< Hesekiel 1 >

1 Afe a ɛtɔ so aduasa no, bosome a ɛtɔ so ɛnan no ɛda a ɛtɔ so enum, ɛberɛ a na me ka atukɔfoɔ ho wɔ Asubɔnten Kebar ho no, ɔsoro bueɛ na mehunuu Onyankopɔn wɔ anisoadehunu mu.
Afe a ɛto so aduasa no, ɔsram a ɛto so anan no da a ɛto so anum no, na meka wɔn a wɔatwa wɔn asu akɔ amannɔne no ho. Mewɔ Asubɔnten Kebar ho no, ɔsoro buei, na mihuu Onyankopɔn wɔ anisoadehu mu.
2 Ɔbosome no ɛda a ɛtɔ so enum no, na ɔhene Yehoiakin adi atukorɔ mu mfeɛ enum.
Ɔsram no da a ɛto so anum no na ɔhene Yehoiakin adi mfe anum wɔ asutwa mu.
3 Awurade asɛm baa Busi babarima Hesekiel a ɔyɛ ɔsɔfoɔ nkyɛn wɔ Asubɔnten Kebar ho wɔ Babilonia asase so. Ɛhɔ na Onyankopɔn nsa baa ne so.
Awurade asɛm baa Busi babarima Hesekiel a ɔyɛ ɔsɔfo no nkyɛn wɔ Asubɔnten Kebar ho wɔ Babilonia asase so. Ɛhɔ na Onyankopɔn nsa baa ne so.
4 Mehwɛeɛ na mehunuu sɛ ahum kɛseɛ bi firi atifi fam reba, omununkum kɛseɛ bi a ɛrete ayerɛmo na hann bi a ano yɛ den atwa ho ahyia. Ogya no mfimfini te sɛ dadeɛ a asɔ kɔɔ.
Mehwɛe, na mihuu sɛ ahum kɛse bi fi atifi fam reba, omununkum kɛse bi a ɛretwa anyinam na hann bi a ano yɛ den atwa ho ahyia. Ogya no mfimfini te sɛ dade a asɔ kɔɔ.
5 Na ogya no mu na na wɔhunu biribi te sɛ ateasefoɔ ɛnan. Na wɔn su te sɛ onipa,
Na ogya no mu na na wohu biribi te sɛ ateasefo baanan. Na wɔn su te sɛ onipa,
6 wɔn mu biara anim yɛ ɛnan na wɔwowɔ ntaban ɛnan ɛnan.
wɔn mu biara anim yɛ anan na wɔwowɔ ntaban anan anan.
7 Wɔn nan yɛ kyirebenn, wɔn anammɔn te sɛ nantwie ba deɛ, na ɛhyerɛn te sɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔahoa ho.
Wɔn anan yɛ kirebenn, wɔn anammɔn te sɛ nantwi ba de na ɛhyerɛn te sɛ kɔbere mfrafrae a wɔahoa ho.
8 Wɔwowɔ nnipa nsa wɔ ntaban a ɛwowɔ afa afa ɛnan no ase. Wɔn mu biara wɔ nnipa nsa ɛnan a baako wɔ ntaban biara ase,
Wɔwowɔ nnipa nsa wɔ ntaban a ɛwowɔ afaafa anan no ase. Wɔn mu biara wɔ nnipa nsa anan a baako wɔ ntaban biara ase,
9 na wɔn ntaban keka sisi anim. Wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee a wɔnnanedane wɔn ho.
na wɔn ntaban keka sisi anim. Wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee a wɔnnan wɔn ho.
10 Na sei na wɔn anim teteɛ: Wɔn mu biara wɔ onipa anim, wɔwɔ gyata anim wɔ nifa so, wɔwɔ nantwie anim wɔ benkum so; na wɔn mu biara nso wɔ ɔkɔdeɛ anim.
Na sɛɛ na wɔn anim tete: Wɔn mu biara wɔ onipa anim, wɔwɔ gyata anim wɔ nifa so, wɔwɔ nantwi anim wɔ benkum so; na wɔn mu biara nso wɔ ɔkɔre anim.
