no, wɔantwa wo funuma, na wɔamfa nsuo annware wo sɛ wo ho bɛte nso, wɔamfa nkyene ansra wo, na wɔamfa ntoma ankyekyere wo ho.
On the day of your birth, your mother did not cut your navel, nor did she purify you in water or rub you down with salt, or wrap cloth around you.
5 Obiara anhunu wo mmɔbɔ, na obiara yam anhyehye no sɛ ɔbɛyɛ yeinom biara ama wo. Mmom wɔtoo wo twenee wiram, ɛfiri sɛ ɛda a wɔwoo woɔ no, wɔbuu wo animtiaa.
No eye had compassion for you to do any of these things for you, to be compassionate toward you. On the day that you were born, with loathing for your life, you were thrown out into the open field.
6 “‘Mebɛpuee wo so, na mehunuu sɛ worewɔ wo nan na woda mogya mu, na sɛdeɛ na woda hɔ no, meka kyerɛɛ wo sɛ, “Nya nkwa!”
But I passed by you, and I saw you writhing in your own blood; so I said to you in your blood, “Live!” I said to you in your blood, “Live!”
7 Mehwɛɛ wo ma wonyiniiɛ sɛ afifideɛ. Wonyiniiɛ, wofɛeɛ bɛyɛɛ abohemaa mu deɛ ne ho fɛ pa ara. Wo nufu bobɔeɛ na wo ho nwi fuiɛ, wo a na anka woda adagya.
I made you grow like a plant in a field. You multiplied and became great, and you became the jewel of jewels. Your breasts became firm, and your hair grew thick, though you had been naked and bare.
8 “‘Akyire yi mebɛpuee wo so, na mehwɛɛ woɔ na mehunuu sɛ woaso awadeɛ no, mede mʼatadeɛ fa bi kataa wʼadagya so. Mesuae kyerɛɛ wo na mene wo yɛɛ apam na wobɛyɛɛ me dea, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.
I passed by you again, and I saw you. See! the time of love came for you, so I spread my robe over you and covered your nakedness. Then I swore to you and brought you into a covenant—this is the Lord Yahweh's declaration—and you became mine.
9 “‘Mede nsuo dwaree wo, na mehohoroo wo ho mogya na mede sradeɛ ahodoɔ srasraa wo.
So I washed you with water and rinsed your blood off you, and I anointed you with oil.
10 Mede atadeɛ a wɔanwono ano hyɛɛ wo, na mehyɛɛ wo mmoa wedeɛ mpaboa. Mede nwera papa firaa wo na mede ntadeɛ aboɔden guguu so.
I dressed you in embroidered clothes and placed leather sandals on your feet. I wrapped you with fine linen and covered you with silk.
11 Mede agudeɛ siesiee wo. Mede nkapo guu wʼabakɔn, mede kɔnmuadeɛ too wo kɔn mu,
Next I adorned you with jewelry, and I put bracelets on your hands, and a chain around your neck.
12 na mede kawa hyɛɛ wo hwene mu, ɛnna mede asomuadeɛ hyɛɛ wʼasom na mebɔɔ wo abotire a ɛyɛ fɛ.
I put a nose ring in your nostrils and earrings in your ears, and a beautiful crown on your head.
13 Enti wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ siesiee wo. Wʼaduradeɛ yɛɛ nwera papa ne ntoma a ne boɔ yɛ den ne deɛ wɔadi mu adwini. Wʼaduane yɛɛ esiam papa, ɛwoɔ ne ngo. Wo ho yɛɛ fɛ na wobɛyɛɛ ɔhemmaa.
So you were adorned with gold and silver, and you were dressed in fine linen, silk, and embroidered clothes; you ate fine flour, honey, and oil, and you were very beautiful, and you became a queen.
14 Na wʼahoɔfɛ enti, wo din hyetaa wɔ amanaman mu, ɛfiri sɛ animuonyam a mahyɛ wo no ma wʼahoɔfɛ no di mu, Awurade asɛm nie.
Your fame went out among the nations because of your beauty, for it was perfect in the majesty that I had given to you—this is the Lord Yahweh's declaration.
