< 2 Mose 20 >
1 Afei, Onyankopɔn kaa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn:
Na Onyankopɔn kaa nsɛm yi yi nyinaa:
2 “Mene Awurade, mo Onyankopɔn a meyii mo firii nkoasom mu wɔ Misraim no.
“Mene Awurade, mo Nyankopɔn, a miyii mo fii nkoasom mu wɔ Misraim no.
3 “Monnsom onyame foforɔ biara nnka me ho.
“Monnsom onyame foforo biara nka me ho.
4 Monnyɛ ohoni anaa biribiara a ɛsɛ adeɛ a ɛwɔ ewiem, anaa deɛ ɛwɔ asase so, anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu, anaa deɛ ɛwɔ asase ase.
Monnyɛ ohoni anaa biribiara a ɛsɛ ade a ɛwɔ wim, anaa nea ɛwɔ asase so, anaa nea ɛwɔ nsu mu, anaa nea ɛwɔ asase ase.
5 Monnkoto ohoni biara nsom no ɛkwan biara so, na me, Awurade mo Onyankopɔn, meyɛ ninkunfoɔ. Na me ne onyame foforɔ bi nkyɛ mo dɔ a modɔ me no. Na sɛ nnipa bi bɔne a wayɛ enti metwe wɔn aso a, metwe wɔn aso kɔsi wɔn awontoatoasoɔ a wɔtan me no nyinaa so.
Monnkotow ohoni biara nsom no wɔ ɔkwan biara so, na me, Awurade, mo Nyankopɔn, meyɛ ninkufo a metwe mma a wɔtan me no aso wɔ awofonom bɔne a wɔyɛ no ho kɔ awo ntoatoaso abiɛsa ne anan mu,
6 Na medɔ awoɔ ntoatoasoɔ mpem a wɔdɔ me na wɔdi mʼahyɛdeɛ so.
nanso meda ɔdɔ adi kyerɛ awo ntoatoaso mpem a wɔdɔ me na wodi mʼahyɛde so no.
7 Mommmɔ Awurade Onyankopɔn din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, ɔbɛbu mo fɔ.
Mommmɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, din basabasa. Sɛ moyɛ saa a, obebu mo fɔ.
8 Monkae homeda na monni no sɛ ɛda kronkron.
Monkae homeda na munni no sɛ da kronkron.
9 Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa,
Nnansia na momfa nyɛ mo nnwuma nyinaa,
10 na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma Awurade Onyankopɔn. Saa ɛda no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ sɛ mo mmammarima, mo mmabaa anaa mo asomfoɔ anaa mo anantwie anaa mo ahɔhoɔ yɛ adwuma biara.
na da a ɛto so ason no yɛ homeda ma Awurade, mo Nyankopɔn. Saa da no, ɛnsɛ sɛ moyɛ adwuma biara; ɛnsɛ sɛ mo mmabarima, mo mmabea anaa mo asomfo anaa mo anantwi anaa mo ahɔho yɛ adwuma biara.
11 Ɛfiri sɛ, Awurade de nna nsia na ɛbɔɔ ɛsoro, asase ne ɛpo ne biribiara a ɛwɔ ne nyinaa mu, ɛnna ɔhomee ne nnanson so; enti ɔhyiraa homeda no so sɛ wɔmfa nhome.
Efisɛ Awurade de nnansia na ɛbɔɔ ɔsoro, asase ne po ne biribiara a ɛwɔ ne nyinaa mu, na ɔhomee ne nnanson so; enti ohyiraa homeda no so sɛ wɔmfa nhome.
12 Di wʼagya ne wo maame ni na wo nna aware wɔ asase a Awurade, wo Onyankopɔn, de bɛma wo no.
Di wʼagya ne wo na ni na wo nna aware wɔ asase a Awurade, wo Nyankopɔn, de rema wo no so.
17 Mma wʼani mmerɛ wo yɔnko fie anaa ne yere anaa nʼasomfoɔ anaa nʼanantwie anaa ne mfunumu anaa biribiara a ɛyɛ ne dea.”
