< 2 Mose 9 >

1 Awurade hyɛɛ Mose sɛ, “Sane kɔ Farao nkyɛn na kɔka kyerɛ no sɛ, Awurade a ɔyɛ Hebrifoɔ Onyankopɔn no pɛ sɛ wobɛma ne nkurɔfoɔ akɔbɔ afɔdeɛ ama no.”
Awurade hyɛɛ Mose se, “San kɔ Farao nkyɛn na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛnea Awurade a ɔyɛ Hebrifo Nyankopɔn no se ni,’ Ma me nkurɔfo no nkɔ na wɔatumi abɔ afɔre ama me.”
2 Sɛ wampene a,
Sɛ wampene amma wɔn ankɔ a,
3 Awurade tumi mu ɔyaredɔm bɛba abɛkum mo apɔnkɔ, mo mfunumu, mo nyoma, mo anantwie, mo nnwan ne mo mpɔnkye nyinaa.
Onyankopɔn nsa de ɔyaredɔm bɛba abekum mo apɔnkɔ, mo mfurum, mo yoma, mo anantwi, mo nguan ne mo mmirekyi nyinaa.
4 Nanso, Awurade de nsonsonoeɛ bɛto Israelfoɔ mmoa ne Misraimfoɔ mmoa ntam. Israelfoɔ mmoa deɛ, ɔbaako mpo renwu.
Nanso Awurade de nsonoe bɛto Israelfo mmoa ne Misraimfo mmoa ntam. Israelfo mmoa de, ɔbaako mpo renwu.
5 Awurade ahyɛ ɛberɛ pɔtee a ɔde ɔyaredɔm no bɛba. Ɔkaa sɛ adeɛ kye a, ɔbɛma ɔyaredɔm no aba asase no so.
Awurade ahyɛ bere pɔtee na ɔkae se, Ɔkyena, Awurade bɛyɛ eyi wɔ asase no so.
6 Na ɛbaa saa. Adeɛ kyeeɛ no, nyɛmmoa a wɔwɔ Misraim no hyɛɛ aseɛ wuwuiɛ, nanso Israelman mu deɛ, ayɛmmoa baako mpo koraa anyare.
Na ade kyee no, nyɛmmoa a wɔwɔ Misraim no wuwui, nanso Israelfo no ayɛmmoa baako mpo koraa anwu.
7 Farao somaa nnipa kɔɔ Israel kɔhwɛɛ sɛ ampa ara ɛhɔ nyɛmmoa no bi anwu koraa anaa. Nnipa no bɛbɔɔ Farao amanneɛ sɛ Israelfoɔ nyɛmmoa baako mpo koraa anwu nanso, nʼadwene ansesa. Wamma nnipa no ankɔ.
Farao somaa nnipa kɔɔ Israel kɔhwɛɛ sɛ ampa ara ɛhɔ nyɛmmoa no bi anwu koraa ana. Nnipa no bɛbɔɔ Farao amanneɛ se Israelfo nyɛmmoa baako mpo koraa anwu, nanso nʼadwene ansesa. Wamma nnipa no ankɔ.
8 Enti, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Monkɔsa nso mfiri fononoo mu, na Mose nto mpete ewiem wɔ Farao anim.
Enti Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, “Monkɔsaw nso mfi fononoo mu, na Mose ntow mpete wim wɔ Farao anim.
9 Na ɛbɛbɔ apete Misraim asase so nyinaa sɛ mfuturo ama mpɔmpɔnini asisi nnipa ne mmoa a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa.”
Na ɛbɛbɔ apete Misraim asase so nyinaa sɛ mfutuma ama mpɔmpɔnini abobɔ nnipa ne mmoa a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa.”
10 Enti, wɔkɔsaa nso firii fononoo mu de kɔɔ Farao anim, na ɔrehwɛ no, Mose to petee ewiem na ɛdanee mpɔmpɔnini sisii nnipa ne mmoa a wɔwɔ Misraim nyinaa.
Enti wɔkɔsaw nso fii fononoo mu de kɔɔ Farao anim, na ɔrehwɛ no, Mose tow petee wim na ɛdan mpɔmpɔnini bobɔɔ nnipa ne mmoa a wɔwɔ Misraim nyinaa.
11 Ɛbaa saa no, nkonyaayifoɔ no antumi ne Mose anni asie, ɛfiri sɛ, na mpɔmpɔnini no bi asisi wɔn nyinaa.
