< 2 Mose 38 >
1 Ɔhyeɛ afɔrebukyia no nso, okuo na wɔde yɛeɛ. Wɔyii no ahinanan a ne fa biara susu anammɔn nson ne fa na ne ɔsorokɔ nso yɛ anammɔn ɛnan ne fa.
Ɔhyew afɔremuka no nso, ɔkanto na wɔde yɛe. Woyii no ahinanan a ne fa biara susuw anammɔn ason ne fa na ne sorokɔ nso yɛ anammɔn anan ne fa.
2 Ne ntweaso ɛnan no nyinaa na mmɛn tuatua ho a ne nyinaa ka bom ma ɛyɛ adeɛ fua a wɔde kɔbere adura ho.
Na ne ntwea so anan no nyinaa mmɛn tuatua ho a ne nyinaa ka bɔ mu ma ɛyɛ ade baako a wɔde kɔbere adura ho.
3 Wɔyɛɛ afɔrebukyia no ho nneɛma te sɛ nkukuo, sofi, atam, adinam ne nkyɛnsee a wɔbɛnoa mu de kaa ho.
Wɔyɛɛ afɔremuka no ho nneɛma te sɛ nkuku, sofi, hweaseammɔ, adinam ne nkankyee a wɔbɛnoa mu de kaa ho.
4 Afei, ɔde kɔbere nwonoo afɔrebukyia no ho otwidadeɛ a ɛte sɛ atena de sii adaka a ɛbɛdeda egya adaka no mfimfini.
Afei, wɔde kɔbere nwenee afɔremuka no ho twitae a ɛte sɛ atena de sii adaka a ɛbɛdeda ogya adaka no mfimfini.
5 Wɔde nkawa ɛnan ɛnan sensɛnee otwidadeɛ no fa biara a wɔde nnua a wɔde bɛsoa no hyehyɛɛ mu.
Wɔde nkaa anan anan sensɛn twaa ne fa biara ma wɔde nnua a wɔde bɛsoa no hyehyɛɛ mu.
6 Okuo nnua a wɔde kɔbere adura ho na wɔde yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa.
Ɔkanto nnua a wɔde kɔbere adura ho na wɔde yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa no.
7 Wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛɛ nkawa no a ɛbobɔ afɔrebukyia no nkyɛn no mu. Ntaaboɔ na wɔde yɛeɛ. Na emu da ɛkwan nso.
Wɔde nnua a wɔde soa no hyehyɛɛ nkaa no a ɛbobɔ afɔremuka no nkyɛn no mu. Ntaaboo na wɔde yɛe. Na emu da kwan nso.
8 Wɔde kɔbere a wɔatwa afiri kɔbere ahwehwɛ a mmaa a wɔsom wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano no de kyɛeɛ no na ɛyɛɛ adeɛ a wɔsi mu nneɛma ne ne ntaaseɛ no.
Wɔde kɔbere a wɔatwa afi kɔbere ahwehwɛ a mmea a wɔsom wɔ Ahyiae Ntamadan no ano no de kyɛe no na ɛyɛɛ ade a wɔhoro mu nneɛma ne ne ntaease no.
9 Afei, wɔyɛɛ adihɔ. Fasuo a ɛwɔ nʼanafoɔ no, na ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum a wɔde nnurahotam a wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ na ɛyɛeɛ.
Afei, wɔyɛɛ adiwo. Na ɔfasu a ɛwɔ nʼanafo no ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum a wɔde nnurahotam a wɔde asaawatam a ɛyɛ fɛ na ɛyɛe.
10 Nnua aduonu a ɛsisi kɔbere nnyinasoɔ aduonu mu na ɛsosɔ mu. Dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne dwetɛ ntweaa a ɛfomfam dwetɛ afadum no ho no nso sosɔ nsɛnanimu no mu.
Nnua aduonu na wɔde besuso nnurahotam no mu. Ne nnyinaso yɛ kɔbere a dwetɛ nkɔtɔkoro ne pema ka ho.
11 Na atifi ɔfasuo no tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum a kɔbere nnua aduonu ne ne nnyinasoɔ a dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne mpomma ka ho.
Na atifi ɔfasu no tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum a kɔbere nnua aduonu ne ne nnyinaso a dwetɛ nkɔtɔkoro ne pema ka ho.
12 Atɔeɛ fam ɔfasuo no tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduɔson enum. Wɔde nnurahotam na ɛyɛɛ ɔfasuo no. Nnua edu, ne nnyinasoɔ ne dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne ntweaa na na ɛma saa ɔfasuo no gyina.
