< Hesekiel 12 >
1 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
2 “Onipa ba, wote nnipa a wɔte atua mu. Wɔwɔ ani nanso wɔnnhunu adeɛ. Wɔwɔ aso nanso wɔnte asɛm, ɛfiri sɛ wɔyɛ nnipa atuatefoɔ.
“Onipa ba, wote nnipa a wɔtew atua mu. Wɔwɔ ani nanso wonhu ade, wɔwɔ aso nanso wɔnte asɛm, efisɛ wɔyɛ nnipa atuatewfo.
3 “Enti, onipa ba, boaboa wo nneɛma ano ma asutwa, na adekyeɛ mu a wɔrehwɛ no, firi deɛ wowɔ, na kɔ beaeɛ foforɔ. Ɛwom sɛ wɔyɛ atuatefoɔ deɛ, nanso ebia wɔbɛte aseɛ.
“Enti onipa ba, boaboa wo nneɛma ano ma asutwa, na adekyee mu a wɔrewɛn no, fi nea wowɔ, na kɔ beae foforo. Ebia wɔbɛte ase, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ atuatewfo.
4 Adekyeɛ mu a wɔrehwɛ no, fa wo nneɛma a woaboa ano ama asutwa no pue. Afei anwummerɛ a wɔrehwɛ no, firi adi sɛdeɛ wɔn atukɔfoɔ yɛ no.
Adekyee mu a wɔrewɛn no, fa wo nneɛma a woaboa ano ama asutwa no pue. Afei anwummere a wɔrewɛn no, fi adi sɛnea wɔn a wotwa wɔn asu yɛ no.
5 Ɛberɛ a wɔrehwɛ no, tu ɔfasuo no mu tokuro na yi wo nneɛma no fa mu.
Bere a wɔrewɛn no, tu ɔfasu no mu tokuru na yi wo nneɛma no fa mu.
6 Fa to wo mmatire so, ɛberɛ a wɔrehwɛ, na afei adeɛ resa a, soa kɔ. Kata wʼanim sɛdeɛ wonhunu asase no, ɛfiri sɛ mayɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ ama Israel efie.”
Fa to wo mmati so, bere a wɔrewɛn, na afei anim biribiri a, soa kɔ. Kata wʼanim sɛnea wunhu asase no, efisɛ mede wo ayɛ nsɛnkyerɛnne ama Israelfi.”
7 Enti meyɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no. Adekyeɛ mu no, mede me nneɛma a maboa ano ama asutwa no pueeɛ. Anwummerɛ no, mede me nsa tuu tokuro wɔ ɔfasuo no mu, na adeɛ resa no, meyii me nneɛma no soaa no me mmatire so a wɔrehwɛ.
Enti meyɛɛ sɛnea wɔhyɛɛ me no. Adekyee mu no, mede me nneɛma a maboa ano ama asutwa no puei. Anwummere no, mede me nsa tuu tokuru wɔ ɔfasu no mu, na anim biribirii no, miyii me nneɛma no soaa wɔ me mmati so a wɔrehwɛ.
8 Adekyeɛ no, Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
Adekyee no, Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
9 “Onipa ba, saa Israel efie atuatefoɔ no ammisa wo sɛ, ‘Ɛdeɛn na woreyɛ yi?’
“Onipa ba, saa Israelfi atuatewfo no ammisa wo se, ‘Dɛn na woreyɛ yi?’
10 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Saa nkɔmhyɛ yi fa ɔhene babarima a ɔwɔ Yerusalem ne Israel efie a wɔwɔ hɔ nyinaa ho.
“Ka kyerɛ wɔn se, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Saa nkɔmhyɛ yi fa ɔhene babarima a ɔwɔ Yerusalem ne Israelfi a wɔwɔ hɔ nyinaa ho.
11 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Meyɛ nsɛnkyerɛnnedeɛ ma mo.’ “Sɛdeɛ mayɛ no, saa ara na wɔbɛyɛ wɔn. Wɔbɛtwa wɔn asuo akɔ nnommumfa mu.
Ka kyerɛ wɔn se, ‘Meyɛ nsɛnkyerɛnne ma mo.’ “Sɛnea mayɛ no, saa ara na wɔbɛyɛ wɔn. Wobetwa wɔn asu akɔ nnommum mu.
12 “Ɔhene ba a ɔwɔ wɔn mu no de nʼadesoa bɛto ne batiri so ɛberɛ a adeɛ resa, na wafiri hɔ, na wɔbɛtu tokuro wɔ ɔfasuo no mu ama wafa mu. Ɔbɛkata nʼanim sɛdeɛ ɔrenhunu faako a ɔrekorɔ.
“Ɔhene ba a ɔwɔ wɔn mu no de nʼadesoa bɛto ne mmati so bere a anim rebiribiri na wafi hɔ, na wobetu tokuru wɔ ɔfasu no mu ama wafa mu. Ɔbɛkata nʼanim sɛnea ɔrenhu faako a ɔrekɔ.
13 Mɛto mʼatena agu no so na makyere no wɔ mʼafidie mu; mede no bɛkɔ Babilonia Kaldeafoɔ asase so, nanso ɔrenhunu, na ɛhɔ na ɔbɛwu.
