< Efesofoɔ 5 >

1 Esiane sɛ moyɛ Onyankopɔn mma a ɔdɔ wɔn no enti, monsuasua no
Be ye therefore followers of God, as dear children;
2 na motena ase ɔdɔ mu sɛdeɛ Kristo dɔɔ yɛn, na ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn sɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ hwam ma Onyankopɔn no.
And walk in love, as Christ also hath loved us, and hath given himself for us an offering and a sacrifice to God for a sweet-smelling savor.
3 Nanso ɛnsɛ sɛ wɔte adwamammɔ anaa afideɛ anaa anibereɛ ho asɛm wɔ mo mu, ɛfiri sɛ yeinom mfata Onyankopɔn nkurɔfoɔ kronkron.
But lewdness and all uncleanness or covetousness, let it not be once named among you, as becometh saints;
4 Saa ara nso na ɛmfata sɛ moka kasa efi, ahuhusɛm anaa sɛ moyi nsɛnkwaafi, mmom monna ase.
Neither filthiness, nor foolish talking, nor jesting, which are not convenient: but rather giving of thanks.
5 Monnya nteaseɛ sɛ, obiara a ɔbɔ adwaman na ɔyɛ afideɛ, na ɔyɛ oniberefoɔ (anibereɛ yɛ abosonsom) no rennya kyɛfa biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn Ahennie no mu bi.
For this ye know, that no lewd, nor unclean person, nor covetous man, who is an idolater, hath any inheritance in the kingdom of Christ and of God.
6 Mommma obiara mfa nsɛm a aba nni mu nnaadaa mo. Ɛfiri sɛ, saa nneɛma no na ɛma Onyankopɔn bo fu wɔn a wɔyɛ asoɔden no.
Let no man deceive you with vain words: for because of these things cometh the wrath of God upon the children of disobedience.
7 Enti, mo ne saa nnipa no nnyɛ biribiara.
Be ye not therefore partakers with them.
8 Ɛberɛ bi na moyɛ esum, nanso seesei deɛ, moyɛ hann wɔ Awurade mu. Ne saa enti montena ase sɛ hann mma.
For ye were sometime darkness, but now [are ye] light in the Lord: walk as children of light;
9 Ɛfiri sɛ, hann no ma moyɛ papa, teneneefoɔ ne nokwafoɔ,
(For the fruit of the Spirit [is] in all goodness, and righteousness, and truth; )
10 na ɛhwehwɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani.
Proving what is acceptable to the Lord.
11 Montwe mo ho mfiri nneɛma hunu a wɔyɛ wɔ esum mu ho, na mompa ho ntoma.
And have no fellowship with the unfruitful works of darkness, but rather reprove [them].
12 Ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ nneɛma a asoɔdenfoɔ yɛ no esum mu no so.
For it is a shame even to speak of those things which are done by them in secret.
13 Nanso sɛ hann no tɔ wɔn so a, yɛbɛhunu nnebɔne biara a wɔyɛ.
But all things that are reproved, are made manifest by the light: for whatever doth make manifest is light.
14 Ɛfiri sɛ, hann da biribiara adi. Enti na wɔaka sɛ, “Nyane, wo a woada, na sɔre firi awufoɔ mu, na Kristo bɛhyerɛn wɔ wo so.”
Wherefore he saith, Awake, thou that sleepest, and arise from the dead, and Christ will give thee light.
15 Enti, monhwɛ mo akwan yie, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔnnim nyansa, na mmom sɛ wɔn a wɔnim nyansa.
See then that ye walk circumspectly, not as fools, but as wise,
16 Monyɛ mo akwannya biara so adeɛ, ɛfiri sɛ, nna yi yɛ nna bɔne.
Redeeming the time, because the days are evil.
17 Monnyɛ adwenem herɛfoɔ, na mmom monte Awurade apɛdeɛ ase.
Wherefore be ye not unwise, but understanding what the will of the Lord [is].
18 Monnnom nsã mmmoro na amfa mo ankɔ ahohwiebɔ mu. Na mmom, momma Honhom no nhyɛ mo ma.
And be not drunk with wine, in which is excess; but be filled with the Spirit;
19 Momfa nnwom, ayɛyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no wɔ akoma mu,
Speaking to yourselves in psalms, and hymns, and spiritual songs, singing and making melody in your heart to the Lord,
20 na monna Agya Onyankopɔn ase ɛberɛ biara wɔ biribiara ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.
Giving thanks always for all things to God and the Father, in the name of our Lord Jesus Christ;
21 Momfiri anidie a mowɔ ma Kristo mu, mmrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho.
Submitting yourselves one to another in the fear of God.
22 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛdeɛ mobrɛ mo ho ase ma Awurade no,
Wives, submit yourselves to your own husbands, as to the Lord.
23 ɛfiri sɛ okunu yɛ ɔyere no ti sɛdeɛ Kristo yɛ asafo no ti ne ne Gyefoɔ no. Asafo no yɛ Kristo onipadua.
For the husband is the head of the wife, even as Christ is the head of the church: and he is the Savior of the body.
24 Sɛdeɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase wɔ biribiara mu ma wɔn kununom.
Therefore as the church is subject to Christ, so [let] wives [be] to their own husbands in every thing.
25 Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛdeɛ Kristo dɔɔ asafo no na ɔde ne kra too hɔ maa no,
Husbands, love your wives, even as Christ also loved the church, and gave himself for it;
26 na ɔnam asɛm no so de nsuo dwaree no yɛɛ no kronkron,
That he might sanctify and cleanse it with the washing of water by the word,
27 de maa ne ho sɛ asafo a ɛhyerɛn, a ɛnni nkekaawa anaasɛ mponponoyɛ anaasɛ ɛdɛm biara, na mmom ɛyɛ kronkron a ɛnni sintɔ.
That he might present it to himself a glorious church, not having spot or wrinkle, or any such thing; but that it should be holy and without blemish.
28 Saa ara na ɛsɛ sɛ mmarima dɔ wɔn yerenom sɛdeɛ wɔdɔ wɔn onipadua no. Ɔbarima a ɔdɔ ne yere no dɔ nʼankasa ne ho.
So ought men to love their wives, as their own bodies. He that loveth his wife, loveth himself.
29 Obiara ntane ne ho. Mmom, ɔma no aduane hwɛ no yie sɛdeɛ Kristo yɛ asafo no,
For no man ever yet hated his own flesh; but nourisheth and cherisheth it, even as the Lord the church:
30 na yɛn nso yɛyɛ ne onipadua no ho akwaa.
For we are members of his body, of his flesh, and of his bones.
31 “Yei enti, ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere na wɔn baanu no nyinaa abɛyɛ honam baako.”
For this cause shall a man leave his father and mother, and shall be joined to his wife, and they two shall be one flesh.
32 Yei yɛ ahintasɛm a emu dɔ, nanso mereka Kristo ne asafo no ho asɛm.
This is a great mystery: but I speak concerning Christ and the church.
33 Enti, ɛsɛ sɛ okunu biara dɔ ne yere sɛ nʼankasa ne ho, na ɔyere biara nso de anidie ma ne kunu.
Nevertheless, let every one of you in particular so love his wife even as himself: and the wife [see] that she reverence [her] husband.

< Efesofoɔ 5 >