< 2 Mose 16 >

1 Afei, wɔtu firii Elim baa Sin ɛserɛ so a ɛda Elim ne Bepɔ Sinai ntam. Wɔtu firii Misraim no, bosome a ɛtɔ so mmienu dadu nnanum so na wɔduruu hɔ.
Afei, wotu fii Elim baa Sin sare a ɛda Elim ne Bepɔw Sinai ntam no so. Wotu fii Misraim no, ɔsram a ɛto so abien no nnaawɔtwe abien so na woduu hɔ.
2 Wɔduruu hɔ no nso, nnipa no kasa tiaa Mose ne Aaron sɛ,
Woduu hɔ no nso, nnipa no kasa tiaa Mose ne Aaron se,
3 “Ao! Sɛ yɛwɔ Misraim bio na anka Awurade rekunkum yɛn wɔ hɔ a, anka yɛpɛ. Na yɛnya nnuane bebree di wɔ hɔ. Nanso, mode yɛn abɛgu ɛserɛ so ha ama ɛkɔm rekum yɛn.”
“Sɛ yɛwɔ Misraim na anka Awurade rekunkum yɛn wɔ hɔ a, anka yɛpɛ. Na yenya nnuan bebree di wɔ hɔ. Nanso mode yɛn abegu sare so ha ama ɔkɔm rekum yɛn.”
4 Ɛnna Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Merebɛtɔ aduane firi soro abɛgu asase so ama wɔn. Obiara bɛtumi akɔboaboa dodoɔ biara a ɔpɛ ano ama deɛ ɔbɛdi no ɛda koro. Mede yei bɛsɔ wɔn ahwɛ sɛ wɔbɛdi mʼahyɛdeɛ so anaasɛ wɔrenni so.
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Merebɛtɔ aduan afi ɔsoro abegu asase so ama wɔn. Obiara betumi akɔboaboa dodow biara a ɔpɛ ano ama nea obedi no da koro. Mede eyi bɛsɔ wɔn ahwɛ sɛ wobedi mʼahyɛde so anaasɛ wɔrenni so.
5 Ka kyerɛ wɔn na nnawɔtwe biara mu ɛda a ɛtɔ so nsia no, wɔmmoaboa aduane no ano sɛdeɛ daa wɔboaboa no no, mmɔho mmienu.”
Ka kyerɛ wɔn na nnaawɔtwe biara mu da a ɛto so asia no, wɔmmoaboa aduan no ano sɛnea daa wɔboaboa no no, mmɔho abien.”
6 Enti, Mose ne Aaron frɛɛ Israelfoɔ no nyinaa ne wɔn hyiaeɛ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anwummerɛ yi, mobɛhunu sɛ Awurade na ɔyii mo firii Misraim asase so.
Enti Mose ne Aaron frɛɛ Israelfo no nyinaa ne wɔn hyia ka kyerɛɛ wɔn se, “Anwummere yi, mubehu sɛ Awurade na oyii mo fii Misraim asase so.
7 Sɛ ɛduru anɔpa a, mobɛhunu nʼanimuonyanneɛ bebree; ɛfiri sɛ, wate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no. Na yɛn ne hwan a monnwiinwii tia yɛn?
Sɛ edu anɔpa a, mubehu nʼanuonyam bebree; efisɛ wate sɛnea munwiinwii tia no no. Na yɛn ne hena a munwiinwii tia yɛn?
8 Anwummerɛ yi, Awurade bɛma mo ɛnam awe, na wama mo aduane anɔpa. Ɛfiri sɛ, wate mo anwiinwii a monwiinwii tia no no. Moannwiinwii antia yɛn, na monwiinwii tiaa Awurade.”
Anwummere yi, Awurade bɛma mo nam awe, na wama mo aduan anɔpa, efisɛ wate mo anwiinwii a etia no no. Moannwiinwii antia yɛn, na munwiinwii tiaa Awurade.”
9 Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ, “Ka kyerɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ wɔmmra Awurade anim na wɔmmɛtie wɔn anwiinwii no ho mmuaeɛ.”
Na Mose ka kyerɛɛ Aaron se, “Ka kyerɛ Israelfo no nyinaa sɛ wɔmmra Awurade anim na wommetie wɔn anwiinwii no ho mmuae.”
10 Enti, Aaron frɛɛ wɔn boaa ano, na prɛko pɛ, wɔmaa wɔn ani so kyerɛɛ baabi a omununkum a ɛrekyerɛ wɔn ɛkwan no wɔ no, Awurade firii mu daa nʼanimuonyam kɛseɛ no adi.
Enti Aaron frɛɛ wɔn boaa ano, na prɛko pɛ, wɔmaa wɔn ani so kyerɛɛ baabi a omununkum a ɛrekyerɛ wɔn kwan no wɔ no, Awurade fii mu daa nʼanuonyam kɛse no adi.
