< Hesekiel 10 >
1 Mehwɛeɛ, na mehunuu biribi te sɛ aboɔdemmoɔ ahennwa a ɛhoho ntrɛmu a ɛwɔ Kerubim apampam no so.
이에 내가 보니 그룹들 머리 위 궁창에 남보석 같은 것이 나타나는데 보좌 형상 같더라
2 Na Awurade ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera no sɛ, “Kɔhyɛ ntwahonan a ɛwɔ Kerubim ase no mu. Fa egyasramma nsabuo firi Kerubim no mu na to pete kuropɔn no so.” Megu so rehwɛ no, ɔkɔhyɛɛ mu.
하나님이 가는 베옷 입은 사람에게 일러 가라사대 너는 그룹 밑바퀴 사이로 들어가서 그 속에서 숯불을 두 손에 가득히 움켜 가지고 성읍 위에 흩으라 하시매 그가 내 목전에 들어가더라
3 Afei na Kerubim no gyinagyina asɔredan no anafoɔ fam ɛberɛ a ɔbarima no kɔhyɛnee mu no, na omununkum kɔhyɛɛ emu fam adihɔ hɔ ma.
그 사람이 들어갈 때에 그룹들은 성전 우편에 섰고 구름은 안 뜰에 가득하며
4 Na Awurade animuonyam pagyaa ne ho firii Kerubim no atifi kɔɔ asɔredan no aboboano. Omununkum no yɛɛ asɔredan no ma na Awurade animuonyam hyerɛn yɛɛ adihɔ hɔ ma.
여호와의 영광이 그룹에서 올라 성전 문지방에 임하니 구름이 성전에 가득하며 여호와의 영화로운 광채가 뜰에 가득하였고
5 Kerubim ntaban no nnyegyeeɛ no, na wɔte wɔ mfikyire fam adihɔ hɔ te sɛ Otumfoɔ Onyankopɔn nne, ɛberɛ a ɔrekasa.
그룹들의 날개 소리는 바깥 뜰까지 들리는데 전능하신 하나님의 말씀하시는 음성 같더라
6 Ɛberɛ a Awurade hyɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera no sɛ, “Yi egyasramma firi ntwahonan no mu, firi Kerubim no ase no,” ɔbarima no kɔɔ mu kɔgyinaa ntwahonan no baako ho.
하나님이 가는 베옷 입은 자에게 명하시기를 바퀴 사이 곧 그룹들 사이에서 불을 취하라 하셨으므로 그가 들어가 바퀴 옆에 서매
7 Afei, Kerubim no mu baako tenee ne nsa hyɛɛ egyasramma a ɛwɔ wɔn mu no mu. Ɔfaa mu bi de hyɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera no nsam, na ɔno nso gyeeɛ de firii adi.
한 그룹이 그룹들 사이에서 손을 내밀어 그 그룹들 사이에 있는 불을 취하여 가는 베옷 입은 자의 손에 주매 그가 받아 가지고 나가는데
8 (Na wɔhunu biribi te sɛ onipa nsa wɔ Kerubim no ntaban ase.)
그룹들의 날개 밑에 사람의 손 같은 것이 나타났더라
9 Mehwɛeɛ, na mehunuu ntwahonan ɛnan a baako biara gyina Kerubim nkyɛn, na ntwahonan no pa yerɛ yerɛ te sɛ sikabereɛboɔ.
내가 보니 그룹들 곁에 네 바퀴가 있는데 이 그룹 곁에도 한 바퀴가 있고 저 그룹 곁에도 한 바퀴가 있으며 그 바퀴 모양은 황옥 같으며
10 Sɛdeɛ ɛteɛ no deɛ, na ntwahonan no nyinaa sesɛ; ebiara wɔ ntwahonan foforɔ hyɛ mu.
그 모양은 넷이 한결 같은데 마치 바퀴 안에 바퀴가 있는 것 같으며
11 Sɛ wɔnam a, wɔn nyinaa de wɔn anim kyerɛ deɛ Kerubim baako de nʼanim bɛkyerɛ. Ntwahonan no nnane wɔn ho ɛberɛ a Kerubim no nam. Kerubim no kɔ tee deɛ etire no anim kyerɛ a ɔnnane ne ho.
