< 2 Mose 15 >

1 Afei, Mose ne Israelfoɔ too saa dwom yi de kamfoo Awurade: “Mɛto dwom mama Awurade, ɛfiri sɛ, wadi nkonim animuonyam mu; Wato ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no agu ɛpo mu.
Alors Moïse et les enfants d’Israël chantèrent ce cantique à Yahweh; ils dirent: Je chanterai à Yahweh, car il a fait éclater sa gloire: il a précipité dans la mer cheval et cavalier.
2 “Awurade yɛ mʼahoɔden, me dwom ne me nkwagyeɛ. Ɔyɛ me Onyankopɔn, na mɛkamfo no. Ɔyɛ mʼagya Onyankopɔn—Mɛma no so.
Yahweh est ma force et l’objet de mes chants; c’est lui qui m’a sauvé; c’est lui qui est mon Dieu: je le célébrerai; le Dieu de mon père: je l’exalterai.
3 Awurade yɛ ɔkofoɔ; Aane, ne din ne Awurade.
Yahweh est un vaillant guerrier; Yahweh est son nom.
4 Farao nteaseɛnam ne nʼakodɔm, wato wɔn agu Ama wɔamem Ɛpo Kɔkɔɔ mu. Misraim akofoɔ atitire awuwu asorɔkye ase.
Il a jeté dans la mer les chars de Pharaon et son armée; l’élite de ses capitaines a été engloutie dans la mer Rouge.
5 Nsuo akata wɔn so. Wɔmemem subunu mu sɛ ɛboɔ.
Les flots les couvrent; ils sont descendus au fond des eaux comme une pierre.
6 Wo nsa nifa, Ao, Awurade, tumi ne animuonyam ahyɛ no ma. Wo nsa nifa, Ao, Awurade, atete atamfoɔ mu pasaa.
Ta droite, ô Yahweh, s’est signalée par sa force, ta droite, ô Yahweh, a écrasé l’ennemi.
7 “Wo tumi kɛseɛ no mu, wotuu wɔn a wɔtia wo no guiɛ. Womaa wʼabufuhyeɛ bɛhyee wɔn sɛ ogya hye ɛserɛ.
Dans la plénitude de ta majesté, tu renverses tes adversaires; tu déchaînes ta colère, elle les consume comme du chaume.
8 Wogu ahome a, nsuo mu pae. Ɛgyinaa sɛ afasuo ma ɛpo taa ɛfa ne ɛfa.
Au souffle de tes narines, les eaux se sont amoncelées. Les flots se sont dressés comme un monceau; les vagues se sont durcies au sein de la mer.
9 Ɔtamfoɔ de ahomasoɔ kaeɛ sɛ, ‘Mɛtaa wɔn, mɛto wɔn, asɛe wɔn. Na makyɛ afodeɛ no mu. Mɛtwe mʼakofena wɔ wɔn so atwitwa wɔn asinasini.’
L’ennemi disait: « Je poursuivrai, j’atteindrai, je partagerai les dépouilles, ma vengeance sera assouvie, je tirerai l’épée, ma main les détruira. »
10 Nanso, Onyankopɔn bɔɔ ne mframa maa ɛpo kataa wɔn so. Wɔmemem sɛ sumpii wɔ subunu no mu.
Tu as soufflé de ton haleine, la mer les a couverts, ils se sont enfoncés, comme du plomb, dans les vastes eaux.
11 Hwan na ɔte sɛ Awurade wɔ anyame mu? Hwan na ɔte sɛ wo? Ɔberempɔn wɔ kronkronyɛ mu; deɛ yɛde surokronkron ma nʼanimuonyam, na ɔyɛ anwanwadeɛyɛfoɔ Onyankopɔn.
Qui est comme toi parmi les dieux, ô Yahweh? Qui est comme toi, auguste en sainteté, redoutable à la louange même, opérant des prodiges?
12 “Wotenee wo nsa nifa na asase menee wɔn.
Tu as étendu ta droite, la terre les a engloutis.
13 Woadi nnipa a wogyee wɔn no anim, wʼayamyɛ mu. Wonam anwanwakwan so adi wɔn anim de wɔn aba wʼasase kronkron no so.
Par ta grâce tu conduis ce peuple que tu as délivré; par ta puissance tu le diriges vers ta demeure sainte.
14 Amanaman tee asɛm a ɛsiiɛ ma wɔn ho popoeɛ. Ehu aka nnipa a wɔwɔ Filistia.
Les peuples l’ont appris, ils tremblent; la terreur s’empare des Philistins;
15 Edom mpanimfoɔ ho adwiri wɔn. Atumfoɔ a wɔwɔ Moab ho woso. Na nnipa a wɔwɔ Kanaan nyinaa abɔ huboa.
Déjà les princes d’Edom sont dans l’épouvante; l’angoisse s’empare des forts de Moab; tous les habitants de Canaan ont perdu courage,
16 Ehu ne suro afa wɔn so. Ao, Awurade, wo tumi enti, wɔremma yɛn so! Wo nkurɔfoɔ a wotɔɔ wɔn bɛtwa wɔn ho asomdwoeɛ mu.
la terreur et la détresse tomberont sur eux; par la grandeur de ton bras, ils deviendront immobiles comme une pierre, jusqu’à ce que ton peuple ait passé, ô Yahweh, jusqu’à ce qu’il ait passé, le peuple que tu as acquis.