11 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
12 “Mate wɔn anwiinwii no, ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Anwummerɛ, mobɛnya ɛnam awe na anɔpa nso mobɛnya aduane pii adi na mobɛhunu sɛ mene Awurade, mo Onyankopɔn, no.’”
“Mate wɔn anwiinwii no, ka kyerɛ wɔn se, ‘Anwummere, mubenya nam awe na anɔpa nso mubenya aduan pii adi na mubehu sɛ mene Awurade, mo Nyankopɔn, no.’”
13 Anwummerɛ no, nnomaa pii bɛbuu so wɔ wɔn atenaeɛ hɔ na anɔpa no, obosuo tɔ guu ɛserɛ no so ma ɛyɛɛ fɔkyee;
Anwummere no, nnomaa pii bebuu so wɔ wɔn atenae hɔ na anɔpa no, obosu tɔ guu sare no so maa ɛyɛɛ fɔkyee.
14 obosuo no tuiɛ no akyire no, biribi te sɛ nsenseneeɛ bi a ɛte sɛ nkyenkyeneeɛ bɛguu asase no so.
Obosu no yowee no, nsinsenii nketenkete bi a ɛte sɛ sukyerɛmma beguu asase no so.
15 Israelfoɔ no hunuiɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛdeɛbɛn nie?” Na Mose buaa wɔn sɛ, “Ɛyɛ aduane a Awurade de ama mo sɛ monni no.
Israelfo no hui no, wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Dɛn ni?” Na Mose buaa wɔn se, “Ɛyɛ aduan a Awurade de ama mo sɛ munni no.
16 Awurade aka sɛ, ‘Obiara mmoaboa dodoɔ biara a ɛbɛso ɔne ne fiefoɔ die ano.’”
Awurade aka se, ‘Obiara mmoaboa dodow biara a ɛbɛso ɔne ne fifo di no ano.’”
17 Enti, Israelfoɔ no firii adi kɔboaboaa aduane no bi ano. Ebi faa pii ɛnna ebi faa kakraa bi.
Enti Israelfo no fii adi kɔboaboaa aduan no bi ano. Ebinom faa pii na bi nso faa kakraa bi.
18 Wɔhwiee deɛ wɔaboaboa ano no nyinaa guu susukoraa mu no, na ɛdɔɔso sɛ obiara bɛnya bi. Wɔn a wɔnyaa pii no, ebi anka, ɛnna wɔn a wɔnyaa kakra bi no nso, ɛsoo wɔn. Efie biara nyaa ne so ne ne deɛ.
Wohwiee nea wɔaboaboa ano no nyinaa guu susukoraa mu no, na ɛdɔɔso sɛ obiara benya bi. Wɔn a wonyaa pii no, ebi anka, na wɔn a wonyaa kakraa bi no nso, ɛsoo wɔn. Ofi biara nyaa ne so ne ne de.
19 Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mommma adeɛ nkye so.”
Mose ka kyerɛɛ wɔn se, “Mommma ade nkye so.”
20 Nanso, ebinom yɛɛ asoɔden maa adeɛ kyee so. Adeɛ kyee so no, na adɔre nsaama ma ɛbɔn enti Mose bo fuu wɔn yie.
Nanso ebinom yɛɛ asoɔden maa ade kyee so. Ade kyee so no, na adɔ nsaammoa ma ɛbɔn enti Mose bo fuw wɔn yiye.
21 Afei, na wɔkɔtase aduane no anɔpa biara, na wɔtase dodoɔ biara a, ɛso efie biara. Na awia bɔɔ dendeenden guu so no, aduane no nyinaa naneeɛ.
Afei na wɔkɔtase aduan no anɔpa anɔpa, na wɔtase dodow biara a, ɛso ofi biara. Na awia bɔɔ denneennen guu so no, aduan no nyinaa nanee.
22 Ɛda a ɛtɔ so nsia no, wɔtasee sɛdeɛ wɔtase no daa no mmɔho mmienu. Wɔtasee susukoraa nsia, nanso daa na wɔtase susukoraa mmiɛnsa. Mpanimfoɔ a wɔtuatua nnipa no ano no bɛbisaa Mose deɛ enti a aba saa.
Da a ɛto so asia no, wɔtasee sɛnea wɔtase no daa no mmɔho abien. Wɔtasee susukoraa asia, nanso daa na wɔtase susukoraa abiɛsa. Mpanyimfo a wotuatua nnipa no ano no bebisaa Mose nea nti a aba saa.
23 Mose buaa wɔn sɛ, “Ɛfiri sɛ, Awurade aka ato hɔ sɛ, ‘Ɔkyena yɛ homeda. Ɛyɛ homeda kronkron ma Awurade a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn nnwuma biara. Enti, monnoa dodoɔ biara a mopɛ ɛnnɛ, na deɛ ɛbɛka no, monnya ma adeɛ nkye so.’”
