< 2 Mose 37 >

1 Afei, Besaleel yɛɛ Apam Adaka no. Ɔde okuo na ɛyɛeɛ. Na ne tenten yɛ anammɔn mmiɛnsa ne fa, ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mmienu ne fa ɛnna ne ɔsorokɔ nso yɛ anammɔn mmienu ne fa.
Afei, Besaleel yɛɛ Apam Adaka no. Ɔde ɔkanto na ɛyɛe. Na ne tenten yɛ anammɔn abiɛsa ne fa, ne trɛw nso yɛ anammɔn abien ne fa ne ntwemu ne sorokɔ nso yɛ anammɔn abien ne fa.
2 Na wɔde sikakɔkɔɔ duraa ɛho ne emu nyinaa ɛnna wɔde sikakɔkɔɔ hankra twaa ho hyiaeɛ.
Na wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho ne emu nyinaa na wɔde bi beabea ho nyinaa.
3 Na wɔde sikakɔkɔɔ nkawa ahyehyɛ ne nan ɛnan no ho, a nkawa mmienu wɔ ɛfa baako na mmienu a aka no nso wɔ ɛfa baako.
Na wɔde sikakɔkɔɔ nkaa hyehyɛɛ nʼanan anan no a nkaa abien wɔ ɔfa biara.
4 Ɔsenee okuo nnua bi de sikakɔkɔɔ duraa ho.
Osen ɔkanto nnua bi de sikakɔkɔɔ duraa ho.
5 Ɛnna wɔde nnua no hyehyɛɛ adaka no nkyɛn nkawa no mu, na wɔde asoa.
Na wɔde nnua no hyehyɛɛ adaka no nkyɛn nkaa no mu wɔde bɛsoa.
6 Afei, ɔde sikakɔkɔɔ mapa yɛɛ ne mmuasoɔ a wɔfrɛ no Mpata Dwa. Na ne ntentenemu yɛ anammɔn mmiɛnsa ne fa, ɛnna ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn mmienu ne fa.
Afei, ɔde sikakɔkɔɔ ankasa yɛɛ ne mmuaso a wɔfrɛ no Mpata Agua. Na ne ntwemu yɛ anammɔn abiɛsa ne fa, na ne trɛw nso yɛ anammɔn abien ne fa.
7 Ɔboroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ trawa de yɛɛ Kerubim mmienu ɛnna ɔde tetaree adaka no mmuasoɔ etire ne etire.
Ɔboroo sikakɔkɔɔ ma ɛyɛɛ tratraa de yɛɛ kerubim abien na ɔde tetaree adaka no mmuaso no ti ne ti.
8 Wɔde Kerubim no tetare adaka no ti ne nʼanafoɔ, na ɛne adaka no nkatasoɔ no yɛɛ mua.
Wɔde kerubim no tetaree adaka no atifi ne nʼanafo na ɛne adaka no nkataso no yɛɛ baako.
9 Na Kerubim no di nhwɛanimu a wɔasisi wɔn ti ase rehwɛ Mpata Dwa no na wɔatrɛtrɛ wɔn ntaban mu akata so.
Na kerubim no di nhwɛanim a wɔasisi wɔn ti ase rehwɛ Mpata Agua no na wɔatrɛtrɛw wɔn ntaban mu akata so.
10 Afei, ɔde okuo yɛɛ ɛpono a ne tenten yɛ anammɔn mmiɛnsa; ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn baako ne fa ɛnna ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn mmienu ne fa.
Afei, ɔde ɔkanto yɛɛ ɔpon a ne ntwemu yɛ anammɔn abiɛsa; ne trɛw yɛ ɔnammɔn baako ne fa na ne sorokɔ yɛ anammɔn abien ne fa.
11 Na wɔde sikakɔkɔɔ adura ho, ɛnna wɔayɛ ɛho sika hankra ahyia.
Na wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho na woguu bi wɔ ne ntwea so nyinaa.
12 Wɔyɛɛ adaka no ho mfomfamho a ne tɛtrɛtɛ yɛ nsateakwaa ɛnan twaa ɛpono no ntɛntɛnoa ho hyiaeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ hankra faa ho.
Wɔyɛɛ adaka no ho ntetareho a ne trɛw yɛ nsateaa anan twaa ɔpon no ano ho hyiae, na wɔde sikakɔkɔɔ hankare faa ho.
13 Afei, ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa ɛnan na ɔde hyehyɛɛ ɛpono no nan ɛnan no nyinaa ase.
Afei, wɔyɛɛ sikakɔkɔɔ nkaa anan, na ɔde hyehyɛɛ ɔpon no anan anan no nyinaa ase.
14 Ɔde nnua no hyehyɛɛ saa nkawa no mu a wɔde bɛpagya ɛpono no asoa.
Wɔde nnua no hyehyɛɛ saa nkaa no mu a wɔde bɛma ɔpon no so asoa.
15 Ɔde okuo nnua a ɔde sikakɔkɔɔ agu ho yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa.
Wɔde ɔkanto nnua a wɔde sikakɔkɔɔ agu ho yɛɛ nnua a wɔde bɛsoa.
16 Ɔde sikakɔkɔɔ amapa yɛɛ nwowaa, nsukuruwa ne nkoraa. Saa nneɛma yi na wɔde bɛdi ahwiesa afɔrebɔ ho dwuma.
Wɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nsanka, mprɛte, nsukuruwa ne nkoraa. Saa nneɛma yi na wɔde bedi ahwiesa afɔrebɔ ho dwuma.
17 Bio, ɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ kaneadua. Ne nnyinasoɔ, nʼabaa, deɛ wɔde nkanea no hyehyɛ mu ne nhwiren a wɔde siesiee no nyinaa bom yɛ adeɛ fua.
Bio, wɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ kaneadua. Ne nnyinaso, nʼabaa, nea wɔde akanea no hyehyɛ mu ne nhwiren a wɔde siesiee no nyinaa bɔ mu yɛ ade baako.
18 Kaneadua no wɔ nkorabata nsia a mmiɛnsa wɔ ɛfa na mmiɛnsa nso wɔ ɛfa.
Kaneadua a ɛhyɛ mfimfini no wɔ nkorata asia a abiɛsa wɔ fa na abiɛsa nso wɔ fa.
19 Wɔde nhwiren mmiɛnsa siesiee nkorabata biara ho.
Wɔde nhwiren abiɛsa siesiee nkorata biara ho.
20 Na saa ara nso na kaneadua no, wɔadi nhwiren a ɛyɛ fɛ bi adwini de asiesie no.
Na saa ara nso na kaneadua no, wodii nhwiren a ɛyɛ fɛ bi adwinni de siesiee no.
21 Nhwiren no bi wɔ ne dua no ase wɔ nkorabata mmienu biara ase. Afei, nhwiren no bi wɔ nkorabata mmienu a ɛwɔ aseɛ no ase, ɛnna ebi nso wɔ nkorabata mmienu a ɛwɔ ɔsoro no so. Ne nyinaa yɛ nsia.
Nhwiren no bi wɔ ne dua no ase wɔ nkorata abien biara ase. Afei, nhwiren no bi wɔ nkorata abien a ɛwɔ ase no ase, na bi nso wɔ nkorata abien a ɛwɔ soro no so. Ne nyinaa yɛ asia.
22 Deɛ wɔde siesiee kaneadua no ne ne nkorabata no nyinaa yɛ adeɛ fua a sikakɔkɔɔ amapa a wɔaboro na wɔde yɛeɛ.
Nea wɔde siesiee kaneadua no ne ne nkorata no nyinaa yɛ ade baako a sikakɔkɔɔ ankasa a wɔaboro na wɔde yɛe.
23 Afei, ɔyɛɛ nkanea nson, adaban akapɛ, ne apaawa. Ne nyinaa wɔde sikakɔkɔɔ amapa na ɛyɛeɛ.
Afei, ɔyɛɛ akanea ason, adaban adabaw, ne apampaa. Ne nyinaa wɔde sikakɔkɔɔ ankasa na ɛyɛe.
24 Na kaneadua no ne ɛho nneɛma mu duru yɛ kilogram aduasa ɛnan a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ.
Na kaneadua no ne ho nneɛma no mu duru yɛ kilogram aduasa anan a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ.
25 Wɔde okuo na ɛyɛɛ aduhwam afɔrebukyia no. Wɔyɛɛ no ahinanan a ne fa biara susu nsateakwaa dunwɔtwe. Na ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn mmiɛnsa a mmɛn a ɛtuatua ne ntweaso ntweaso no nso nyinaa ka bom ma ɛyɛ adeɛ fua.
Wɔde ɔkanto na ɛyɛɛ aduhuam afɔremuka no. Wɔyɛɛ no ahinanan a ne fa biara susuw nsateaa dunwɔtwe. Na ne sorokɔ yɛ basafa baako a mmɛn a etuatua ne ntwea so ntwea so no nso nyinaa ka bɔ mu ma ɛyɛ ade baako.
26 Ɔde sikakɔkɔɔ kataa ne soro, ne nkyɛn ne mmɛn a ɛwɔ afɔrebukyia no ho no nyinaa. Na ɔde sikakɔkɔɔ ntotoano twaa afɔrebukyia no ho nyinaa hyiaeɛ.
Wɔde sikakɔkɔɔ duraa ne nyinaa ho, na oguu bi nso wɔ ne ntwea so nyinaa.
27 Na ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ nkawa mmienu de bobɔɔ afɔrebukyia no afanu nkyɛn mu wɔ aseɛ hɔ a wɔde nnua a wɔde bɛsoa no bɛwurawura mu.
Wɔde sika nkaa abien abien susoo afanu no mu wɔ nea wɔyɛɛ nguguho no ase a wɔde besuso nnua a wɔde bɛsoa no mu.
28 Nnua a na wɔde soa no yɛ okuo nnua a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho.
Nnua a na wɔde soa no yɛ ɔkanto nnua a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho.
29 Ɔfaa nnuhwamyɛfoɔ mu abenfoɔ ɛkwan so yɛɛ srango kronkron a wɔde sra asɔfoɔ ne ɔhyeɛ nnuhwam nso.
Wɔfaa nnuhuamyɛfo mu abenfo kwan so fii nnuhuam mu yɛɛ ɔsrango kronkron a wɔde sra asɔfo ne ɔhyew nnuhuam no nso.

< 2 Mose 37 >