15 “‘Nanso wʼahoɔfɛ enti, wogyee wo ho diiɛ na wode wo din a ahyeta no bɔɔ adwaman. Wogyaa wo ho maa obiara a ɔretwam na woyɛɛ wɔn adɔeɛ.
But you trusted in your own beauty, and you acted like a prostitute because of your fame; you poured out your acts of prostitution on everyone who passed by, so that your beauty became his.
16 Wode wo ntadeɛ no bi kɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea hɔ hyirenn, ɛhɔ na wokɔbɔɔ adwaman. Ɛnsɛ sɛ nneɛma a ɛtete sei sisi koraa, na ɛnsɛ sɛ ɛba nso.
Then you took your clothes and with them you made high places for yourself decorated in various colors, and there you acted like a prostitute. This should not have happened. Nor should such a thing exist.
17 Afei wode wo nnwinneɛ fɛfɛ a mede maa wo no, deɛ mede sikakɔkɔɔ ne dwetɛ yɛeɛ no yɛɛ ahoni maa wo ho na wo ne wɔn bɔɔ adwaman.
You took the fine jewels of the gold and silver that I gave you, and you made for yourself male figures, and you did with them as a prostitute would do.
18 Wode wo ntadeɛ a wɔadi mu adwini hyehyɛɛ wɔn na wode me ngo ne nnuhwam brɛɛ wɔn.
You took your embroidered garments and covered them, and you set my oils and perfumes before them.
19 Bio, aduane a mede maa woɔ no, esiam papa, ɛwoɔ ne ngo a mede maa wo sɛ di no, wode brɛɛ wɔn sɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyi hwa. Saa na ɛsiiɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
My bread I gave you—made with fine flour, oil, and honey—you set before them for a fragrant aroma, for this is what happened—this is the Lord Yahweh's declaration.
20 “‘Wofaa wo mmammarima ne wo mmammaa, a me ne wo woo wɔn no kɔbɔɔ afɔdeɛ sɛ aduane maa ahoni. Wʼadwamammɔ no nnɔɔso anaa?
Then you took your sons and daughters whom you bore for me, and you sacrificed them to the images to be devoured as food. Are your acts of prostitution a small matter?
21 Wokumm me mma de wɔn bɔɔ afɔdeɛ maa ahoni no.
You slaughtered my children to the idols and made them pass through the fire.
22 Akyiwadeɛ a woyɛeɛ ne wʼadwamammɔ akyi no, woankae wo mmabunu ɛberɛ a na wo ho da hɔ na worewowɔ wo nan wɔ mogya mu no.
In all your abominations and your acts of prostitution you have not thought about the days of your youth, when you were naked and bare as you thrashed about in your blood.
23 “‘Nnome! Nnome nka wo, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. Wʼamumuyɛ nyinaa akyi no,
Woe! Woe to you!—this is the Lord Yahweh's declaration—therefore, in addition to all this wickedness,
24 wosii banbɔ pie maa wo ho, na woyɛɛ abosonnan tentene wɔ adwabɔeɛ biara.
you built yourself a vaulted chamber in every public place.
25 Borɔno so baabiara wosisii abosonnan atentene, na wosɛee wʼahoɔfɛ ɛfiri sɛ honam akɔnnɔ bɔne enti wode wo ho maa obiara a ɔretwam.
You built your high place at the head of every road and made your beauty a disgrace, and you spread your legs to anyone who passed by, and you multiplied your acts of prostitution.
26 Wo ne Misraimfoɔ a honam akɔnnɔ ayɛ wɔn ma no bɔɔ adwaman, na wode honam akɔnnɔ bɔne hyɛɛ me abufuo.
You have acted like a prostitute with the Egyptians, your lustful neighbors, and you committed many more acts of prostitution, provoking me to anger.
27 Enti metenee me nsa wɔ wo so na metee wʼahyeɛ so. Mede wo maa wʼatamfoɔ aniberefoɔ, Filistifoɔ mmammaa a wʼahohwi bra no yɛɛ wɔn nwanwa.
See! I will strike you with my hand and cut off your food. I will hand your life over to your enemies, the daughters of the Philistines, who were ashamed of your obscene behavior.