17 Wode wɔn bɛba abɛdua wɔn wɔ wo bepɔ so, wo ara wo efie hɔ, Awurade— Kronkronbea a woasiesie sɛ wo tenabea no.
Tu les amèneras et les établiras sur la montagne de ton héritage, au lieu dont tu as fait ta demeure, ô Yahweh, au sanctuaire, Seigneur, que tes mains ont préparé.
18 “Awurade bɛdi ɔhene akɔsi daa.”
Yahweh régnera à jamais et toujours!
19 Farao apɔnkɔ, nʼapɔnkɔkafoɔ ne ne nteaseɛnam pɛɛ sɛ wɔfa ɛpo no mu; nanso, Awurade buu nsuo afasuo no guu wɔn so ɛberɛ a na Israelfoɔ no nam mu sɛ asase wesee no.
Car les chevaux de Pharaon, ses chars et ses cavaliers sont entrés dans la mer, et Yahweh a ramené sur eux les eaux de la mer; mais les enfants d’Israël ont marché à sec au milieu de la mer.
20 Ɛhɔ na Odiyifoɔ baa Miriam a ɔyɛ Aaron nuabaa faa twene bi bɔ de dii mmaa no anim ma wɔsaeɛ.
Marie, la prophétesse, sœur d’Aaron, prit à la main un tambourin, et toutes les femmes vinrent à sa suite avec des tambourins et en dansant.
21 Ɛnna Miriam too saa dwom yi: “Monto dwom mma Awurade na wadi nkonim animuonyam mu. Wama ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ amem ɛpo ase.”
Marie répondait aux enfants d’Israël: Chantez Yahweh, car il a fait éclater sa gloire: il a précipité dans la mer cheval et cavalier.
22 Afei, Mose dii Israelfoɔ no anim ne wɔn tu firii Ɛpo Kɔkɔɔ no ho kɔɔ Sur ɛserɛ so. Na wɔnantee ɛserɛ no so nnansa a wɔannya nsuo annom.
Moïse fit partir Israël de la mer Rouge. Ils s’avancèrent vers le désert de Sur, et marchèrent trois jours dans ce désert sans trouver d’eau.
23 Wɔduruu Mara no, wɔantumi annom ɛhɔ nsuo, ɛfiri sɛ, na ɛyɛ nwono. Ɛno enti na wɔfrɛ hɔ Mara no; aseɛ ne: Nwononwono.
Ils arrivèrent à Mara, mais ils ne purent boire l’eau de Mara, parce qu’elle était amère. C’est pourquoi ce lieu fut appelé Mara.
24 Afei, nnipa no danee wɔn ani tiaa Mose sɛ, “Osukɔm nku yɛn anaa?”
Le peuple murmura contre Moïse, en disant: « Que boirons-nous? »
25 Mose srɛɛ Awurade sɛ ɔmmoa wɔn, na Awurade kyerɛɛ no dua bi. Na ɔtoo dubaa no too nsuo no mu, na ɛyɛɛ dɛ maa wɔtumi nomeeɛ. Mara hɔ na Awurade hyɛɛ saa mmara yi maa wɔn sɛ,
Moïse cria à Yahweh, et Yahweh lui indiqua un bois; il le jeta dans l’eau, et l’eau devint douce. Là Yahweh donna au peuple un statut et un droit, et là il le mit à l’épreuve.
26 “Sɛ mobɛtie Awurade mo Onyankopɔn nne, na moayɛ ɔsetie, ayɛ ade tenenee deɛ a, yadeɛ a mema ɛbɔɔ Misraimfoɔ no, meremma bi mmɔ mo, ɛfiri sɛ, mene Awurade a mesa mo nyarewa.”
Il dit: « Si tu écoutes la voix de Yahweh, ton Dieu, si tu fais ce qui est droit à ses yeux, si tu prêtes l’oreille à ses commandements, et si tu observes toutes ses lois, je ne mettrai sur toi aucune des maladies que j’ai mises sur les Égyptiens; car je suis Yahweh qui te guérit. »
27 Wɔbaa Elim a ɛhɔ na na nsubura dumienu ne mmɛdua aduɔson wɔ enti, wɔsisii wɔn ntomadan, tenaa nsubura no ho.
Ils arrivèrent à Élim, où il y avait douze sources d’eau et soixante-dix palmiers; et ils campèrent là, près de l’eau.

< 2 Mose 15 >