< 2 Mose 11 >

1 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Mɛma ɔhaw a ɛtwa toɔ aba Farao ne nʼasase so. Na ɛno akyiri no, ɔbɛma mo akɔ. Nokorɛm, ne ho bɛpere no sɛ mobɛfiri ne ho ama ɔno ara apamo mo afiri ɔman no mu.
Et dixit Dominus ad Moysen: Adhuc una plaga tangam Pharaonem et Ægyptum, et post hæc dimittet vos, et exire compellet.
2 Monka nkyerɛ Israelfoɔ mmarima ne mmaa nyinaa sɛ, wɔmmisa wɔn amannifoɔ Misraimfoɔ no na wɔmma wɔn sikakɔkɔɔ ne dwetɛ adwinneɛ.”
Dices ergo omni plebi ut postulet vir ab amico suo, et mulier a vicina sua vasa argentea et aurea.
3 Awurade maa Misraimfoɔ no hunuu Israelfoɔ no mmɔbɔ, na Mose nso yɛɛ onipa kɛseɛ a na Farao mpanimfoɔ ne Misraimfoɔ no bu no yie wɔ ɔman no mu.
Dabit autem Dominus gratiam populo suo coram Ægyptiis. Fuitque Moyses vir magnus valde in Terra Ægypti coram servis Pharaonis, et omni populo.
4 Mose bɔɔ Farao amaneɛ sɛ, “Awurade se menka nkyerɛ wo sɛ, ‘Anadwo nnɔndumienu mɛtwam wɔ Misraim asase so.
Et ait: Hæc dicit Dominus: Media nocte egrediar in Ægyptum:
5 Na Misraim fie biara mu ɔbabarima panin bɛwu. Ɛfiri Farao babarima panin so, ne dehyeɛ a ɔbɛdi nʼadeɛ, ne ɔsomfoɔ mu ɔsomfoɔ kumaa koraa ba panin ne ne nyɛmmoa abakan nyinaa bɛwuwu.
et morietur omne primogenitum in Terra Ægyptiorum, a primogenito Pharaonis qui sedet in solio eius, usque ad primogenitum ancillæ quæ est ad molam, et omnia primogenita iumentorum.
6 Na owuo no ho agyaadwotwa bɛduru Misraim asase so nyinaa. Awerɛhoɔ a ɛte saa mmaa Misraim asase so da, na ebi nso remma da bio.
Eritque clamor magnus in universa Terra Ægypti, qualis nec ante fuit, nec postea futurus est.
7 Na Israelfoɔ mu deɛ, biribiara bɛyɛ dwoodwoo na ɔkraman mpo rempɔ.’ Na ɛbɛma woahunu sɛ, Awurade de nsonsonoeɛ ato Misraimfoɔ ne Israelfoɔ ntam!
Apud omnes autem filios Israel non mutiet canis ab homine usque ad pecus: ut sciatis quanto miraculo dividat Dominus Ægyptios et Israel.
8 Wo mpanimfoɔ yi nyinaa bɛtu mmirika, adi mʼakyiri, akoto asrɛ sɛ, ‘Yɛpa wo kyɛw, firi ha ntɛm na kɔfa wo nkurɔfoɔ nyinaa ka wo ho kɔ.’ Sɛ ɛba saa a ansa na mɛkɔ!” Mose wiee kasa no, ɔde abufuhyeɛ firii ahemfie hɔ kɔeɛ.
Descendentque omnes servi tui isti ad me, et adorabunt me, dicentes: Egredere tu, et omnis populus qui subiectus est tibi: post hæc egrediemur.
9 Na Awurade aka akyerɛ Mose sɛ, “Asɛm a wobɛka no, Farao rentie. Na ɛno so na mɛgyina ayɛ anwanwadeɛ de ada me tumi adi.”
Et exivit a Pharaone iratus nimis. Dixit autem Dominus ad Moysen: Non audiet vos Pharao ut multa signa fiant in Terra Ægypti.
10 Ɛwom sɛ Mose ne Aaron yɛɛ saa anwanwadeɛ no nyinaa wɔ Farao anim nanso Awurade pirim nʼakoma sɛdeɛ ɔremma nnipa no mfiri asase no so nkɔ.
Moyses autem et Aaron fecerunt omnia ostenta quæ scripta sunt, coram Pharaone. Et induravit Dominus cor Pharaonis, nec dimisit filios Israel de terra sua.

< 2 Mose 11 >