< 2 Mose 40 >

1 Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
locutusque est Dominus ad Mosen dicens
2 “Bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no na si Ahyiaeɛ Ntomadan no.
mense primo die prima mensis eriges tabernaculum testimonii
3 Wosi wie a, fa Apam Adaka a Mmaransɛm Edu no wɔ mu no si mu. Na fa ntwamutam no tware Apam Adaka no anim ma ɛnhyɛ kronkron mu kronkron hɔ.
et pones in eo arcam dimittesque ante illam velum
4 Afei, fa ɛpono no bɛsi hɔ na fa ɛho nneɛma nyinaa gu so na fa kaneadua no bra na sɔ kanea no.
et inlata mensa pones super eam quae rite praecepta sunt candelabrum stabit cum lucernis suis
5 Fa sikakɔkɔɔ afɔrebukyia a wɔbɛhye aduhwam wɔ so no bɛsi Apam Adaka no anim. Fa ɛpono no nkatanimu sɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no ano.
et altare aureum in quo adoletur incensum coram arca testimonii tentorium in introitu tabernaculi pones
6 “Fa ɔhyeɛ afɔdeɛ afɔrebukyia no si Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛkwan ano.
et ante illud altare holocausti
7 Fa atam no si Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam na hyɛ no nsuo ma.
labrum inter altare et tabernaculum quod implebis aqua
8 Afei, siesie adihɔ bi twa Ahyiaeɛ Ntomadan no ho hyia na fa nsɛnanimu no sɛn ne kwan no ano.
circumdabisque atrium tentoriis et ingressum eius
9 “Fa srango no na pete gu Ahyiaeɛ Ntomadan no so baabiara ne biribiara a ɛwɔ mu ne nneɛma a ɛwɔ hɔ nyinaa ne nkonnwa so, na fa te ho.
et adsumpto unctionis oleo ungues tabernaculum cum vasis suis ut sanctificentur
10 Ɔhyeɛ afɔdeɛ afɔrebukyia no ne ɛho nneɛma nyinaa nso, pete ɔsra ngo no bi gu so na te ho na ɛnyɛ kronkron.
altare holocausti et omnia vasa eius
11 Afei, fa ngo no bi sra atam no ne ne ntaamu no so fa te ho.
labrum cum basi sua omnia unctionis oleo consecrabis ut sint sancta sanctorum
12 “Afei, fa Aaron ne ne mmammarima no bra Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛkwan ano na fa nsuo hohoro wɔn ho
adplicabisque Aaron et filios eius ad fores tabernaculi testimonii et lotos aqua
13 na fa atadeɛ kronkron no hyɛ Aaron, na sra no ngo na ne ho nte na ɔmmɛyɛ me ɔsɔfoɔ.
14 Afei, fa ne mmammarima no bra na fa wɔn ntadeɛ hyehyɛ wɔn
15 na pete ngo gu wɔn so sɛdeɛ woyɛɛ wɔn agya no, sɛdeɛ wɔbɛsom me sɛ asɔfoɔ. Wɔn ngosra no bɛtena hɔ daa firi awo ntoatoasoɔ so akɔsi awo ntoatoasoɔ so. Na daa wɔn asefoɔ bɛyɛ asɔfoɔ.”
indues sanctis vestibus ut ministrent mihi et unctio eorum in sacerdotium proficiat sempiternum
16 Enti, Mose kɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ Awurade akyerɛ no no.
fecitque Moses omnia quae praeceperat Dominus
17 Afe a ɛtɔ so mmienu no mu bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no, wɔkekaa Ahyiaeɛ Ntomadan no sisii animu.
igitur mense primo anni secundi in prima die mensis conlocatum est tabernaculum
18 Mose sii Ahyiaeɛ Ntomadan no; ɔde nsisisoɔ no sisii wɔn afa, de nnyinasoɔ no hyehyɛɛ mu de mmeamu nnua beabeaa mu de mpunan sisii wɔn afa.
erexitque illud Moses et posuit tabulas ac bases et vectes statuitque columnas
19 Afei, ɔde nkurusoɔ no kuruu mponnwa no so de ne ngugusoɔ guguu so sane de ngugusoɔ a ɛdi akyire kuruu so sɛdeɛ Awurade se ɔnyɛ no.
et expandit tectum super tabernaculum inposito desuper operimento sicut Dominus imperarat
20 Ɔde aboɔ a wɔatwerɛ Mmaransɛm Edu no wɔ so no guu Apam Adaka no mu de nnua a wɔdebɛsoa no sosɔɔ mu. Ɔde ne nkatasoɔ a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a ɛyɛ mpata nkatasoɔ no kataa so.
