< Hesekiel 11 >

1 Afei, honhom no pagyaa me de me baa Awurade efie ɛpono a ani kyerɛ apueeɛ fam no ano. Na mmarima aduonu enum wɔ hɔ, na mehunuu Asur babarima Yaasania ne Benaia babarima Pelatia a wɔyɛ nnipa no ntuanofoɔ.
Afei honhom no maa me so de me baa Awurade fi pon a ani kyerɛ apuei fam no ano. Na mmarima aduonu anum wɔ hɔ, na mihuu Asur babarima Yaasania ne Benaia babarima Pelatia a wɔyɛ nnipa no ntuanofo.
2 Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, yeinom ne mmarima a wɔrebɔ pɔ bɔne na wɔtu fo bɔne wɔ kuropɔn yi mu.
Awurade ka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, eyinom ne mmarima a wɔbɔ pɔw bɔne na wotu fo bɔne wɔ kuropɔn yi mu.
3 Wɔka sɛ, ‘Ɛberɛ a wɔde sisi afie nnuru so anaa? Kuropɔn no ayɛ sɛ dadesɛn, ɛnna yɛayɛ ɛnam a dadesɛn no bɔ yɛn ho ban.’
Wɔkae se, ‘Bere a wɔde sisi afi no nnuu so ana? Kuropɔn yɛ dadesɛn, na yɛyɛ nam.’
4 Ɛno enti hyɛ nkɔm tia wɔn. Hyɛ nkɔm onipa ba.”
Ɛno nti hyɛ nkɔm tia wɔn, hyɛ nkɔm, onipa ba.”
5 Afei, Awurade Honhom baa me so na ɔka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ Israelfoɔ sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ. Menim deɛ moreka, ɛfiri sɛ menim nsusuiɛ a ɛwɔ mo adwene mu.
Afei, Awurade Honhom baa me so na ɔka kyerɛɛ me se menka se, “Sɛɛ na Awurade se: Saa na moreka, mo Israel akannifo, nanso minim nsusuwii a ɛwɔ mo adwene mu.
6 Moakunkum nnipa bebree wɔ kuropɔn yi mu, na mode afunu ahyɛ ne mmɔntene so ma.
Moakunkum nnipa bebree wɔ kuropɔn yi mu, na mode afunu ahyehyɛ ne mmɔnten so amaama.
7 “Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Kuro no yɛ dadesɛn deɛ, nanso emu ɛnam no yɛ nnipa a mode atirimuɔden akunkum wɔn apete hɔ. Ɛno enti, mɛpam mo afiri mu.
“Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Afunu a moatotow apete hɔ no yɛ nam na kuropɔn yi ne dadesɛn no, nanso mɛpam mo afi mu.
8 Mosuro akofena, na ɛno ara na mede bɛba mo so, sei na Awurade seɛ.
Musuro afoa, na ɛno ara na mede bɛba mo so, sɛɛ na Awurade se.
9 Mɛpam mo afiri kuropɔn no mu na mede mo ahyɛ ananafoɔ nsa, na matwe mo aso.
Mɛpam mo afi kuropɔn no mu na mede mo ahyɛ ananafo nsa, na matwe mo aso.
10 Mobɛtotɔ akofena ano, na mɛbu mu atɛn wɔ Israel asase so. Afei, mobɛhunu sɛ mene Awurade no.
Mobɛtotɔ wɔ afoa ano, na mebu mu atɛn wɔ Israel asase so. Afei mubehu sɛ mene Awurade no.
11 Saa kuropɔn yi remmɔ mo ho ban sɛdeɛ dadesɛn bɔ ɛnam a ɛwɔ mu no ho ban; Mɛbu mo atɛn wɔ Israel asase so.
Saa kuropɔn yi remmɔ mo ho ban sɛnea dadesɛn bɔ nam a ɛwɔ mu no ho ban no; Mebu mo atɛn wɔ Israel asase so.
12 Na mobɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛfiri sɛ, moanni mʼahyɛdeɛ so, moapo me mmara, na deɛ aman a atwa mo ahyia no yɛ no na mo nso moyɛ.”
Na mubehu sɛ mene Awurade no, efisɛ moanni mʼahyɛde so, moapo me mmara na nea aman a atwa mo ho ahyia no yɛ no na mo nso moyɛ.”
13 Afei ɛberɛ a megu rehyɛ nkɔm no, Benaia babarima Pelatia wuiɛ. Na mede mʼanim butuu fam suu denden sɛ, “Aa Otumfoɔ Awurade, wobɛtɔre Israel nkaeɛfoɔ yi ase koraa anaa?”
Afei bere a migu so rehyɛ nkɔm no, Benaia babarima Pelatia wui. Na mede mʼanim butuw fam suu dennen se, “Aa, Otumfo Awurade, wobɛtɔre Israel nkae yi ase koraa ana?”
