1“Fa asaawa a ɛyɛ fɛ a wɔafira yɛ nsɛnanotam edu a emu bi yɛ tuntum, bibire ne koogyan a wɔanwono Kerubim agu mu, na fa si Ahyiaeɛ Ntomadan no.
This chapter is missing in the source text.
2Ɛsɛ sɛ nsɛnanotam edu no nyinaa kɛseɛ yɛ pɛ. Emu biara tenten yɛ anammɔn aduanan mmienu na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ anammɔn nsia.
3Mompam saa ntoma no enum mmɔ mu ma ɛnyɛ baako. Enum a aka no nso, monyɛ no saa ara.
4Momfa ntoma bibire bamma aduonum nwurawura ntoma no afa mmienu a ɛsensɛn hɔ no mu.
5Ɛsɛ sɛ ɛfa biara, mobɔ nkantankorowa aduonum ma ɛdi nhwɛanimu.
6Bɔ sikakɔkɔɔ nkɔtɔkorɔ aduonum na fa sosɔ nkantankorowa no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nsɛnanotam ahodoɔ mmienu no bɛyɛ nsɛnanotam baako.
7“Nsɛnanotam no akyi no, momfa ntoma nkatasoɔ dubaako a wɔde mmirekyie nwi ayɛ mfa mmɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no so.
8Ntoma nkatasoɔ dubaako no nyinaa tenten ne ne tɛtrɛtɛ nyɛ pɛpɛɛpɛ. Ne tenten nyɛ anammɔn aduanan enum na ne tɛtrɛtɛ nyɛ anammɔn nsia.
9Ka saa nkatasoɔ enum yi sisi anim ma ɛnyɛ adeɛ tɛtrɛtɛ baako; na fa nsia a aka no bɔ mu na ɛno nso nyɛ adeɛ tɛtrɛtɛ baako. Wɔbɛbu nkatasoɔ ɛtɔ so nsia no ato so ama asensɛn fam sɛ ɛdan kronkron no nkatano.
10Fa yaawa nkantankorowa aduonum a wɔabɔ no hyehyɛ ntoma asinasini mmienu no ano.
11Na yɛ nsosɔmu aduonum na fa saa nsosɔmu no hyehyɛ nkantankorowa no mu na ɛnka asɔredan no mmɔ mu na ɛnyɛ mua.
12Ɛdan no mmɔsotam anammɔn baako ne fa bɛsensɛn Ahyiaeɛ Ntomadan no akyi,
24Wɔde nkɔtɔkorɔ bɛsosɔ ntaaboo mmienu no soro ne ne fam.
25Wɔka ne nyinaa bom a, ntaaboo wɔtwe na wɔde bɛyɛ ɛdan no fa hɔ a wɔde bɛsisi dwetɛ nsisisoɔ dunsia so. Taaboo biara bɛfa nsisisoɔ mmienu.
26“Fa okuo sene mmeamu nnua bi na fa beabea ntaaboo no mu. Mmeamu nnua no enum nkɔ ɛdan no fa baako,
27na enum a aka no nso nkɔ ɛfa baako. Fa mmeamu nnua no enum bɔ ntaaboo a ɛwɔ ntomadan no akyi, a ani kyerɛ atɔeɛ fam no.
28Bɔ mmeamu dua baako fa bea ntaaboo no mfimfini na ɛmfiri tire nkɔka tire.
29Fa sikakɔkɔɔ dura ntaaboo no ho na fa sikakɔkɔɔ nkawa sosɔ mmeamu dua no mu na ɛnnyina. Fa sikakɔkɔɔ dura mmeamu dua no nso ho.
30“Fa hyehyɛbea a mekyerɛɛ wo wɔ bepɔ no so hɔ no so pɛpɛɛpɛ si Ahyiaeɛ Ntomadan no.
31“Fa ntoma tuntum, koogyan bibire, koogyan ne asaawatam a ɛyɛ fɛ yɛ ntwamutam a wɔanwono Kerubim sɛso agu mu no.
32Fa sɛn okuo nnua fadum nan a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho a sikakɔkɔɔ nsosɔmu nan sosɔ ano no so. Ma fadum ɛnan no mu biara nsi dwetɛ ntaaboo ɛnan no baako so.
33Fa ntwamutam no sensɛn nsosɔmu no so na fa tware ɛdan no mu. Fa adaka a ɛboɔ a wɔatwerɛ Onyankopɔn mmara agu so no da mu no si ntoma ntwamu no akyiri. Ntoma ntwamu no bɛtwa kronkronbea hɔ ne kronkron mu kronkron no ntam.
34Afei, fa adaka no mmuasoɔ a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ no bua so na fa si kronkron mu kronkron hɔ.
35Fa ɛpono no ne kaneadua no tware dan no mu wɔ ntwamutam no akyi. Kaneadua no bɛsi kronkronbea no anafoɔ, ɛnna ɛpono no asi nʼatifi.
36“Fa ntoma foforɔ a ɛyɛ koogyan bibire ne koogyan asaawatam yɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano nkatano.
37Fa saa ntwamutam no sɛn okuo mpunan enum a wɔde sikakɔkɔɔ adura ho no nsosɔmu no so. Wɔde saa mpunan no bɛsisi yaawa ntaeaseɛ enum no mu.