< Ɛster 7 >

1 Enti, ɔhene no ne Haman kɔɔ Ɔhemmaa Ɛster apontoɔ no.
So the king and Aman went in to drink with the queen.
2 Na ɛberɛ a wɔrenonom nsã saa da no, bio, ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔhemmaa Ɛster, kyerɛ me deɛ wopɛ. Wʼabisadeɛ ne sɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman yi mu fa koraa a, mede bɛma wo!”
And the king said to Esther at the banquet on the second day, What is it, queen Esther? and what [is] thy request, and what [is] thy petition? and it shall be [done] for thee, to the half of my kingdom.
3 Ɔhemmaa Ɛster buaa sɛ, “Sɛ Ɔhene kɛseɛ ani gye me ho, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼabisadeɛ ma me a, mʼadesrɛ ara ne sɛ, ɔbɛgyaa me nkwa ne me manfoɔ nkwa mu ama yɛn.
And she answered and said, If I have found favour in the sight of the king, let [my] life be granted to my petition, and my people to my request.
4 Ɛfiri sɛ, wɔatɔn me ne me manfoɔ ama nnipa a wɔbɛkunkum yɛn, atɔre yɛn ase. Sɛ wɔtɔn yɛn sɛ nkoa kɛkɛ mpo a, anka mɛtena dinn, ɛfiri sɛ, ɛno deɛ, ɛyɛ asɛm kumaa bi a ɛho nhia sɛ wɔde kɔdan ɔhene.”
For both I and my people are sold for destruction, and pillage, and slavery; [both] we and our children for bondmen and bondwomen: and I consented not to it, for the slanderer [is] not worthy of the king’s palace.
5 Ɔhene Ahasweros bisaa sɛ, “Hwan na ɔbɛyɛ saa? Na hwan na ɔbɛtumi de ne nsa aka wo?”
And the king said, Who [is] this that has dared to do this thing?
6 Ɛster buaa sɛ, “Saa omumuyɛfoɔ ne ɔtamfoɔ yi ne animguaseni Haman.” Ehu maa Haman too hoa wɔ ɔhene ne ɔhemmaa no anim.
And Esther said, The adversary [is] Aman, this wicked man. Then Aman was troubled before the king and the queen.
7 Ɔhene no de abufuo huri gyinaa ne nan so, na ɔkɔɔ ahemfie hɔ turo mu. Na Haman kaa hɔ, dwane toaa Ɔhemmaa Ɛster sɛ ɔnsrɛ ne nkwa mma no, ɛfiri sɛ, na ɔnim sɛ nʼawieeɛ aduru.
And the king rose up from the banquet to go into the garden: and Aman began to intreat the queen; for he saw that he was in an evil case.
8 Ɔde abasamutuo bu hwee Ɔhemmaa Ɛster mpa a ɔrehome so no so. Ɛhɔ ara na ɔhene no nso firii ahemfie no turo mu hɔ baeɛ. Ɔhene no bobɔɔ mu sɛ, “Hwɛ ɔrebɛboro ɔhemmaa yi wɔ ahemfie ha, wɔ mʼani so ha nso?” Ɔhene no kasa wieeɛ ara pɛ, nʼasomfoɔ no kataa Haman anim a ɛkyerɛ sɛ, nʼawieeɛ aduru.
And the king returned from the garden; and Aman had fallen upon the bed, intreating the queen. And the king said, Wilt thou even force [my] wife in my house? And when Aman heard it, he changed countenance.
9 Na Harbona a ɔyɛ ɔhene no apiafoɔ no mu baako kaa sɛ, “Haman asi dua a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduɔson enum wɔ ɔno ara nʼadihɔ. Na nʼadwene ne sɛ, ɔbɛsɛn Mordekai a ɔgyee ɔhene nkwa no wɔ so.” Afei, ɔhene no kaa sɛ, “Monsɛn Haman wɔ so.”
And Bugathan, one of the chamberlains, said to the king, Behold, Aman has also prepared a gallows for Mardochæus, who spoke concerning the king, and a gallows of fifty cubits high has been set up in the premises of Aman. And the king said, Let him be hanged thereon.
10 Enti, wɔsɛnee Haman wɔ dua no a ɔsi maa Mordekai no so, maa ɔhene no bo dwoeɛ.
So Aman was hanged on the gallows that had been prepared for Mardochæus: and then the king’s wrath was appeased.

< Ɛster 7 >