Mma wʼani mmere wo yɔnko fi anaa ne yere anaa nʼasomfo anaa nʼanantwi anaa ne mfurum anaa biribiara a ɛyɛ ne de.”
18 Nnipa no nyinaa hunuu ayerɛmo ne wisie kumɔnn wɔ bepɔ no so. Wɔtee aprannaa ne totorobɛnto nne a ɛyɛ hu a ɛrebɔ dendeenden. Enti, wɔte gyinaeɛ a ehu ama wɔn ho rewoso.
Nnipa no nyinaa huu anyinam ne wusiw kumɔnn wɔ bepɔw no so. Wɔtee aprannaa ne torobɛnto nne a ɛyɛ hu a ɛrebɔ denneennen. Enti wɔtew gyinae a ehu ama wɔn ho rewosow.
19 Wɔka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn, na yɛbɛtie. Na mma Onyankopɔn ankasa nkasa nkyerɛ yɛn na yɛanwuwu.”
Wɔka kyerɛɛ Mose se, “Ka asɛm biara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn, na yebetie. Na mma Onyankopɔn ankasa nkasa nkyerɛ yɛn na yɛanwuwu.”
20 Mose nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔda ne tumi adi kyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛfiri ɛnnɛ rekɔ, mobɛsuro sɛ mobɛyɛ bɔne atia no.”
Mose nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Munnsuro na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔda ne tumi adi kyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a, efi nnɛ rekɔ no, mubesuro sɛ mobɛyɛ bɔne atia no.”
21 Nanso, nnipa no tee wɔn ho gyinaa akyirikyiri baabi. Mose deɛ, ɔwuraa esum kabii no mu kɔɔ baabi a Onyankopɔn wɔ hɔ.
Nanso, nnipa no tew wɔn ho gyinaa akyirikyiri baabi. Mose de, owuraa sum kabii no mu kɔɔ faako a Onyankopɔn wɔ hɔ no.
22 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Ka saa asɛm yi kyerɛ Israelfoɔ no. ‘Modi ho adanseɛ nokorɛm sɛ, mefiri soro ada me pɛ adi akyerɛ mo.
Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka saa asɛm yi kyerɛ Israelfo no. ‘Mudi ho adanse sɛ, mifi ɔsoro ada me pɛ adi akyerɛ mo.
23 Monkae sɛ ɛnsɛ sɛ moyɛ anaa mosom ahoni a wɔde sika anaa dwetɛ anaa biribi foforɔ ayɛ.
Monkae sɛ ɛnsɛ sɛ moyɛ anaa mosom ahoni a wɔde sika anaa dwetɛ anaa biribi foforo ayɛ.
24 “‘Dɔteɛ afɔrebukyia na monyɛ mma me. Ɛso na mommɔ mo afɔdeɛ mma me. Mo ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ a mode nnwan ne anantwie bɔ no nyinaa mommɔ mma me. Baabi a mɛkyerɛ mo sɛ monsi afɔrebukyia no na monsi na mɛba hɔ abɛhyira mo.
“‘Dɔte afɔremuka na monyɛ mma me. Ɛso na mommɔ mo afɔre mma me. Mo ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre a mode nguan ne anantwi bɔ no nyinaa mommɔ mma me. Faako a mɛkyerɛ mo sɛ munsi afɔremuka no na munsi na mɛba hɔ abehyira mo.
25 Motumi de aboɔ nso si afɔrebukyia, nanso aboɔ a wɔntwaeɛ na momfa nsi. Sɛ mode afidie bi twa aboɔ no di no adwini a, ɛnyɛ sɛ wɔde si, ɛfiri sɛ, moagu ho fi.
Mutumi de abo nso si afɔremuka, nanso abo a wontwae na momfa nsi. Sɛ mode afiri bi twa abo no di no adwinni a, enye sɛ wɔde si, efisɛ moagu ho fi.
26 Monnyɛ atrapoe mma afɔrebukyia no anyɛ saa a, obi bɛhwɛ mo ntadeɛ ase ahunu mo adagya mu.’
Monnyɛ atrapoe mma afɔremuka no anyɛ saa a, obi bɛhwɛ mo ntade ase ahu mo adagyaw mu.’