11 Saa na na wɔn anim teteɛ. Wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban mu kɔ ɔsoro; na wɔn mu biara wɔ ntaban mmienu mmienu, a emu biara si ɔfoforɔ deɛ anim wɔ benkum ne nifa, na ntaban mmienu nso katakata wɔn ho.
Saa na na wɔn anim tete. Wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu kɔ soro; na wɔn mu biara wɔ ntaban abien abien, a mu biara si ɔfoforo de anim wɔ benkum ne nifa, na ntaban abien nso katakata wɔn ho.
12 Obiara kɔ nʼanim tee. Baabiara a honhom no bɛkɔ no, ɛhɔ na wɔbɛkɔ a wɔnnane wɔn ho.
Obiara kɔ nʼanim tee. Baabiara a honhom no bɛkɔ no, hɔ na wɔbɛkɔ a wɔnnan wɔn ho.
13 Ateasefoɔ no suban te sɛ ogyasramma a ɛrederɛ anaa ogyatɛn. Ogya di akɔneaba wɔ ateasefoɔ no mu; ɛhyerɛn na emu na anyinam firi dwidwa.
Ateasefo no suban te sɛ nnyansramma a ɛredɛw anaa ogyatɛn. Ogya di akɔneaba wɔ ateasefo no mu; ɛhyerɛn na mu na anyinam fi twitwa.
14 Na ateasefoɔ no di akɔneaba mmirika so te sɛ anyinam a ɛredwidwa.
Na ateasefo no de mmirika di akɔneaba te sɛ anyinam a ɛretwitwa.
15 Ɛberɛ a merehwɛ ateasefoɔ no, mehunuu sɛ ntwahonan si fam wɔ ateasefoɔ a wɔn mu biara anim yɛ ɛnan no nkyɛn mu.
Bere a merehwɛ ateasefo no, mihuu sɛ nkyimii si fam wɔ ateasefo a wɔn mu biara anim yɛ anan no nkyɛn mu.
16 Sei na na ntwahonan no bɔberɛ teɛ: ɛtwa yerɛ yerɛ te sɛ sikabereɛboɔ, na ɛnan no nyinaa sesɛ. Wɔayɛ emu biara te sɛ ntwahonan a ɛbea ntwahonan foforɔ mu.
Sɛɛ na na nkyimii no bɔbea te: Etwa yerɛw yerɛw te sɛ sikabereɛbo, na anan no nyinaa sesɛ. Wɔayɛ mu biara te sɛ nkyimii a ɛtoa nkyimii foforo mu.
17 Sɛ ntwahonan no nam a, wɔkɔ faako a ateasefoɔ no ani kyerɛ; ntwahonan no, ɛnnanedane ɛberɛ a ateasefoɔ no nam.
Sɛ nkyimii no nam a wɔkɔ faako a ateasefo no ani kyerɛ; nkyimii no nnan wɔn ho bere a ateasefo no nam no.
18 Wɔn nhankra no korɔn, na ɛyɛ nwanwa, na aniwa tuatua nhankra ɛnan no nyinaa ho.
Wɔn hankare no korɔn, na ɛyɛ hu, na aniwa tuatua hankare anan no nyinaa ho.
19 Sɛ ateasefoɔ no nante a, ntwahonan a ɛbatabata wɔn ho no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefoɔ no ma wɔn ho so firi fam a, ntwahonan no nso ma wɔn ho so.
Sɛ ateasefo no nantew a nkyimii a ɛbatabata wɔn ho no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefo no ma wɔn ho so fi fam a nkyimii no nso ma wɔn ho so.
20 Baabiara a honhom no bɛkɔ no, ateasefoɔ no nso bɛkɔ, na ntwahonan no bɛka wɔn ho ama wɔn ho so, ɛfiri sɛ ateasefoɔ no honhom wɔ ntwahonan no mu.
Baabiara a honhom no bɛkɔ no, ateasefo no nso bɛkɔ, na nkyimii no bɛka wɔn ho ama wɔn ho so, efisɛ ateasefo no honhom wɔ nkyimii no mu.
