< Hesekiel 13 >

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
And the word of the LORD came to me, saying,
2 “Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Israel adiyifoɔ a wɔhyɛ nkɔm seesei. Ka kyerɛ wɔn a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm no sɛ: ‘Montie Awurade asɛm!
Son of man, prophesy against the prophets of Israel that prophesy, and say thou to them that prophesy out of their own hearts, Hear ye the word of the LORD;
3 Yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Nnome nka adiyifoɔ nkwaseafoɔ a wɔdi wɔn ankasa honhom akyi na wɔnhunuu hwee no.
Thus saith the Lord GOD; Woe to the foolish prophets, that follow their own spirit, and have seen nothing!
4 Ao Israelfoɔ, mo adiyifoɔ yi te sɛ mmubuiɛ mu kɔkɔbo.
O Israel, thy prophets are like the foxes in the deserts.
5 Monkɔeɛ sɛ morekɔsiesie afasuo no afaafa a abubu no ama Israel efie, sɛdeɛ ɛbɛtumi agyina pintinn wɔ ɔko no ano, Awurade ɛda no.’
Ye have not gone up into the gaps, neither made up the hedge for the house of Israel to stand in the battle in the day of the LORD.
6 Wɔn adehunu yɛ atorɔ, na wɔn adebisa yɛ nnaadaa. Wɔka sɛ, ‘Awurade aka sɛ,’ wɔ ɛberɛ a Awurade nsomaa wɔn, nanso wɔhwɛ anim sɛ wɔn nkɔmhyɛ bɛba mu.
They have seen vanity and lying divination, saying, The LORD saith: and the LORD hath not sent them: and they have made others to hope that they would confirm the word.
7 Sɛ wɔka sɛ, ‘Yei na Awurade seɛ’, wɔ ɛberɛ a menkasaeɛ a, na wɔn anisoadehunu nnyɛ atorɔ? Na wɔn adebisa nso, ɛnnyɛ nnaadaa anaa?
Have ye not seen a vain vision, and have ye not spoken a lying divination, though ye say, The LORD saith it; although I have not spoken?
8 “Ɛno enti, sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: ‘Mo nsɛm a ɛyɛ atorɔ ne mo nnaadaa anisoadehunu enti, me ne mo anya’, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
Therefore thus saith the Lord GOD; Because ye have spoken vanity, and seen lies, therefore, behold, I am against you, saith the Lord GOD.
9 Me nsa bɛtia adiyifoɔ a wɔn anisoadehunu yɛ atorɔ na wɔn abisa yɛ nnaadaa. Wɔremfra me nkurɔfoɔ badwafoɔ mu, na wɔrentwerɛ wɔn din wɔ Israel efie nwoma no mu, na wɔn nan rensi Israel asase so. Na afei wɔbɛhunu sɛ mene Otumfoɔ Awurade.
And my hand shall be upon the prophets that see vanity, and that divine lies: they shall not be in the assembly of my people, neither shall they be written in the writing of the house of Israel, neither shall they enter into the land of Israel; and ye shall know that I am the Lord GOD.
10 “Esiane sɛ wɔama me nkurɔfoɔ ayera ɛkwan, na wɔka sɛ ‘Asomdwoeɛ’, wɔ ɛberɛ a asomdwoeɛ nni hɔ, na afei, sɛ wɔto ɔfasuo a ɛnni ahoɔden bi a wɔde akaadoo afa so enti,
Because, even because they have seduced my people, saying, Peace; and there was no peace; and one built up a wall, and, lo, others daubed it with untempered mortar:
11 ka kyerɛ wɔn a wɔka akaadoo no sɛ, ɔfasuo no rebɛbu. Osubrane bɛtɔ, na mɛsoma asukɔtweaa, na mframa a ano yɛ den bɛbɔ.
Say to them who daub it with untempered mortar, that it shall fall: there shall be an overflowing shower; and ye, O great hailstones, shall fall; and a stormy wind shall rend it.
12 Na sɛ ɔfasuo no bu gu fam a, nnipa remmisa wɔn sɛ, ‘ɛhe na akaadoo a wɔde sraa ho no afa’ anaa?
Lo, when the wall hath fallen, shall it not be said to you, Where is the daubing with which ye have daubed it?
13 “Ɛno enti, deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: ‘Mʼabufuhyeɛ mu, mɛma ahum atu, na mʼabufuo mu no, asukɔtweaa ne osubrane de adesɛeɛ ahoɔden atɔ.
Therefore thus saith the Lord GOD; I will even rend it with a stormy wind in my fury; and there shall be an overflowing shower in my anger, and great hailstones in my fury to consume it.