14 Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ,
15 “Onipa ba, wo nua mmarimma, wɔn a wo ne wɔn yɛ mogya baako ne Israel efie nyinaa, nnipa a wɔwɔ Yerusalem kasa fa wɔn ho sɛ, ‘Saa nkurɔfoɔ a wɔkɔɔ nnommum no ne Awurade ntam ɛkwan ware, ɛno enti na wɔde wɔn asase yi ama yɛn sɛ yɛn agyapadeɛ.’”
“Onipa ba, wo nuabarimanom, wɔn a wo ne wɔn yɛ mogya baako ne Israelfi nyinaa, nnipa a wɔwɔ Yerusalem kasa fa wɔn ho se, ‘Wɔne Awurade ntam kwan ware, na wɔde saa asase yi maa yɛn sɛ yɛn agyapade.’”
16 “Ɛno enti ka sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛwom sɛ mede wɔn kɔɔ akyirikyiri wɔ amanaman mu, hwetee wɔn guu nsase so deɛ, nanso berɛ tiawa bi mu no, meyɛɛ wɔn kronkronbea wɔ nsase a na wɔwɔ soɔ no so.’
“Ɛno nti ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛwɔ mu sɛ mede wɔn kɔɔ akyirikyiri wɔ amanaman mu, hwetee wɔn guu nsase so de, nanso bere tiaa bi mu no meyɛɛ wɔn kronkronbea wɔ nsase a na wɔwɔ so no so.’
17 “Enti ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Mɛboaboa mo ano afiri amanaman no ne nsase a mehwetee mo guu soɔ no asane aba, na mede Israel asase bɛsane ama mo.’
“Enti ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mɛboaboa mo ano afi amanaman no ne nsase a mehwetee mo guu so no asan aba, na mede Israel asase bɛsan ama mo.’
18 “Wɔbɛsane aba so na wɔayiyi nsɛsodeɛ tantane ne ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ no nyinaa.
“Wɔbɛsan aba so na wɔayiyi nsɛsode atantan ne ahoni a ɛyɛ akyiwade no nyinaa.
19 Mɛma wɔn akoma korɔ na mede honhom foforɔ ahyɛ wɔn mu; mɛyi wɔn akomaden no na mama wɔn akoma a ɛyɛ mmrɛ.
Mɛma wɔn koma koro na mede honhom foforo ahyɛ wɔn mu; meyi wɔn komaden no na mama wɔn koma a ɛyɛ mmerɛw.
20 Afei wɔbɛdi mʼahyɛdeɛ so na wɔahwɛ akora me mmara yie. Wɔbɛyɛ me nkurɔfoɔ, na mayɛ wɔn Onyankopɔn.
Afei wobedi mʼahyɛde so na wɔahwɛ akora me mmara yiye. Wɔbɛyɛ me nkurɔfo na mayɛ wɔn Nyankopɔn.
21 Nanso wɔn a wɔde wɔn akoma ama nsɛsodeɛ tantane ne ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ no deɛ, mɛma deɛ wɔayɛ no abɔ wɔn tiri so, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ.”
Nanso wɔn a wɔde wɔn koma ama nsɛsode atantan ne ahoni a ɛyɛ akyiwade no de, mɛma nea wɔayɛ no abɔ wɔn ti so, sɛɛ na Otumfo Awurade se.”
22 Afei, Kerubim no ne wɔn ntwahonan trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu, na Israel Onyankopɔn animuonyam konkɔnn wɔn so.
Afei kerubim no ne wɔn nkyimii trɛtrɛw wɔn ntaban mu, na Israel Nyankopɔn anuonyam konkɔn wɔn so.
23 Awurade animuonyam pagyaa ne ho firii kuropɔn no mu kɔgyinaa bepɔ a ɛwɔ apueeɛ fam no atifi.
Awurade anuonyam maa ne ho so fii kuropɔn no mu kogyinaa bepɔw a ɛwɔ apuei fam no atifi.
24 Honhom no pagyaa me de me baa atukɔfoɔ a wɔwɔ Babilonia no nkyɛn wɔ anisoadehunu a Onyankopɔn Honhom maa me no mu. Afei anisoadeɛ a mehunuiɛ no firii me so kɔɔ soro.
Honhom no maa me so de me baa nnommum a wɔwɔ Babilonia no nkyɛn wɔ anisoadehu a Onyankopɔn Honhom maa me no mu. Afei anisoade a mihuu no fii me so kɔɔ ɔsoro.
25 Na mekaa biribiara a Awurade yi kyerɛɛ me no kyerɛɛ atukɔfoɔ no.
Na mekaa biribiara a Awurade yi kyerɛɛ me no kyerɛɛ nnommum no.

< Hesekiel 11 >