< Ɛster 5 >

1 Nnansa akyi, Ɛster hyɛɛ nʼahemmaa atadeɛ kɔɔ ahemfie no adihɔ hɔ a ɛbɛn ɔhene no asa. Na ɔhene no te nʼahennwa so a nʼani kyerɛ abɔntene kwan ano.
Nnansa akyi no, Ɛster hyɛɛ nʼahemmea atade kɔɔ ahemfi no adiwo hɔ a ɛbɛn ɔhene no asa so. Na ɔhene no te nʼahengua so a nʼani kyerɛ abɔnten kwan ano.
2 Ɛberɛ a ɔhunuu Ɔhemmaa Ɛster sɛ ɔgyina adihɔ hɔ no, ɔgyee no fɛ so. Ɔde sikakɔkɔɔ ahempoma no kyerɛɛ ne so. Enti, Ɛster bɛneeɛ, kɔsɔɔ poma no ti.
Bere a ohuu Ɔhemmea Ɛster sɛ ogyina adiwo hɔ no, ogyee no fɛw so. Ɔde sikakɔkɔɔ ahempema no kyerɛɛ ne so. Enti Ɛster bɛn kosoo pema no ti.
3 Na ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɔhemmaa Ɛster, ɛdeɛn na wohwehwɛ? Wʼabisadeɛ ne sɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman no fa koraa a, mede bɛma wo!”
Na ɔhene no bisaa no se, “Ɔhemmea Ɛster, dɛn na wohwehwɛ? Wʼabisade ne dɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman no fa koraa a, mede bɛma wo!”
4 Na Ɛster buaa sɛ, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, Ɔhene kɛseɛ, wo ne Haman mmra apontoɔ a masiesie ama wo ɛnnɛ no.”
Na Ɛster buae se, “Sɛ ɛyɛ wo pɛ a, Ɔhempɔn, wo ne Haman mmra aponto a masiesie ama wo nnɛ no ase.”
5 Ɔhene no danee ne ho, ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ sɛ, “Monka nkyerɛ Haman sɛ, ɔmmra apontoɔ no ase seesei ara, sɛdeɛ Ɛster abisa no.” Enti, ɔhene ne Haman kɔɔ Ɛster apontoɔ no.
Ɔhene no dan ne ho, ka kyerɛɛ nʼasomfo no se, “Monka nkyerɛ Haman se, ɔmmra aponto no ase mprempren ara, sɛnea Ɛster asrɛ no.” Enti ɔhene ne Haman kɔɔ Ɛster aponto no ase.
6 Na ɛberɛ a wɔgu so renom nsã no, ɔhene no ka kyerɛɛ Ɛster sɛ, “Afei, ka deɛ wohwehwɛ pa ara no kyerɛ me. Wʼadesrɛdeɛ yɛ ɛdeɛn? Sɛ wobisa mʼahemman mu fa koraa a, mede bɛma wo.”
Na bere a wogu so renom nsa no, ɔhene no ka kyerɛɛ Ɛster se, “Afei, ka nea wohwehwɛ pa ara no kyerɛ me. Wʼadesrɛde yɛ dɛn? Sɛ wubisa mʼaheman mu fa koraa a, mede bɛma wo.”
7 Ɛster buaa sɛ, “Mʼadesrɛdeɛ a mʼakoma da ho pa ara nie:
Ɛster buae se, “Mʼadesrɛ a me koma da ho pa ara ni:
8 Sɛ ɔhene kɛseɛ ani sɔ me, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼadesrɛdeɛ ma me a, anka ɔkyena wo ne Haman mmra apontoɔ a mɛto wo no ase. Na ɔkyena, mɛkyerɛ wo yei nyinaa ase.”
Sɛ ɔhempɔn ani sɔ me, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼadesrɛ ma me a, anka ɔkyena wo ne Haman mmra ɔpon a mɛto wo no ase. Na ɔkyena, mɛkyerɛ wo eyi nyinaa ase.”
9 Haman firii apontoɔ no ase no, na nʼani agye mmorosoɔ! Nanso, ɔhunuu Mordekai a ɔte ɛpono no ano a wansɔre na ne ho ampopo wɔ nʼanim no, ne bo fuiɛ.
Haman fii aponto no ase no, na nʼani agye mmoroso! Nanso ohuu Mordekai a ɔte pon no ano a wansɔre na ne ho ampopo wɔ nʼanim no, ne bo fuwii.
10 Nanso, Haman hyɛɛ ne ho so kɔɔ efie. Afei, ɔboaboaa ne nnamfonom a ne yere Seres ka ho ano,
Nanso Haman hyɛɛ ne ho so kɔɔ fie. Afei, ɔboaboaa ne nnamfonom a ne yere Seres ka ho no ano,
11 de ahonya ne mma dodoɔ a ɔwɔ hoahoaa ne ho wɔ wɔn anim. Ɔde abasobɔdeɛ ahodoɔ a ɔhene ama no nso ne sɛdeɛ wɔasi no panin wɔ mpanimfoɔ nkaeɛ no so no nso, tuu ne ho.
de ahonya ne mma dodow a ɔwɔ hoahoaa ne ho wɔ wɔn anim. Ɔde abasobɔde ahorow a ɔhene ama no no nso ne sɛnea wɔasi no panyin wɔ mpanyimfo nkae no so no nso tuu ne ho.
12 Afei, Haman ka kaa ho sɛ, “Ɛnyɛ ɛno nko! Ɔhemmaa Ɛster too nsa frɛɛ me ne ɔhene no ankasa kɔɔ nʼapontoɔ ase. Na wato nsa afrɛ me sɛ, ɔpɛ sɛ me ne no ne ɔhene no didi bio ɔkyena.”
Haman ka kaa ho se, “Ɛnyɛ ɛno nko! Ɔhemmea Ɛster too nsa frɛɛ me ne ɔhene no ankasa kɔɔ nʼaponto ase. Na wato nsa afrɛ me sɛ, ɔpɛ sɛ me ne no ne ɔhene no didi bio ɔkyena.
13 Afei, ɔtoaa so sɛ, “Nanso, sɛ mehunu Yudani Mordekai sɛ ɔda so te ahemfie ɛpono ano a, yeinom nyinaa nka hwee.”
Nanso sɛ mihu Yudani Mordekai sɛ ɔda so te ahemfi pon ano a, me bo nnwo koraa.”
14 Enti, Haman yere Seres ne ne nnamfonom no maa adwene sɛ, “Yɛ dua a wɔsɛn nnipa wɔ so a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduɔson enum na anɔpa ka kyerɛ ɔhene no sɛ, ɔnsɛn Mordekai wɔ so. Sɛ wɔyɛ no saa a, wode anigyeɛ ne ɔhene no bɛkɔ apontoɔ no.” Saa adwenkyerɛ yi sɔɔ Haman ani yie, maa ɔhyɛɛ sɛ wɔnsi dua a wɔsɛn nnipa wɔ so no.
Haman yere Seres ne ne nnamfonom no maa no adwene se, “Yɛ dua a wɔsɛn nnipa wɔ so a ne sorokɔ yɛ anammɔn aduɔson anum na anɔpa ka kyerɛ ɔhene no se, ɔnsɛn Mordekai wɔ so. Sɛ wɔyɛ no saa a, wode anigye ne ɔhene no bɛkɔ aponto no.” Saa adwenkyerɛ yi sɔɔ Haman ani yiye ma ɔhyɛɛ sɛ wonsi dua a wɔsɛn nnipa wɔ so no.

< Ɛster 5 >