14 Mɛdwiri ɔfasuo a mode akaadoo afa ho no na mabubu agu fam ama ne fapem ho ada hɔ. Sɛ ɔfasuo no hwe ase a, wɔbɛsɛe mo wɔ mu, na mobɛhunu sɛ mene Awurade.
So will I break down the wall that ye have daubed with untempered mortar, and bring it down to the ground, so that its foundation shall be made bare, and it shall fall, and ye shall be consumed in the midst of it: and ye shall know that I am the LORD.
15 Enti mede mʼabufuhyeɛ bɛkɔ ɔfasuo no ne wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no so. Mɛka akyerɛ mo sɛ, ɔfasuo no nni hɔ bio, na saa ara na wɔn a wɔde akaadoo sraa ho no nni hɔ.
Thus will I accomplish my wrath upon the wall, and upon them that have daubed it with untempered mortar, and will say to you, The wall is no more, neither they that daubed it;
16 Wɔyɛ Israel adiyifoɔ a wɔhyɛɛ nkɔm maa Yerusalem na wɔhunuu asomdwoeɛ anisoadeɛ, wɔ ɛberɛ a asomdwoeɛ nni hɔ’, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.
That is, the prophets of Israel who prophesy concerning Jerusalem, and who see visions of peace for her, and there is no peace, saith the Lord GOD.
17 “Afei, onipa ba, ma wʼani nkɔ wo mmaa a wɔbɔ wɔn tirim hyɛ nkɔm so. Hyɛ nkɔm tia wɔn
Likewise, thou son of man, set thy face against the daughters of thy people, who prophesy out of their own heart; and prophesy thou against them,
18 na ka sɛ, ‘Yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Nnome nka mmaa a wɔpempam ntafowayie dwomfadeɛ hyehyɛ wɔn abakɔn na wɔpempam nkatanimu ntiawa ne atentene kata wɔn anim de sum nnipa afidie. Mobɛsum me nkurɔfoɔ nkwa afidie, na mo deɛ, moakora mo deɛ?
And say, Thus saith the Lord GOD; Woe to the women that sew magic charms on all wrists, and make kerchiefs upon the head of every stature to hunt souls! Will ye hunt the souls of my people, and will ye save the souls alive that come to you?
19 Moasopa me wɔ me nkurɔfoɔ mu de agye atokoɔ nsabuo kakra bi ne burodo asinasini. Monam atorɔ a modi kyerɛ me nkurɔfoɔ a wɔtie atorɔ so akunkum wɔn a anka ɛnsɛ sɛ wɔ wuwu, na moama wɔn a anka ɛnsɛ sɛ wɔtena nkwa mu no afa wɔn ho adi.
And will ye profane me among my people for handfuls of barley and for pieces of bread, to slay the souls that should not die, and to save the souls alive that should not live, by your lying to my people that hear your lies?
20 “‘No enti, yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Metia mo ntafowayie dwomfadeɛ a mode sum nkurɔfoɔ afidie sɛ nnomaa no, na mɛtete afiri mo abasa so; mɛgyaa nnipa a mosum wɔn afidie sɛ nnomaa no.
Therefore thus saith the Lord GOD; Behold, I am against your magic charms, by which ye there hunt the souls to make them fly, and I will tear them from your arms, and will let the souls go, even the souls that ye hunt to make them fly.
21 Mɛtete mo nkatanimu no mu afiri mo anim, na magye me nkurɔfoɔ nkwa afiri mo nsam, na morennya wɔn so tumi bio. Afei mobɛhunu sɛ me ne Awurade.
Your kerchiefs also will I tear, and deliver my people out of your hand, and they shall no more be in your hand to be hunted; and ye shall know that I am the LORD.
22 Esiane sɛ mode atorɔ maa teneneefoɔ aba mu buiɛ wɔ ɛberɛ a menhyɛɛ wɔn awerɛhoɔ, na mohyɛɛ amumuyɛfoɔ nkuran sɛ wɔnkɔ so wɔ wɔn akwan bɔne so na moagye wɔn nkwa no
Because with lies ye have made the heart of the righteous sad, whom I have not made sad; and strengthened the hands of the wicked, that he should not return from his wicked way, by promising him life:
23 enti, morenhunu atorɔ anisoadeɛ bio na mobɛgyae ntafowayie nso. Mɛgye me nkurɔfoɔ afiri mo nsa mu, na afei mobɛhunu sɛ me ne Awurade no.’”
Therefore ye shall see no more vanity, nor divine divinations: for I will deliver my people out of your hand: and ye shall know that I am the LORD.

< Hesekiel 13 >