Ɛbaa saa no, nkonyaayifo no antumi ne Mose anni asi, efisɛ na mpɔmpɔnini no bi asisi wɔn nyinaa.
12 Nanso, Farao pirim nʼakoma ara, enti wantie asɛm a Awurade nam Mose so ka kyerɛɛ no no.
Nanso Farao pirim ne koma ara, enti wantie asɛm a Awurade nam Mose so ka kyerɛɛ no no.
13 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɔre kɔ Farao nkyɛn anɔpahema na kɔka kyerɛ no sɛ, Hebrifoɔ Awurade Onyankopɔn no se, ma me nkurɔfoɔ nkɔsom me.
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sɔre kɔ Farao nkyɛn anɔpahema na kɔka kyerɛ no se, Hebrifo Awurade Nyankopɔn no se, Ma me nkurɔfo nkɔsom me,
14 Afei deɛ, mede ɔhaw na ɛbɛto mo so na ɛno na ɛbɛma wo ne wʼadwumayɛfoɔ ne Misraimfoɔ nyinaa ahunu sɛ, Onyankopɔn biara nni asase yi so ka me ho.
anyɛ saa a, mede ɔhaw na ɛbɛto mo so na ɛno na ɛbɛma wo ne wʼadwumayɛfo ne Misraimfo nyinaa ahu sɛ Onyankopɔn biara nni asase yi so ka me ho.
15 Sɛ mepɛ a anka matɔre mo nyinaa ase, anka mede ɔyaredɔm bɛkum mo nyinaa.
Sɛ mepɛ a anka matɔre mo nyinaa ase, anka mede ɔyaredɔm bekum mo nyinaa.
16 Nanso manyɛ no saa, ɛfiri sɛ, na mepɛ sɛ meda me tumi adi wɔ ewiase afanan nyinaa.
Nanso manyɛ no saa, efisɛ na mepɛ sɛ meda me tumi adi kyerɛ wo ne asase sofo nyinaa.
17 Woayɛ kyɛnkyerɛnn wɔ me nkurɔfoɔ so a ɛno enti, womma wɔnkɔ.
Woayɛ kyenkyenee wɔ me nkurɔfo so a ɛno nti, womma wɔnkɔ.
18 Ɔkyena saa ɛberɛ yi ara mu, mɛma asukɔtweaa a ano yɛ den a ebi ntɔɔ Misraiman mu da atɔ.
Ɔkyena saa bere yi ara mu, mɛma mparuwbo a ano yɛ den a bi ntɔɔ Misraimman mu da atɔ.
19 Ntɛm! Monka mo anantwie a mode wɔn kɔ adidi no mmra efie. Ɛfiri sɛ, asukɔtweaa no bɛkum nnipa ne mmoa a wɔbɛka wiram no nyinaa.”
Ntɛm! Monka mo anantwi a mode wɔn kɔ adidi no mmra fie. Efisɛ mparuwbo no bekum nnipa ne mmoa a wɔbɛka wuram no nyinaa.”
20 Misraimfoɔ a asɛm no bɔɔ wɔn hu no de wɔn anantwie ne wɔn asomfoɔ nyinaa baa efie.
Misraimfo a asɛm no bɔɔ wɔn hu no de wɔn anantwi ne wɔn asomfo nyinaa baa fie.
21 Na wɔn a wɔammu Awurade asɛm a ɔkaeɛ no gyaa wɔn anantwie ne wɔn asomfoɔ wɔ wiram maa asukɔtweaa no kaa wɔn.
Na wɔn a wɔammu Awurade asɛm a ɔkae no gyaw wɔn anantwi ne wɔn asomfo wɔ wuram maa mparuwbo no kaa wɔn.
22 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Tene wo nsa kyerɛ ɔsoro na ma ampariboɔ no ntɔ ngu nnipa, mmoa ne nnua a ɛwɔ Misraiman nyinaa so.”
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Teɛ wo nsa kyerɛ soro na ma mparuwbo no ntɔ ngu nnipa, mmoa ne nnua a ɛwɔ Misraim nyinaa so.”
23 Enti, Mose de ne nsa kyerɛɛ ewiem maa Awurade maa ayerɛmo ne aprannaa dwidwaeɛ.
Enti Mose de ne nsa kyerɛɛ wim maa Awurade maa anyinam ne aprannaa twitwae.