Atɔe fam fasu no trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum. Wɔde nnurahotam faa ɔfasu no ho. Nnua du, ne nnyinaso ne dwetɛ nkɔtɔkoro ne ntwea na na ɛma saa ɔfasu no gyina.
13 Apueeɛ fam nso, na ne trɛ yɛ anammɔn aduɔson enum.
Na apuei fam no nso trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum.
14 Na adihɔ hɔ ɛkwan no wɔ apueeɛ fam a wɔde nkatanimu mmienu akata hɔ. Na nkatanimu a ɛwɔ nifa so no tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa. Na nnua mmiɛnsa a ɛsisi nnyinasodeɛ mmiɛnsa mu na na ɛkura mu.
Na adiwo hɔ kwan no wɔ apuei fam a wɔde nkataanim abien akata hɔ. Na nkataanim a ɛwɔ nifa so no tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa, na nnua abiɛsa a esisi nnyinasode abiɛsa so na ekura mu,
15 Na nkatanimu a ɛwɔ benkum so no nso tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa a nnua mmiɛnsa a ɛsisi nnyinasodeɛ mmiɛnsa mu kura mu.
na nkataanim a ɛwɔ benkum so no nso tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa a nnua abiɛsa a esisi nnyinasode abiɛsa so kura mu.
16 Asaawatam a ɛyɛ fɛ na wɔde nwonoo nnurahotam a wɔde twaa adihɔ hɔ no ho.
Asaawatam a ɛyɛ fɛ na wɔde nwenee nnurahotam a wɔde twaa adiwo hɔ no ho.
17 Na dua biara wɔ ne kɔbere nnyinasodeɛ, nanso ɛho nkɔtɔkorɔ ne mpomma no yɛ dwetɛ; nnua no atifi nyinaa na wɔde dwetɛ agu so na mpomma a wɔde bɛsosɔ nnurahotam no mu no nso, na ne nyinaa yɛ dwetɛ amapa.
Na dua biara wɔ ne kɔbere nnyinasode, nanso ɛho nkɔtɔkoro ne mfɛnsere no yɛ dwetɛ; nnua no atifi nyinaa na wɔde dwetɛ agu, na mfɛnsere a wɔde besuso nnurahotam no mu no nso, na ne nyinaa yɛ dwetɛ ankasa.
18 Asaawatam a wɔde tuntum, bibire ne koogyan anwono mu fɛfɛɛfɛ na wɔde yɛɛ nnurahotam kataa adihɔ hɔ ɛkwan no ano. Na ne tenten yɛ anammɔn aduasa na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nson ne fa te sɛ nnurahotam a wɔde duraa adihɔ hɔ afasuo no ho no.
Asaawatam a wɔde tuntum, bibiri ne koogyan anwen mu fɛfɛɛfɛ na wɔde yɛɛ nnurahotam kataa adiwo hɔ kwan no ano. Na ne tenten yɛ anammɔn aduasa na ne trɛw nso yɛ anammɔn ason ne fa te sɛ nnurahotam a wɔde duraa adiwo hɔ afasu no ho no.
19 Nnua ɛnan na na ɛsɛn so, na nnua no nso gyina kɔbere nnyinasodeɛ ɛnan a dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne mpomma ka ho nso. Nnua no so nyinaa yɛ dwetɛ.
Nnua anan na na ɛsensɛn so, na nnua no nso gyina kɔbere nnyinasode anan a dwetɛ nkɔtɔkoro ne mfɛnsere ka ho nso. Nnua no so nyinaa yɛ dwetɛ.
20 Nnadewa a wɔde sii Ahyiaeɛ Ntomadan no ne adihɔ hɔ no nyinaa yɛ kɔbere.
Nnadewa a wɔde sii Ahyiae Ntamadan no ne adiwo hɔ no nyinaa yɛ kɔbere.
21 Yei ne ɛkwan a wɔfaa so sii Ahyiaeɛ Ntomadan a wɔde Apam Adaka no bɛsi mu no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Lewifoɔ no bɛtumi ayɛ wɔn asɔfodwuma. Ɛkwan a Mose kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa so nsi no ara so na wɔfaeɛ. Ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar na ɔhwɛɛ dwumadie no so.
