< 2 Mose 27 >

1 “Fa okuo yɛ afɔrebukyia ma ɛnyi ahinanan a nʼafanan no mu biara yɛ anammɔn nson ne fa na ne ɔsorokɔ nso yɛ anammɔn ɛnan ne fa.
“Fa ɔkanto yɛ afɔremuka ma enyi ahinanan a nʼafanan no mu biara yɛ anammɔn ason ne fa na ne sorokɔ nso yɛ anammɔn anan ne fa.
2 Yɛ mmɛn ɛnan tuatua afɔrebukyia no ntwea ɛnan no nyinaa so, na fa kɔbere dura ne nyinaa ho. Okuo no a wode bɛyɛ afɔrebukyia no, ɛno ara bi na wode bɛyɛ mmɛn no.
Yɛ mmɛn anan tuatua afɔremuka no ntwea anan no nyinaa so, na fa kɔbere dura ne nyinaa ho. Ɔkanto a wode bɛyɛ afɔremuka no, ɛno ara bi na wode bɛyɛ mmɛn no.
3 Bokiti a nsõ bɛgu mu, sofi, atam, adinam ne nsramma nkyɛnsee nyinaa, yaawa na fa yɛ.
Bokiti a nsõ begu mu, sofi, hweaseammɔ, adinam ne nsramma nkankye nyinaa, kɔbere na fa yɛ.
4 Fa kɔbere yɛ otwidadeɛ na fa dadeɛ nkawa hyehyɛ ne ntwea ɛnan no so.
Fa kɔbere yɛ ntwitae na fa dade nkaa hyehyɛ ne ntwea anan no so.
5 Fa otwidadeɛ no hyɛ nsramma kyɛnsee no mu na fa si afɔrebukyia no basa a wɔayɛ no so.
Fa ntwitae no hyɛ nsramma kuruwa no mu na fa si afɔremuka no basa a wɔayɛ no so.
6 Fa okuo sene nnua a wɔde kɔbere adura ho a wɔde bɛsoa afɔrebukyia no.
Fa ɔkanto sen nnua a wɔde kɔbere adura ho a wɔde bɛsoa afɔremuka no.
7 Sɛ moresoa a, momfa nnua no nhyehyɛ nkawa a mode atuatua afɔrebukyia no ho no mu.
Sɛ moresoa a, momfa nnua no nhyehyɛ nkaa a mode atuatua afɔremuka no ho no mu.
8 Ntaaboɔ na momfa nyɛ afɔrebukyia no. Momma emu nna ɛkwan sɛdeɛ mede kyerɛɛ mo wɔ bepɔ no so no.
Ntaaboo na momfa nyɛ afɔremuka no. Momma emu nna kwan sɛnea mede kyerɛɛ mo wɔ bepɔw no so no.
9 “Twa adihɔ ma Ahyiaeɛ Ntomadan no na fa ntoma a wɔde asaawa a ɛyɛ fɛ ayɛ sensɛn ho. Nsɛnanotam a ɛsɛn anafoɔ no tenten nyɛ anammɔn ɔha aduonum
“Twa adiwo ma Ahyiae Ntamadan no na fa ntama a wɔde asaawa a ɛyɛ fɛ ayɛ sensɛn ho. Nkataano a ɛsɛn anafo no tenten no nyɛ anammɔn ɔha aduonum
10 a kɔbere nnua aduonu a ɛsisi kɔbere nnyinasoɔ aduonu mu sosɔ mu. Dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne dwetɛ ntweaa a ɛfomfam dwetɛ afadum no ho no na ɛbɛsosɔ nsɛnanimu no mu.
a kɔbere nnua aduonu a esisi kɔbere nnyinaso aduonu mu no suso mu. Dwetɛ nkɔtɔkoro ne dwetɛ ntwea a ɛtetare dwetɛ afadum no ho no na ebesuso nsɛnanim no mu.
11 Adihɔ a ɛkyerɛ atifi fam no nso, saa ara na wɔnyɛ no. Nsɛnanimu a ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum, na nnua aduonu sisi kɔbere nnyinasoɔ mu a dwetɛ nkɔtɔkorɔ ne ne ntweaa fomfam ho na ɛbɛgyina no.
Adiwo a ɛkyerɛ atifi fam no nso, saa ara na wɔnyɛ no. Nsɛnanim a ne tenten yɛ anammɔn ɔha aduonum, na nnua aduonu sisi kɔbere nnyinaso mu a dwetɛ nkɔtɔkoro ne ne ntwea tetare ho na ebegyina no.
12 “Adihɔ no fa a ɛkyerɛ atɔeɛ fam no tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn aduɔson enum a ɛkura nnua edu a ntokuro edu deda mu mu.