28 Wo ne Asiriafoɔ nso bɔɔ adwaman, ɛfiri sɛ biribiara mmee wo. Na ɛno akyi koraa woammee ara.
You have acted like a prostitute with the Assyrians because you could not be satisfied. You acted like a prostitute and still were not satisfied.
29 Afei wotoaa wo honam akɔnnɔ bɔne no so de Babilonia, a ɛyɛ adwadifoɔ asase kaa ho, nanso yei ammee wo ara.
You performed many more acts of prostitution in the land of the merchants of Chaldea, and even this did not satisfy you.
30 “‘Wonni ahohyɛsoɔ koraa, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, sɛ wotumi yɛ saa nneɛma yi nyinaa te sɛ odwamanfoɔ a nʼani nwu hwee.
How sick is your heart—this is the Lord Yahweh's declaration—that you would do all these things, deeds of a shameless prostitute?
31 Wosisii banbɔ pie wɔ mmorɔno so na wosisii abosonnan atentene wɔ adwaberem biara, na wonsɛ odwamanfoɔ, ɛfiri sɛ wopoo akatua.
You have built your high places at the head of every street and made your vaulted chamber in every public place. Yet you were not like a prostitute because you refused to take payment.
32 “‘Wo, ɔyere waresɛefoɔ, wopɛ ahɔhoɔ sene wo ara wo kunu!
You adulterous woman, you accept strangers instead of your husband.
33 Odwamanfoɔ biara gye akatua, nanso wodeɛ, wode nneɛma kyekyɛ wʼadɔfoɔ nyinaa de hyɛ wɔn afono mu sɛ, wɔmfiri baabiara mmra wo nkyɛn.
People give payment to every prostitute, but you give your wages to all your lovers and bribe them to come to you from all around for your acts of prostitution.
34 Enti wʼadwamammɔ mu no wonte sɛ afoforɔ; obiara mma wo hɔ sɛ yɛ no adɔeɛ. Wo ne wɔn bɔ abira koraa, ɛfiri sɛ wotua ka na obiara mma wo hwee.
So there is a difference between you and those other women, since no one goes to you to ask you to sleep with them. Instead, you pay them. No one pays you.
35 “‘Enti, wo odwamanfoɔ, tie Awurade asɛm!
Therefore, you prostitute, listen to the word of Yahweh.
36 Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ. Esiane sɛ wohwie wʼahonya guiɛ na wodaa wʼadagya adi, wo ho a woma ɛyɛɛ wo dɛ dodo wɔ wo ne wʼadɔfoɔ nhyiamu, wʼahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ na afei wo mma mogya a wode maa wɔn no enti,
The Lord Yahweh says this: Because you have poured out your lust and uncovered your nakedness through your acts of prostitution with your lovers and with all your detestable idols, and because you gave them your children's blood,
37 merebɛboaboa wʼadɔfoɔ a wode wɔn gyee wʼani nyinaa ano; wɔn a wodɔɔ wɔn ne wɔn a woampɛ wɔn. Mɛboaboa wɔn nyinaa ano atia wo afiri wo ho baabiara, na mɛpa wo ho wɔ wɔn anim, na wɔbɛhunu wʼadagya nyinaa.
therefore, behold, I will gather all your lovers that you have met, all those whom you loved and all those whom you hated, and I will gather them against you on every side. I will uncover your nakedness to them so they see all your nakedness.
38 Mede asotwe a wɔde ma mmaa awaresɛefoɔ ne mogya hwiegufoɔ bɛyɛ wʼatemmuo. Mede me mogya aweretɔ a ɛfiri mʼabufuhyeɛ ne me ninkunutweɛ abufuo mu bɛba wo so.
For I will punish you for adultery and the shedding of blood, and I will bring on you the bloodshed of my anger and passion.
39 Afei, mede wo bɛma wʼadɔfoɔ na wɔbɛbubu banbɔ pie a woahɔre, asɛe abosonnan atentene no. Wɔbɛpa wo ho ntoma. Wɔbɛfa wo nnwinneɛ fɛfɛ no, na wagya wo hɔ adagya mu.
I will give you into their hands so they will throw down your vaulted chamber and break down your high places and they will strip you of your clothes and take all of your jewelry. They will leave you naked and bare.