24 Na ɛyɛ asɛm a ɛyɛ hu yie. Ɛfiri sɛ, ɛberɛ a wɔkyekyeree Misraim kɔsi saa ɛberɛ no, na aprannaa mpaapae saa da.
Na ɛyɛ asɛm a ɛyɛ hu yiye. Efisɛ efi Misraim abɔse de kosi saa bere no, na aprannaa mmobɔɔ saa da.
25 Misraiman sɛee pasaa. Biribiara a ɛkaa wiram, sɛ ɛyɛ nnipa anaa mmoa no, wɔn nyinaa wuwuiɛ. Nnua nso bubuiɛ maa afudeɛ sɛeɛ.
Misraimman sɛee pasaa. Biribiara a ɛkaa wuram, sɛ ɛyɛ nnipa anaa mmoa no, wɔn nyinaa wuwui. Nnua nso bubu maa nnɔbae sɛesɛee.
26 Baabi a ampariboɔ no antɔ wɔ ɔman no mu no yɛ Gosen asase so a na Israelfoɔ no te hɔ.
Faako a mparuwbo no antɔ wɔ ɔman no mu no yɛ Gosen asase so a na Israelfo no te hɔ no.
27 Afei, Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Afei deɛ, mahunu me mfomsoɔ. Awurade di bem na me ne me nkurɔfoɔ ayɛ bɔne ama atra so.
Afei, Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Afei de, mahu me mfomso. Awurade di bem na me ne me nkurɔfo ayɛ bɔne ama atra so.
28 Monsrɛ Awurade mma me, na ɔmma aprannaa ne ampariboɔ dodoɔ yi to ntwa na mɛma mo akɔ ntɛm so.”
Monsrɛ Awurade mma me, na ɔmma aprannaa ne mparuwbo dodow yi to ntwa na mɛma mo akɔ ntɛm so.”
29 Mose kaa sɛ, “Sɛ mefiri kuropɔn yi mu ara pɛ a, mɛma me nsa so abɔ Awurade mpaeɛ na aprannaa no ne ampariboɔ no agyae. Yei bɛma mo ahunu sɛ Awurade na asase nyinaa hyɛ ne nsa.
Mose kae se, “Sɛ mifi kuropɔn yi mu ara pɛ a, mɛma me nsa so abɔ Awurade mpae na aprannaa no ne mparuwbo no agyae. Eyi bɛma mo ahu sɛ Awurade na asase nyinaa hyɛ ne nsa.
30 Nanso, menim yie sɛ wo ne wo mpanimfoɔ deɛ, yeinom nyinaa akyiri no, mobɛpirim mo akoma.”
Nanso minim yiye sɛ wo ne wo mpanyimfo de, eyinom nyinaa akyi no, mubepirim mo koma.”
31 Aprannaa no sɛee wɔn ayuo ne wɔn asaawa a na ɛreso aba no nyinaa.
Aprannaa no sɛee wɔn awi ne wɔn asaawa a na ɛresow aba no nyinaa.
32 Nanso, atokoɔ ne aburoo deɛ, ansɛe, ɛfiri sɛ, na ɛmfifiriɛ.
Nanso atoko ne aburow de, ansɛe, efisɛ na emfifii ɛ.
33 Enti Mose firii Farao anim wɔ kuro no mu maa ne nsa so kyerɛɛ Awurade maa aprannaa no ne asukɔtweaa no ne osuo no gyaee tɔ.
Enti Mose fii Farao anim wɔ kurow no mu maa ne nsa so kyerɛɛ Awurade maa aprannaa no ne mparuwbo no ne osu no gyaee tɔ.
34 Farao ne ne mpanimfoɔ hunuu sɛ biribiara ayɛ yie wɔ hɔ no, wɔkɔɔ so pirim wɔn akoma yɛɛ bɔne de buu ɛbɔ a wɔhyɛɛ Awurade no so.
Farao ne ne mpanyimfo huu sɛ biribiara ayɛ yiye wɔ hɔ no, wɔkɔɔ so pirim wɔn koma yɛɛ bɔne de buu bɔ a wɔhyɛɛ Awurade no so.
35 Enti, Farao amma nkurɔfoɔ no ankɔ sɛdeɛ Awurade hyɛɛ ho nkɔm kyerɛɛ Mose no.
Enti Farao amma nkurɔfo no ankɔ sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ ho nkɔm kyerɛɛ Mose no.

< 2 Mose 9 >