그룹들이 행할 때에는 사방으로 향한대로 돌이키지 않고 행하되 돌이키지 않고 그 머리 향한 곳으로 행하며
12 Wɔn ho nyinaa, wɔn akyi, wɔn nsa ne wɔn ntaban nyinaa, aniwa tuatua ho. Saa ara na ntwahonan ɛnan no nso teɛ.
그 온 몸과 등과 손과 날개와 바퀴 곧 네 그룹의 바퀴의 둘레에 다 눈이 가득하더라
13 Metee sɛ wɔrefrɛ ntwahonan no, “kyinhyia ntwahonan.”
내가 들으니 그 바퀴들을 도는 것이라 칭하며
14 Kerubim no mu biara wɔ anim ɛnan. Anim baako te sɛ kerub, deɛ ɛtɔ so mmienu te sɛ onipa anim, deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa te sɛ gyata anim, deɛ ɛtɔ so ɛnan te sɛ ɔkɔdeɛ anim.
그룹들은 각기 네 면이 있는데 첫 면은 그룹의 얼굴이요 둘째 면은 사람의 얼굴이요 세째는 사자의 얼굴이요 네째는 독수리의 얼굴이더라
15 Afei, Kerubim no pagyaa wɔn ho. Yeinom na na wɔyɛ ateasefoɔ a na mahunu wɔn wɔ Asubɔnten Kebar ho no.
그룹들이 올라가니 그들은 내가 그발강 가에서 보던 생물이라
16 Sɛ Kerubim no keka wɔn ho a, ntwahonan a ɛwowɔ wɔn ho no nso keka wɔn ho; na sɛ Kerubim no trɛtrɛ wɔn ntaban mu pagya wɔn ho kɔ ewiem a, ntwahonan no ka wɔn ho ara.
그룹들이 행할 때에는 바퀴도 그 곁에서 행하고 그룹들이 날개를 들고 땅에서 올라가려 할 때에도 바퀴가 그 곁을 떠나지 아니하며
17 Sɛ Kerubim no gyinagyina dinn a, ntwahonan no nso gyinagyina dinn, na sɛ Kerubim no pagya wɔn ho a, wɔne wɔn pagya wɔn ho, ɛfiri sɛ, ateasefoɔ no honhom wɔ wɔn mu.
그들이 서면 이들도 서고 그들이 올라가면 이들도 함께 올라가니 이는 생물의 신이 바퀴 가운데 있음이더라
18 Afei, Awurade animuonyam no firii asɔredan no aboboano na ɛkɔgyinaa Kerubim no atifi.
여호와의 영광이 성전 문지방을 떠나서 그룹들 위에 머무르니
19 Merehwɛ no, Kerubim no trɛtrɛɛ wɔn ntaban mu pagyaa wɔn ho firii fam na ntwahonan no ne wɔn kɔɔeɛ. Wɔkɔgyinaa Awurade efie ɛpono a ɛwɔ apueeɛ fam no ano, na na Israel Onyankopɔn animuonyam wɔ wɔn atifi.
그룹들이 날개를 들고 내 목전에 땅에서 올라가는데 그들이 나갈때에 바퀴도 그 곁에서 함께 하더라 그들이 여호와의 전으로 들어가는 동문에 머물고 이스라엘 하나님의 영광이 그 위에 덮였더라
20 Yeinom ne ateasefoɔ a na mahunu wɔn wɔ Israel Onyankopɔn ase wɔ Asubɔnten Kebar ho no, na medwene hunuiɛ sɛ wɔyɛ Kerubim.
그것은 내가 그발강 가에서 본바 이스라엘 하나님의 아래 있던 생물이라 그들이 그룹들인 줄을 내가 아니라
21 Wɔn mu biara wɔ animu ɛnan ne ataban ɛnan na biribi a ɛte sɛ onipa nsa wowɔ wɔn ntaban ase.
각기 네 얼굴과 네 날개가 있으며 날개 밑에는 사람의 손 형상이 있으니
22 Wɔn nyinaa animu te sɛ deɛ na mahunu wɔ Asubɔnten Kebar ho no. Wɔn mu biara kɔ nʼanim tee.
그 얼굴의 형상은 내가 그발강 가에서 보던 얼굴이며 그 모양과 몸둥이도 그러하며 각기 곧게 앞으로 행하더라