posuit et testimonium in arca subditis infra vectibus et oraculum desuper
21 Afei, ɔde Apam Adaka no bɛsii Ahyiaeɛ Ntomadan no mu de ntwamutam no twaa mu, sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.
cumque intulisset arcam in tabernaculum adpendit ante eam velum ut expleret Domini iussionem
22 Afei, ɔde ɛpono no sii Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi fam wɔ ntwamutam no akyi,
posuit et mensam in tabernaculo testimonii ad plagam septentrionalem extra velum
23 de Ɔkyerɛ Burodo no too so wɔ Awurade anim sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.
ordinatis coram propositionis panibus sicut praeceperat Dominus Mosi
24 Ɔde kaneadua no sii ɛpono no nkyɛn wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no anafoɔ fam.
posuit et candelabrum in tabernaculum testimonii e regione mensae in parte australi
25 Afei, ɔsɔɔ kanea no wɔ Awurade anim sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ no no pɛpɛɛpɛ,
locatis per ordinem lucernis iuxta praeceptum Domini
26 ɛnna ɔde sikakɔkɔɔ afɔrebukyia sii ntwamutam no ho pɛɛ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu.
posuit et altare aureum sub tecto testimonii contra velum
27 Afei, wɔde ohwam hyee nnuhwam sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.
et adolevit super eo incensum aromatum sicut iusserat Dominus
28 Ɔde Ahyiaeɛ Ntomadan no ano nsɛnanotam sɛnee ano.
posuit et tentorium in introitu tabernaculi
29 Ɔde afɔrebukyia a wɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so no si bɛn Ahyiaeɛ Ntomadan ɛkwan no ano, ɛnna ɔbɔɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no.
et altare holocausti in vestibulo testimonii offerens in eo holocaustum et sacrificia ut Dominus imperarat
30 Yei akyi, ɔde atam a wɔsi mu nneɛma no sii Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam na wɔhyɛɛ no nsuo ma sɛdeɛ asɔfoɔ no bɛnya bi ahohoro wɔn ho.
labrum quoque statuit inter tabernaculum testimonii et altare implens illud aqua
31 Mose ne Aaron ne Aaron mmammarima hohoroo wɔn nsa ho ne wɔn nan ase wɔ hɔ.
laveruntque Moses et Aaron ac filii eius manus suas et pedes
32 Ɛberɛ biara a wɔbɛfa afɔrebukyia no ho akɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu no, wɔgyina hohoroo wɔn ho sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose no.
cum ingrederentur tectum foederis et accederent ad altare sicut praeceperat Dominus
33 Ɔsii biribi twaa Ahyiaeɛ Ntomadan no ne afɔrebukyia no ho hyiaeɛ na wɔde nsɛnanotam sɛnee ano. Enti Mose yɛɛ yei de wiee nʼadwumayɛ.
erexit et atrium per gyrum tabernaculi et altaris ducto in introitu eius tentorio postquam cuncta perfecta sunt
34 Omununkum no bɛkataa Ahyiaeɛ Ntomadan no so maa Awurade animuonyam hyɛɛ no ma.
operuit nubes tabernaculum testimonii et gloria Domini implevit illud
35 Esiane sɛ na omununkum no asi wɔ hɔ no enti, Mose antumi ankɔ mu na Awurade animuonyam hyɛɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ma.
nec poterat Moses ingredi tectum foederis nube operiente omnia et maiestate Domini coruscante quia cuncta nubes operuerat
36 Ɛberɛ biara a omununkum no bɛpagya ne ho atu atene no, na Israelfoɔ no nso di akyire.
si quando nubes tabernaculum deserebat proficiscebantur filii Israhel per turmas suas
37 Na sɛ ɛgyina a, na wɔn nso agyina kɔsi sɛ ɛbɛtu atene bio.
si pendebat desuper manebant in eodem loco
38 Awiaberɛ mu deɛ, Awurade omununkum no gyina Ahyiaeɛ Ntomadan no so na sɛ ɛduru anadwo a, na ogya asɔ wɔ omununkum no mu sɛdeɛ Israelfoɔ no nyinaa bɛhunu. Yei toaa so saa ara wɔ wɔn akwantuo no nyinaa mu.
nubes quippe Domini incubabat per diem tabernaculo et ignis in nocte videntibus populis Israhel per cunctas mansiones suas

< 2 Mose 40 >