21 Sɛ ateasefoɔ no tu tene a, ntwahonan no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefoɔ no gyina a, wɔn nso gyina; sɛ ateasefoɔ no pagya wɔn ho a, ntwahonan no ne wɔn pagya wɔn ho, ɛfiri sɛ ateasefoɔ no honhom wɔ ntwahonan no mu.
Sɛ ateasefo no tu teɛ a nkyimii no nso kɔ saa ara; sɛ ateasefo no gyina a, wɔn nso gyina; sɛ ateasefo no pagyaw wɔn ho a nkyimii no ne wɔn pagyaw wɔn ho, efisɛ ateasefo no honhom wɔ nkyimii no mu.
22 Na ntrɛmu bi wɔ ateasefoɔ no atifi a ɛpa yerɛyerɛ te sɛ nsukyeneeɛ, na ɛyɛ nwanwa.
Na ntrɛwmu bi wɔ ateasefo no atifi a etwa yerɛw yerɛw te sɛ sukyerɛmma, na ɛyɛ hu.
23 Na wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban no mu asisi anim wɔ ntrɛmu no ase, na ateasefoɔ no mu biara wɔ ntaban mmienu a ɛkata ne ho.
Na wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban no mu asisi anim wɔ ntrɛwmu no ase, na ateasefo no mu biara wɔ ntaban abien a ɛkata ne ho.
24 Ateasefoɔ no tu teneeɛ no, metee wɔn ntaban no nnyegyeɛ, a ɛte sɛ nsuo a ɛreworo so, te sɛ Otumfoɔ no nne, anaa akodɔm hooyɛ. Sɛ wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu.
Ateasefo no tu teɛe no, metee wɔn ntaban no nnyigyei a ɛte sɛ asu a ɛworo, te sɛ Otumfo no nne, anaa asraafo huuyɛ. Sɛ wogyina a wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu.
25 Na ɛnne bi firi ntrɛmu a ɛkata wɔn so no atifi baeɛ, ɛberɛ a wɔagyaagyaa wɔn ntaban mu na wɔgyinagyina hɔ no.
Na nne bi fi ntrɛwmu a ɛkata wɔn so no atifi bae, bere a wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu na wogyinagyina hɔ no.
26 Na biribi a ɛte sɛ aboɔdemmoɔ ahennwa wɔ ntrɛmu a ɛkata ateasefoɔ no atifi so, na biribi a ɛte sɛ onipa te ahennwa so wɔ soro hɔ.
Na biribi a ɛte sɛ aboɔdemmo ahengua wɔ ntrɛwmu a ɛkata ateasefo no atifi no so, na biribi a ɛte sɛ onipa te ahengua so wɔ ɔsoro hɔ.
27 Mehunuu sɛ, ɛfiri deɛ ayɛ sɛ nʼasene mu rekɔ ne soro no, na ɔte sɛ dadeɛ a adɔ kɔɔ sɛ ogya a ano asɔ, na ɛfiri hɔ reba ne fam no, na ɔte sɛ egyadɛreɛ; na hann a ɛhyerɛn atwa ne ho ahyia.
Mihuu sɛ efi nea ayɛ sɛ nʼasen mu rekɔ ne soro no na ɔte sɛ dade a adɔ kɔɔ sɛ ogya a ano asɔ, na efi hɔ reba ne fam no na ɔte sɛ ogyaframa; na hann a ɛhyerɛn atwa ne ho ahyia.
28 Sɛdeɛ nyankontɔn to wɔ omununkum mu osutɔ ɛda no, saa ara na hann a atwa ne ho ahyia no teɛ. Yei yɛ Awurade animuonyam ahoyie no sɛso. Na mehunuuɛ no, me de mʼanim butuu fam, na metee obi a ɔrekasa nne.
Sɛnea nyankontɔn to wɔ omununkum mu osutɔ da no, saa ara na hann a atwa ne ho ahyia no te. Eyi yɛ Awurade anuonyam ahoyi no sɛso. Na mihui no, mede mʼanim butuw fam, na metee obi a ɔrekasa nne.

< Hesekiel 1 >