40 Wɔde nnipadɔm a wɔbɛsi wo aboɔ na wɔde wɔn akofena atwitwa wo mu nketenkete bɛba wo so.
Then they will bring up a crowd against you and stone you with stones, and they will cut you apart with their swords.
41 Wɔbɛhyehye wʼafie na wɔatwe wʼaso wɔ mmaa bebree anim. Mɛtwa wʼadwamammɔ no so na woagyae akatua a wotua wʼadɔfoɔ no.
They will burn your houses and will perform many acts of punishment on you in the sight of many women, for I will put a stop to your prostitution, and you will no longer pay your lovers.
42 Afei mʼabufuhyeɛ ano bɛdwo na me ninkunutweɛ abufuo no bɛfiri wo so. Mɛyɛ bɔkɔɔ na mebo remfu bio.
Then I will calm my fury against you; my anger will leave you, for I will be satisfied, and will no longer be angry.
43 “‘Sɛ woankae wo mmabunu nna, na wode yeinom nyinaa hyɛɛ me abufuo enti, ɛkwan biara so mɛma deɛ woayɛ no abɔ wo tiri so, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. Woanyɛ nneɛma fi anka akyiwadeɛ no ho anaa?
Because you did not call to mind the days of your youth and have made me shake with anger because of all these things, therefore, behold! I myself will bring down on your own head the punishment for what you have done—this is the Lord Yahweh's declaration. Have you not added prostitution to all your other detestable practices?
44 “‘Obiara a ɔbu bɛ no bɛbu saa bɛ yi afa wo ho: “Sɛdeɛ ɛna teɛ no saa ara na ne babaa teɛ.”
Behold! Everyone who speaks proverbs concerning you will say, “As the mother is, so also is her daughter.”
45 Wo maame sopaa ne kunu ne ne mma. Wo nso saa ara na woteɛ. Wote te sɛ wo nuanom mmaa a wɔsopaa wɔn kununom ne wɔn mma. Wo maame yɛ Hetini ɛnna wʼagya yɛ Amorini.
You are the daughter of your mother, who detested her husband and her children, and you are the sister of your sisters who detested their husbands and their children. Your mother was a Hittite, and your father was an Amorite.
46 Na wo nuabaa panin ne Samaria a na ɔne ne mmammaa te wʼatifi fam, ɛnna wo nuabaa kumaa a ɔne ne mmammaa te wʼanafoɔ fam yɛ Sodom.
Your older sister was Samaria and her daughters were the ones living in the north, while your younger sister was the one living south of you, that is, Sodom and her daughters.
47 Woannante wɔn akwan mu, ansuasua wɔn akyiwadeɛ nko, na mmom, akwan nyinaa mu, wobɛyɛɛ porɔeɛ sene wɔn.
You not only walked in their ways and copied their behavior and practices, but in all your ways you have been worse than they were.
48 Sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ, wo nuabaa Sodom ne ne mmammaa anyɛ deɛ wo ne wo mmammaa ayɛ no da.
As I live—this is the Lord Yahweh's declaration—your sister Sodom and her daughters, have not done as much evil as you and your daughters have done.
49 “‘Yei ne bɔne a wo nuabaa Sodom yɛeɛ: Ɔno ne mmammaa yɛɛ ahantan. Wɔdidi traa so na hwee amfa wɔn ho, wɔammoa ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ.
Behold! This was the sin of your sister Sodom that she was arrogant in her leisure, careless and unconcerned about anything. She did not strengthen the hands of the poor and needy people.
50 Wɔyɛɛ ahomasoɔ ne akyiwadeɛ wɔ mʼanim. Ɛno enti meyii wɔn sii nkyɛn sɛdeɛ woahunu no.
She was arrogant and committed disgusting actions before me, so I took them away just as you have seen.
51 Samaria anyɛ bɔne a woyɛeɛ no mu fa. Woayɛ akyiwadeɛ a ɛboro deɛ wo nuammaanom no yɛeɛ no so koraa, na woama ayɛ sɛ wo nuammaa no tene, ɛsiane saa nneɛma a woayɛ no enti.