Eyi ne ɔkwan a wɔfaa so sii Ahyiae Ntamadan a wɔde Apam Adaka no besi mu no sɛnea ɛbɛyɛ a Lewifo no betumi ayɛ wɔn asɔfodwuma. Ɔkwan a Mose kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa so nsi no ara so na wɔfae. Ɔsɔfo Aaron ba Itamar na ɔhwɛɛ dwumadi no so.
22 Na Hur ba Uri ba Besaleel a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ Mose nyinaa.
Odwumfo dansifo a na ɔwɔ ho nso ne Uri ba Besaleel a ɔyɛ Hur a ofi Yuda abusua mu no nena.
23 Ne ɔboafoɔ ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ɔfiri Dan abusua mu ba. Na ɔno nso yɛ odwumfoɔ a ɔtumi twa atwerɛ gu nneɛma mu. Afei na ɔyɛ adenwonofoɔ a ɔtumi de asaawatam tuntum, bibire ne koogyan di adwini gu ntoma mu.
Ne boafo ne Oholiab a ɔyɛ Ahisamak a ofi Dan abusua mu ba. Na ɔno nso yɛ odwumfo a otumi twa nkyerɛw gu nneɛma mu. Afei na ɔyɛ adenwenfo a otumi de asaawatam tuntum, bibiri ne koogyan di adwinni gu ntama mu.
24 Nnipa no de sikakɔkɔɔ kilogram apem baeɛ. Wɔde ne nyinaa nso yɛɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ho adwuma.
Nnipa no de sikakɔkɔɔ kilogram apem bae. Wɔde ne nyinaa nso yɛɛ Ahyiae Ntamadan no ho adwuma.
25 Dwetɛ a asafo no mu nnipa no de baeɛ yɛ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan.
Dwetɛ a asafo no mu nnipa no de bae yɛ kilogram mpem abiɛsa ne ahannan.
26 Saa dwetɛ yi firi ɛtoɔ a wɔtwa maa mmarima a wɔadi mfeɛ aduonu rekorɔ a wɔkan wɔn no. Wɔgye firii mmarima mpem ahansia ne mmiɛnsa, ahanum ne aduonum hɔ.
Saa dwetɛ yi fi tow a wotwa maa mmarima a wɔadi mfe aduonu rekɔ a wɔkan wɔn no. Wogye fii mmarima mpem ahansia ne abiɛsa, ahannum ne aduonum hɔ.
27 Kronkronbea hɔ nnyinasoɔ ɔha ne mpunan a ɛsosɔ ntwamutam no mu no bɛhia dwetɛ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan. Enti nnyinasoɔ biara bɛyɛ dwetɛ kilogram aduasa ɛnan.
Kronkronbea hɔ nnyinaso ɔha ne mpuran a esuso ntwamtam no mu no behia dwetɛ kilogram mpem abiɛsa ne ahannan Enti nnyinaso biara bɛyɛ dwetɛ kilogram aduasa anan.
28 Dwetɛ kilogram aduonu a ɛkaeɛ no nso, wɔde yɛɛ nnua no de bi duraa apampam, de bi yɛɛ mpomma no ne nkɔtɔkorɔ no.
Dwetɛ kilogram aduonu no a ɛkae no nso, wɔde yɛɛ nnua no de bi duraa apampamu, de bi yɛɛ mfɛnsere no ne nkɔtɔkoro no.
29 Kɔbere mfrafraeɛ a wɔde baeɛ no nso, na ɛyɛ kilogram mpem mmienu ne ahanan.
Kɔbere mfrafrae a wɔde bae no nso, na ɛyɛ kilogram mpem abien ne ahannan.
30 Ɛno na wɔde yɛɛ adum no nnyinasoɔ wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ɛkwan ano. Ɛno bi ara na wɔde yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia, kɔbere mfrafraeɛ otwidadeɛ,
Ɛno na wɔde yɛɛ adum no nnyinaso wɔ Ahyiae Ntamadan no kwan ano. Ɛno bi ara na wɔde yɛɛ kɔbere mfrafrae afɔremuka, kɔbere mfrafrae ntwitae,
31 afɔrebukyia no so nneɛma, adum no nnyinasodeɛ a ɛkura nnurahotam a ɛtwa adihɔ no ho hyia no ne nnadewa a wɔde si Ahyiaeɛ Ntomadan no de yɛɛ adihɔ hɔ adwuma nyinaa.
afɔremuka no so nneɛma, adum no nnyinasode a ekura nnurahotam a etwa adiwo no ho hyia no ne nnadewa a wɔde si Ahyiae Ntamadan no de yɛɛ adiwo hɔ adwuma nyinaa.