Mose buaa wɔn se, “Efisɛ Awurade aka ato hɔ se, ‘Ɔkyena yɛ homeda. Ɛyɛ homeda kronkron ma Awurade a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn nnwuma biara. Enti monnoa dodow biara a mopɛ nnɛ, na nea ɛbɛka no, munnyaw mma ade nkye so.’”
24 Na adeɛ kyee so no, na ɛyɛ a nsaama biara nni mu na ɛmmɔn nso.
Na ade kyee so no, na nsaammoa biara nni mu na ɛmmɔn nso.
25 Mose kaa sɛ, “Ɛnnɛ, mo aduane nie, ɛfiri sɛ, ɛnnɛ yɛ Awurade homeda enti aduane biara rentɔ ngu asase so.
Mose kae se, “Nnɛ, mo aduan ni, efisɛ nnɛ yɛ Awurade homeda enti aduan biara rentɔ ngu asase so.
26 Momfa nna nsia mmoaboa aduane ano, ɛfiri sɛ, ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda enti morennya aduane biara saa ɛda no.”
Momfa nnansia mmoaboa aduan ano, efisɛ da a ɛto so ason no yɛ homeda enti morennya aduan biara saa da no.”
27 Homeda no, nnipa no bi firii adi sɛ wɔrekɔpɛ aduane no bi, nanso na ebi nni hɔ.
Homeda no, nnipa no bi fii adi sɛ wɔrekɔpɛ aduan no bi, nanso na ebi nni hɔ.
28 Awurade bisaa Mose sɛ, “Saa nnipa yi bɛyɛ asoɔden akɔsi da bɛn?
Awurade bisaa Mose se, “Saa nnipa yi bɛyɛ asoɔden akosi da bɛn?
29 Wɔnhunu sɛ nna nsia so no, memaa wɔn mmɔho mmienu sɛdeɛ ɛbɛso wɔn nnanu? Awurade se momfa ɛda a ɛtɔ so nson no sɛ homeda; montena mo ntomadan mu. Mommfiri adi nkɔtase aduane mfiri asase so.”
Wonhu sɛ nnansia so no, memaa wɔn mmɔho abien sɛnea ɛbɛso wɔn nnaanu? Awurade se momfa da a ɛto so ason no sɛ homeda; montena mo ntamadan mu. Mummfi adi nkɔtase aduan mfi asase so.”
30 Enti, ɛda a ɛtɔ so nson no, nnipa no homee.
Enti da a ɛto so ason no, nnipa no homee.
31 Israelfoɔ no too aduane no edin sɛ, Mana aseɛ ne “Ɛyɛ ɛdeɛn?” Ɛyɛ fitaa sɛ wisa aba na ɛyɛ dɛ te sɛ taterɛ a ɛwoɔ wɔ mu.
Israelfo no too aduan no din se Mana, ase ne “Ɛyɛ dɛn?” Ɛyɛ fitaa sɛ wusa aba na ɛyɛ dɛ te sɛ tetare a ɛwo wɔ mu.
32 Mose kaa asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ wɔmfa aduane no susukoraa mmiɛnsa na wɔmfa nkɔsie wɔn adekorabea afebɔɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkyirimma bɛhunu aduane a Awurade de maa wɔn dii wɔ ɛserɛ so ɛberɛ a ɔyii wɔn firii Misraim no.
Mose kaa asɛm a Awurade ka kyerɛɛ no sɛ ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ wɔmfa aduan no susukoraa abiɛsa na wɔmfa nkosie wɔn adekorabea afebɔɔ sɛnea ɛbɛyɛ a, nkyirimma behu aduan a Awurade de maa wɔn dii wɔ sare so bere a oyii wɔn fii Misraim no.
33 Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ ɔmfa kyɛnsee na ɔmfa mana lita mmiɛnsa ngu mu na ɔmfa nsie kronkronbea bi mma nkyirimma.
Mose ka kyerɛɛ Aaron se ɔmfa kuruwa na ɔmfa mana lita abiɛsa ngu mu na ɔmfa nsie kronkronbea bi mma nkyirimma.
34 Aaron yɛɛ sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no na ɔkɔkoraa no wɔ Apam Adaka no mu wɔ kronkronbea hɔ.
Aaron yɛɛ sɛnea Awurade kyerɛɛ Mose sɛ ɔnyɛ no na ɔnkora no wɔ Apam Adaka no mu wɔ kronkronbea hɔ.
35 Enti, Israelfoɔ dii mana yi mfeɛ aduanan kɔsii sɛ wɔduruu Kanaan asase so a ɛhɔ deɛ, na afuomduane wɔ no.
Enti Israelfo dii mana yi mfe aduanan kosii sɛ woduu Kanaan asase so a ɛhɔ de, na afumduan wɔ no.
36 Omer na na wɔde susu mana no. Omer yɛ lita mmiɛnsa.
Lita abiɛsa yɛ omer baako.

< 2 Mose 16 >