Neither did Samaria commit even half of your sins; instead, you have done many more disgusting things than they did, and you have shown that your sisters were better than you because of all the disgusting things that you do!
52 Gye wʼanimguaseɛ, ɛfiri sɛ woama wo nnuammaa adi bem. Wo bɔne mu yɛ duru sene wɔn deɛ, enti ayɛ sɛ wɔtene sene wo. Ɛnneɛ afei gye wʼanimguaseɛ na wama ayɛ sɛ wo nnuammaa tene.
Especially you, show your own shame; in this way you have shown that your sisters were better than you, because of the sins you committed in all those disgusting ways. Your sisters now seem better than you. Especially you, show your own shame, for in this way you have shown that your sisters were better than you.
53 “‘Nanso, mede Sodom siadeɛ ne ne mmammaa, Samaria siadeɛ ne ne mmammaa bɛma wɔn, na mede wo siadeɛ bɛka ho,
For I will restore their fortunes—the fortunes of Sodom and her daughters, and the fortunes of Samaria and her daughters; but your fortunes will be among them.
54 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛgye wʼanimguaseɛ na wʼani bɛwu wɔ deɛ woayɛ de ama wɔn ahotɔ nyinaa ho.
On account of these things you will show your shame; you will be humiliated because of everything that you have done, and in this way you will be a comfort to them.
55 Na wo nuammaa Sodom ne ne mmammaa, Samaria ne ne mmammaa bɛsane akɔ wɔn tebea dada mu, na wo ne wo mmammaa nso bɛsane akɔ mo dada mu.
So your sister Sodom and her daughters will be restored to their former condition, and Samaria and her daughters will be restored to their former estate. Then you and your daughters will be restored to your former condition.
56 Anka woremmɔ wo nuabaa Sodom din wɔ wʼahohoahoa ɛda,
Sodom your sister was not even mentioned by your mouth in the days when you were proud,
57 kɔsi sɛ wʼamumuyɛ ho daa hɔ. Ɛbɛsi ɛnnɛ Edom mmammaa bɔ wo ahohora, wɔne wɔn a atwa wɔn ho ahyia ne Filistifoɔ mmammaa, ɛne wɔn a atwa wo ho ahyia a wɔbɔ wo ahohora nyinaa.
before your wickedness was revealed. But now you are an object of scorn to the daughters of Edom and to all the daughters of the Philistines around her. People all about despise you.
58 Deɛ ɛbɛfiri nneɛma fi a woyɛ ne wʼakyiwadeɛ mu aba no bɛda wo so, Awurade asɛm nie.
You will show your shame and your disgusting actions!—this is Yahweh's declaration!
59 “‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ne wo bɛdi no sɛdeɛ ɛfata, ɛfiri sɛ woasɛe mʼapam de abu me ntam animtiaa.
The Lord Yahweh says this: I will deal with you as you deserve, you who have despised your oath by breaking the covenant.
60 Nanso mɛkae apam a me ne wo yɛɛ wo mmabunu berɛ mu, na me ne wo bɛyɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ.
But I myself will call to mind my covenant with you made in the days of your youth, and I will establish an everlasting covenant with you.
61 Afei wobɛkae wʼakwan na wʼani awu ɛberɛ a wo nsa aka wo nuammaa; wɔn a wɔanyini sene woɔ ne nkumaa nyinaa. Mede wɔn bɛma wo sɛ wo mmammaa, nanso ɛrennyina apam a me ne wo ayɛ no so.
Then you will call to mind your ways and be ashamed when you receive your older sisters and your younger sisters. I will give them to you as daughters, but not because of your covenant.
62 Enti me ne wo bɛyɛ apam na wobɛhunu sɛ mene Awurade.
I myself will establish my covenant with you, and you will know that I am Yahweh.
63 Afei sɛ meyɛ mpata ma wo wɔ deɛ woayɛ nyinaa ho a, wobɛkae na wʼani bɛwu na woremmue wʼano bio wɔ brɛ a wɔabrɛ wo ase enti, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’”
Because of these things, you will call everything to mind and be ashamed, so you will no longer open your mouth to speak because of your shame, when I have forgiven you for all that you have done—this is the Lord Yahweh's declaration.'”