< Efesofoɔ 6 >
1 Mma, montie mo awofoɔ asɛm wɔ Awurade mu ɛfiri sɛ, saa na ɛyɛ.
你們作子女的,要在主內聽從你們的父母,因為這是理所當然的。『
2 “Di wʼagya ne wo maame ni,” yei ne mmaransɛm a ɛdi ɛkan a bɔhyɛ ka ho,
孝敬你的父親和母親──這是附有恩許的第一條誡命──
3 “na asi wo yie na wo nna nso aware asase yi so.”
為使你得到幸福,並在地上延年益壽。』
4 Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuo. Na mmom, montete wɔn wɔ Awurade nkyerɛkyerɛ mu.
你們作父母的,不要惹你們的子女發怒;但要用主的規範和訓誡,教養他們。
5 Nkoa, momfa obuo ne ɔsuro mfiri akoma pa mu nyɛ ɔsetie mma mo honam fam wuranom, sɛdeɛ mobɛyɛ ɔsetie ama Kristo no ara.
你們作奴僕的,要戰戰兢兢,以誠實的心,隨從你們肉身的主人,如同隨同基督一樣。
6 Monyɛ ɔsetie mma wɔn, ɛnyɛ sɛ mobɛsɔ wɔn ani wɔ ɛberɛ a wɔrehwɛ mo nko ara, na mmom, monyɛ sɛ Kristo nkoa a mofiri mo akoma mu reyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ.
不要只在人眼前服事,好像單討人的喜歡,而要像基督的僕人,從心裏遵行天主的旨意;
7 Momfa mo akoma nyinaa nsom sɛdeɛ moresom Awurade a ɛnnyɛ nnipa,
甘心服事,好像服事主,而非服事人,
8 ɛfiri sɛ monim sɛ adwuma pa biara a obi yɛ no, sɛ ɔyɛ ɔsomfoɔ anaa ɔde ne ho no, Awurade bɛtua no so ka.
因為你們知道:每一個人,或為奴的,或自主的,不論行了什麼善事,都要按他所行的領取主的賞報。
9 Awuranom, saa ara na mo nso monyɛ mo asomfoɔ. Monnyae wɔn ahunahuna ɛfiri sɛ, mo ne mo asomfoɔ nyinaa wɔ wura baako a ɔwɔ ɔsoro; na ɔno deɛ ɔnhwɛ animu.
至於你們作主人的,要同樣對待奴僕,戒用恐嚇,因為你們知道,他們和你們在天上有同一個主,而且祂是不看情面的。
10 Deɛ ɛtwa toɔ ne sɛ, monyɛ den wɔ ne ne tumi kɛseɛ no mu.
此外,你們務要在主內,藉祂的能力作堅強的人。
11 Monhyɛ Onyankopɔn akodeɛ nyinaa na moatumi agyina ɔbonsam nhyehyɛeɛ ano.
要穿上天主的全副武裝,為能抵抗魔鬼的陰謀,
12 Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom, yɛne mpaninnie ne tumidie ne ewiase yi sum mu atumfoɔ ne ahonhommɔne a ɛwɔ soro hɔ na anya. (aiōn )
因為我們戰鬥不是對抗血和肉,而是對抗率領者,對抗掌權者,對抗這黑暗世界的霸主,對抗天界裏邪惡的鬼神。 (aiōn )
13 Yei enti, monhyɛ Onyankopɔn akodeɛ nyinaa, na sɛ da bɔne no ba a, moatumi agyina, na mowie biribiara a, moagyina pintinn.
為此,你們應拿起天主的全副武裝,為使你們在邪惡的日子能夠抵得住,並在獲得全勝之後,仍屹立不動。
14 Enti monnyina pintinn, na momfa nokorɛ mmɔ mo asene, na monhyɛ tenenee nkataboɔ,
所以要站穩! 用真理作帶,束起你們的腰,穿上正義作甲,
15 na momfa Asɛmpa no asomdwoeɛ no nhyehyɛ mo nan.
以和平的福音作準備走路的鞋,穿在腳上;
16 Yeinom nyinaa akyi no, momfa gyidie kyɛm, deɛ mode bɛdum ɔbɔnefoɔ bɛma a ɛrederɛ no.
上此外,還要拿起信德作盾牌,使你們能以此撲滅惡者的一切火箭;
17 Momfa nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ ne Honhom no akofena a ɛyɛ Onyankopɔn asɛm no.
並戴上救恩當盔,拿著聖神作利劍,即天主的話,
18 Ɛberɛ nyinaa mu mommɔ mpaeɛ wɔ Honhom mu, mpaeɛbɔ ahodoɔ ne nkotosrɛ mu. Yei enti monna mo ho so, na mommɔ mpaeɛ mma ahotefoɔ.
時時靠著聖神,以各種祈求和哀禱祈禱;且要醒寤不倦,為眾聖徒祈求,
19 Mommɔ mpaeɛ mma me nso na sɛ mebue mʼano a, wɔama me asɛm aka, na matumi akasa akokoɔduru so ada Asɛmpa no mu ahintasɛm adi.
也為我祈求,使我在開口的時候,賜我能說相稱的話,能放心大膽地傳揚福音的奧祕──
20 Seesei meyɛ ho ɔnanmusini a meda mpokyerɛ mu. Ɛno enti, mommɔ mpaeɛ mma me na matumi de akokoɔduru apae mu aka no sɛdeɛ ɛsɛ sɛ meka no.
為這福音我竟作了帶鎖鍊的使者──使我能放心大膽,我應該宣講的去宣講。
21 Yɛn nua ɔdɔfoɔ, Tihiko, a ɔyɛ Awurade adwumayɛ mu ɔsomfoɔ nokwafoɔ no bɛka biribiara akyerɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu sɛdeɛ me ho teɛ ne dwuma a meredie.
今我有可愛的弟兄,且忠於主的服務者提希苛給你們報告一切,好使你們知道我的事和我現在做什麼。
22 Yei enti na meresoma no mo nkyɛn, ama moahunu sɛdeɛ yɛn ho teɛ na wahyɛ mo nkuran nso.
我特意打發他到你們那裏去,為叫你們知道我們的情形,並叫他安慰你們的心。
23 Asomdwoeɛ nka anuanom nyinaa, na Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma mo nokorɛ dɔ.
願平安、愛德和信德由天主父和主耶穌基督賜與眾弟兄!
24 Onyankopɔn adom nka wɔn a wɔdɔ yɛn Awurade Yesu Kristo daa nyinaa no.
恩寵與那些以永恆不變的愛愛我們的主耶穌基督的人同在!