“Adiwo no fa a ɛkyerɛ atɔe fam no trɛw bɛyɛ anammɔn aduɔson anum a ekura nnua du a ntokuru du deda mu.
13 Apueeɛ fam nso bɛyɛ anammɔn aduɔson enum saa ara
Apuei fam nso bɛyɛ anammɔn aduɔson anum saa ara.
14 Baabi a ne kwan da nʼapueeɛ fam no, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa a nnua mmiɛnsa a ɛsisi ntokuro mmiɛnsa mu sosɔ mu nsɛn ano.
Baabi a ne kwan da nʼapuei fam no, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa a nnua abiɛsa a esisi ntokuru abiɛsa mu suso mu no nsɛn ano.
15 Baabi a ne kwan da wɔ nʼatɔeɛ fam no nso, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu mmienu ne fa nsɛn ano. Nnua mmiɛnsa a ɛsisi ntokuro mmiɛnsa mu na ɛbɛsosɔ nsɛnanotam no mu.
Baabi a ne kwan da wɔ nʼatɔe fam no nso, wɔmfa nsɛnanotam a ne tenten yɛ anammɔn aduonu abien ne fa nsɛn ano. Nnua abiɛsa a esisi ntokuru abiɛsa mu na ebesuso nsɛnanotam no mu.
16 “Adihɔ hɔ no ano ɛkwan nyɛ ntoma nsɛnanimu a ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduasa. Wɔde asaawa tuntum, bibire ne koogyan bɛdi mu adwini fɛfɛɛfɛ. Wɔde nnua ɛnan a ɛsisi ne nnyinasoɔ mu no nso bɛsosɔ nsɛnanotam no mu.
“Adiwo hɔ no ano kwan nyɛ ntama nsɛnanim a ne trɛw yɛ anammɔn aduasa. Wɔde asaawa tuntum, bibiri ne koogyan bedi mu adwinni fɛfɛɛfɛ. Wɔde nnua anan a esisi ne nnyinaso mu no nso besuso nsɛnanotam no mu.
17 Ɛsɛ sɛ nnua a ɛwɔ adihɔ hɔ no nyinaa wɔde dwetɛ ntweaa a dwetɛ sosɔ mu na nʼase no nso, wɔde hyehyɛ kɔbere nnyinasoɔ pipiripie mu.
Ɛsɛ sɛ nnua a ɛwɔ adiwo hɔ no nyinaa wɔde dwetɛ ntwea a dwetɛ suso mu, na nʼase no nso wɔde hyehyɛ kɔbere nnyinaso apipiripi mu.
18 Enti, adihɔ hɔ ntentenemu bɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum, ɛnna ne tɛtrɛtɛ nso ayɛ anammɔn aduɔson enum. Wɔde nsɛnanotam a wɔde asaawatam bɛyɛ ne fasuo, a ne ɔsorokɔ nso bɛyɛ anammɔn nson ne fa. Ɛsɛ sɛ wɔde nnua a atwa adihɔ hɔ no ho ahyia no sisi kɔbere nnyinasoɔ mu.
Enti adiwo hɔ tenten mu bɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum, na ne trɛw nso ayɛ anammɔn aduɔson anum. Wɔde nkataano a wɔde asaawatam bɛyɛ ne fasu, a ne sorokɔ nso bɛyɛ anammɔn ason ne fa. Ɛsɛ sɛ wɔde nnua a atwa adiwo hɔ no ho ahyia no sisi kɔbere nnyinaso no mu.
19 Kɔbere na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ Ahyiaeɛ Ntomadan mu hɔ nkyɛnsee a wɔde nneɛma gu mu, ne mpɛɛwa a wɔde nkyɛnsee bɛsensɛn so wɔ ɔfasuo ho wɔ hɔ.
Kɔbere na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ Ahyiae Ntamadan mu hɔ nkankye a wɔde nneɛma gu mu, ne nnyinaso a wɔde nkankyee bɛsensɛn so wɔ ɔfasu ho no wɔ hɔ.
20 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmmrɛ wo ngo kronn na fa sɔ kanea a ɛnnum da no.
“Ka kyerɛ Israelfo no na wɔmfa ngo kronkron a wɔde begu akanea a daa nyinaa ebesi so no mmrɛ wo.
21 Aaron ne ne mmammarima na wɔde nkanea a ɛnnum da no bɛsi Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Wɔbɛhwɛ so daa ama Awurade sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛrennum. Yei yɛ mmara a ɛsɛ sɛ Israelfoɔ di so daa.
Aaron ne ne mmabarima na wɔde akanea a ennum da no besi Ahyiae Ntamadan no mu. Wɔbɛhwɛ so daa ama Awurade, sɛnea ɛbɛyɛ a ɛrennum. Eyi yɛ mmara a ɛsɛ sɛ Israelfo di so daa.

< 2 Mose 27 >