1“Sɛ obi kɔwia nantwie anaa odwan na ɔkum no anaa ɔtɔn no a, ɔde anantwie enum bɛsi nantwie baako ananmu. Na ɔde nnwan ɛnan asi odwan baako biara ananmu.
This chapter is missing in the source text.
2“Sɛ mohunu ɔkorɔmfoɔ sɛ ɔrebu efie bi awura mu na wɔkum no a, deɛ ɔkumm no no nni fɔ.
3Na sɛ asɛm no si awia deɛ a, wɔmfa no sɛ ɛyɛ awudie enti onipa a ɔkumm ɔkorɔmfoɔ no di fɔ. “Sɛ mokyere ɔkorɔmfoɔ bi a, momma ɔntua nneɛma a wawia no nyinaa ho ka na sɛ wantumi antua a, montɔn no sɛ akoa mfa no ntua ɛka no.
4Sɛ mokyere no sɛ ɔrewia nantwie anaa afunumu anaa odwan a ɔnwuiɛ anaa biribi foforɔ bi a, mommɔ no dekodeɛ a ɔwiaeɛ no ho ka mpemanim.
5“Sɛ obi boapa gyaa nʼaboa ma ɔkɔ obi afuom kɔdidi hɔ, sɛe afudeɛ a, ɔmfa ɔno ara nʼafudeɛ mu deɛ ɛsɔ ani pa ara no mmɛtua ka.
6“Sɛ obi rehye nʼafuo, na ogya no tra kɔtɔ ɔfoforɔ afuo mu, hye, sɛe nʼafudeɛ a, deɛ ɔsɔɔ ogya no bɛtua afudeɛ a asɛe no nyinaa ho ka.
7“Sɛ obi ma ɔfoforɔ sika anaa ade foforɔ bi sɛ ɔmfa nsie ma no na wɔwia na sɛ wɔkyere ɔkorɔmfoɔ no a, ɔbɛtua no mpemanim.
8Na sɛ wɔankyere ɔkorɔmfoɔ no a, wɔde onipa a wɔde agyapadeɛ no hyɛɛ ne nsa no bɛba Onyankopɔn anim abɛhwehwɛ sɛ nʼankasa na ɔwiaa ne yɔnko no anaasɛ ɛnyɛ ɔno.
9Sɛ ɛba sɛ nantwie, afunumu, odwan, ntoma anaa biribi foforɔ bi yera na deɛ nʼadeɛ ayera no de nʼani kari obi sɛ ɔno na wafa dekodeɛ no, na onii no sane sɛ ɛnyɛ ɔno na wafa a, ɛsɛ sɛ wɔde nnipa baanu no nyinaa ba Onyankopɔn anim ma ɔhwehwɛ mu. Ɔhwehwɛ mu na deɛ ɔbɛdi fɔ no, ɔbɛtua adeɛ a ɛyeraeɛ no ho ka mmɔho mmienu ama ɔbaako no.
10“Sɛ obi de afunumu, nantwie, odwan anaa aboa foforɔ bi ma ne yɔnko bi ayɛn na aboa no wu anaa ɔpira anaa ɔdwane na sɛ obi anhunu ammɛka a,
11ɛsɛ sɛ deɛ ɔgyee aboa no ayɛn no ka ntam wɔ Awurade anim sɛ ɛnyɛ ɔno na wawia aboa no na deɛ ne dea no gye to mu a, ɔnnye biribiara nsi ananmu.
12Nanso, sɛ wia na wɔwiaa aboa no anaa dekodeɛ no wɔ ne nkyɛn deɛ a, na ɛsɛ sɛ sohwɛfoɔ a wɔwiaa aboa no anaa dekodeɛ no firii ne nkyɛn no tua ne wura no ka.
13Sɛ akekaboa na ɔkumm no a, ɛsɛ sɛ ɔde aboa no funu ba bɛkyerɛ. Ɔyɛ no saa a, ɔrentua ho ka biara.
14“Sɛ obi fɛm aboa bi anaa biribi foforɔ bi firi ne yɔnko nkyɛn na sɛ aboa no wu anaa ɔpira ɛberɛ a ne wura no nni hɔ a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔfɛm saa aboa no tua ka.
15Na sɛ ne wura no wɔ hɔ deɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔfɛmfoɔ no tua ka, ɛfiri sɛ, wɔbuu yei nyinaa fraa ɔfɛm no ho akatua mu.
16“Sɛ ɔbarima bi kɔdaadaa abaayewa bi a ɔnyɛɛ ne ho adeɛ na ɔne no da a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne ho adeɛ na ɔware no.
17Sɛ abaayewa no agya se ɔmpene awadeɛ no so a, ɛsɛ sɛ ɔbarima no tua ne tiri sika.
24Mede mʼabufuo bɛtia mo na mama atamfoɔ dɔm akum mo na mo yerenom nso adane akunafoɔ ama mo mma nso ayɛ nwisiaa bi.
25“Sɛ wobɔ wo yɔnko Hebrini bosea a, nnye ho mfɛntom biara.
26Sɛ wogye ne ntoma de si awowa a, anadwo no ara, fa nʼadeɛ kɔma no.
27Ɛfiri sɛ, ebia na ntoma a ɔwɔ de kata ne ho de ka ne ho hye ara ne no; woagye yi, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ada? Sɛ woamfa ankɔma no na sɛ ɔsu frɛ me a, mɛtie na mahunu no mmɔbɔ, ɛfiri sɛ, meyɛ mmɔborɔhunufoɔ.
28“Monnkasa ntia Onyankopɔn na monnome aban mu mpanimfoɔ anaa mo atemmufoɔ anaa wɔn a wɔdi mo so.
29“Momfa mo nnɔbaeɛ mu nkyɛ mu edu mu baako mmrɛ me ntɛm so. “Saa ara nso na montua mo mmakan mmarima nkwagyeɛ ho ka no.
30Ma wo nantwie anaa wo dwan abakan no ne ne maame ntena nnanson, na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no, fa no brɛ me.
31“Esiane sɛ moyɛ kronkron ma me enti, monnwe aboa biara a akekaboa akyere no akum no. Monnya ne funu no ma nkraman mmɛwe.