Mɛtrɛw mʼasau mu agu ne so na makyere no wɔ mʼafiri mu; mede no bɛkɔ Babilonia Kaldeafo asase so, nanso ɔrenhu na hɔ na obewu.
14 Mɛhwete wɔn a atwa ne ho ahyia nyinaa akɔ mmaa nyinaa; nʼadwumayɛfoɔ ne nʼasraafoɔ nyinaa, na mede akofena ataa wɔn.
Mɛhwete wɔn a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa akɔ mmaa nyinaa; nʼadwumayɛfo ne nʼasraafo nyinaa, na mede afoa ataa wɔn.
15 “Ɛberɛ a mabɔ wɔn apete amanaman so, na mahwete wɔn agu nsase so no, wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade no.
“Bere a mahwete wɔn akɔ amanaman so, na mahwete wɔn agu nsase so no, wobehu sɛ me ne Awurade no.
16 Nanso mɛma wɔn mu kakra anya wɔn tiri adidi mu wɔ ɔkɔm, ɔyaredɔm ne akofena ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn ani bɛba wɔn akyiwadeɛ ahodoɔ no so wɔ aman a wɔbɛkɔ so no mu. Afei wɔbɛhunu sɛ me ne Awurade no.”
Nanso mɛma wɔn mu kakra anya wɔn ti adidi mu wɔ ɔkɔm, ɔyaredɔm ne afoa ano, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ani bɛba wɔn akyiwade ahorow no so wɔ aman a wɔbɛkɔ so no mu. Afei wobehu sɛ me ne Awurade no.”
17 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
18 “Onipa ba, sɛ woredidi a, ma wo ho nwoso, na fa ehu nom wo nsuo.
“Onipa ba, sɛ woredidi a ma wo ho nwosow, na fa hu nom wo nsu.
19 Ka kyerɛ nnipa a wɔwɔ asase no so sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka fa wɔn a wɔte Yerusalem ne Israel asase so ho: Wɔde ahopereɛ bɛdidi na wɔde abasamutuo anom nsuo, ɛfiri sɛ wɔbɛsɛe asase no so nneɛma nyinaa, ɛsiane wɔn a wɔtete soɔ no akakabensɛm enti.
Ka kyerɛ nnipa a wɔwɔ asase no so no se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade ka fa wɔn a wɔte Yerusalem ne Israel asase so no ho: Wɔde ahopere bedidi na wɔde abasamtu anom nsu, efisɛ wɔbɛsɛe asase no so nneɛma nyinaa, esiane wɔn a wɔtete so no akakabensɛm nti.
20 Wɔbɛsɛe nkuro a nnipa tete soɔ no nyinaa na asase no bɛda mpan. Afei wobɛhunu sɛ mene Awurade no.’”
Wɔbɛsɛe nkurow a nnipa tete so no nyinaa na asase no bɛda mpan. Afei wubehu sɛ mene Awurade no.’”
21 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
22 “Onipa ba, abɛbuo a mowɔ wɔ Israel sɛ, ‘Nna no retwam nanso Israel anisoadehunu biara mma mu’ yi, aseɛ ne sɛn?
“Onipa ba, bɛ a mowɔ wɔ Israel a ese, ‘Nna no twa mu nanso Israel anisoadehu biara mma mu,’ yi ase ne dɛn?
23 Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛma abɛbuo yi aso ha ara, na wɔrenka wɔ Israel bio.’ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nna a anisoadehunu biara bɛba mu no abɛn.
Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merebɛma bɛ yi aso ha ara, na wɔrenka wɔ Israel bio.’ Ka kyerɛ wɔn se, ‘Nna a anisoadehu biara bɛba mu no abɛn.
24 Na atorɔ anisoadehunu ne nnaadaa abisa wɔ Israelfoɔ mu no to bɛtwa.
Na atoro anisoadehu ne nnaadaa abisa wɔ Israelfo mu no to betwa.
25 Nanso me Awurade, mɛka deɛ ɛsɛ sɛ meka, na ɛrenkyɛre, ɛbɛba mu. Na mo atuatefoɔ efie, mo berɛ so, mɛma deɛ maka biara aba mu. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ.’”
Nanso me Awurade, mɛka nea ɛsɛ sɛ meka na ɛrenkyɛ na ɛbɛba mu. Na mo atuatewfo, mo bere so na mɛma nea maka biara no aba mu. Sɛɛ na Otumfo Awurade se.’”
26 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
Awurade asɛm baa me nkyɛn se,
27 “Onipa ba, Israel efie reka sɛ, ‘Anisoadeɛ a ɔhunu no bɛba mu mfeɛ bebree akyi, na nneɛma a ɛwɔ daakye akyirikyiri ho nkɔm na ɔhyɛ.’
“Onipa ba, Israelfi reka se, ‘Anisoade a ohu no bɛba mu mfe bebree akyi, na nneɛma a ɛwɔ daakye akyirikyiri ho nkɔm na ɔhyɛ.’
28 “Ɛno enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Merentwe me nsɛm nkɔ nkyiri bio. Deɛ meka biara bɛba mu, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.’”
“Ɛno nti ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Merentwe me nsɛm nkɔ kyi bio, nea meka biara bɛba mu, Otumfo Awurade na ose.’”