< Efesofoɔ 4 >

1 Me a meyɛ odeduani ma Awurade no hyɛ mo sɛ montena ase mma ɛmfata ɔfrɛ a wɔafrɛ mo no.
I exhort you, therefore, I the prisoner in the Lord, to walk worthily of the calling with which ye were called,
2 Mommrɛ mo ho ase koraa na monnwo; monto mo bo ase, na mone obiara ntena wɔ ɔdɔ mu.
with all humility and meekness, with long-suffering; bearing with one another in love,
3 Mommɔ mmɔden sɛ monam asomdwoeɛ ahoma so bɛma Honhom baakoyɛ no atena mo mu.
endeavoring to keep the unity of the Spirit in the bond of peace.
4 Nipadua baako ne Honhom baako na ɛwɔ hɔ, sɛdeɛ wɔfrɛɛ mo kɔɔ anidasoɔ baako,
There is one body, and one Spirit, even as ye were called in one hope of your calling;
5 Awurade baako, gyidie baako ne asubɔ baako mu no.
one Lord, one faith, one baptism,
6 Yɛwɔ Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn nyinaa Agya a ɔdi yɛn nyinaa so. Ɔnam yɛn nyinaa mu, na ɔte yɛn nyinaa mu nso.
one God and Father of all, who is over all, and through all, and in all.
7 Yɛn mu biara wɔ adom bi sɛdeɛ Kristo akyɛ ama yɛn.
But to each one of us was given the grace [[which he hath]] according to the measure of the gift of Christ.
8 Yei enti na Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Ɛberɛ a ɔforo kɔɔ ɔsoro no, ɔfaa nneduafoɔ kaa ne ho; na ɔmaa nnipa akyɛdeɛ.”
Wherefore he saith: “When he ascended on high, he led captive a train of captives, and gave gifts to men.”
9 Afei sɛ “ɔkɔɔ ɔsoro” no nkyerɛaseɛ ne sɛn? Aseɛ kyerɛ sɛ, deɛ ɛdi ɛkan no, ɔkɔɔ fam, asase ase pɛɛ.
Now what is implied in his ascending, but that he also descended into the lower parts of the earth?
10 Enti deɛ ɔkɔɔ fam no ara na ɔkɔɔ ɔsoro a ɛboro ewiem nyinaa so, sɛdeɛ ɔbɛhyɛ abɔdeɛ nyinaa ma.
He who descended is the same as he who ascended far above all the heavens, that he might fill all things.
11 Ɔno na ɔmaa ebinom yɛɛ asomafoɔ, afoforɔ yɛɛ adiyifoɔ, afoforɔ yɛɛ asɛmpakafoɔ, na afoforɔ nso yɛɛ asɔfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ.
And he gave some to be apostles; and some, prophets; and some, evangelists; and some, pastors and teachers;
12 Ɔyɛɛ yei de siesiee Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa maa ɔsom nnwuma, sɛdeɛ Kristo onipadua no nyini bɛkɔso
for the perfecting of the saints for the work of ministration, for the building up of the body of Christ;
13 kɔsi sɛ yɛn nyinaa bɛnya gyidie baako ne Onyankopɔn Ba no ho nimdeɛ baako, na yɛawie nyini wɔ Kristo mayɛ mu.
till we all attain to the unity of the faith and of the knowledge of the Son of God, to a full-grown man, to the measure of the stature of the fullness of Christ;
14 Yɛrenyɛ mmɔfra bio, wɔn a asorɔkye bɔ wɔn kɔ deɛ ɛpɛ, na nkyerɛkyerɛ mframa biara de wɔn di akɔneaba na nnipa bradɛtofoɔ ne anifirefoɔ daadaa wɔn.
that we may no longer be children, tossed to and fro and borne about by every wind of teaching, through the dishonest tricks of men, and their cunning in the wily arts of error;
15 Mmom, sɛ yɛtena ase nokorɛ ne ɔdɔ honhom mu a, yɛbɛnyini wɔ Kristo a ɔyɛ asafo no Ti mu.
but cleaving to truth in love, may grow up in all things unto him who is the head, even Christ;
16 Ne mu na honam akwaa ahodoɔ no sosɔ wɔn ho wɔn ho mu. Ne mu na obiara yɛ nʼadwuma na onipadua no nyini ahoɔden so wɔ ɔdɔ mu.
from whom the whole body, well put together and compacted by means of every supplying joint, is, according to the working of each part in its proportion, building itself up in love.
17 Mede Awurade din bɔ mo kɔkɔ sɛ, monntena ase bio sɛ amanamanmufoɔ a wɔnni adwene pa bi,
This therefore I say, and charge you in the Lord, that ye no longer walk as the rest of the gentiles walk in the vanity of their mind,
18 na esum aduru wɔn nteaseɛ. Wɔnnim hwee na wɔyɛ asoɔden. Wɔnnim Onyankopɔn mu asetena na wɔnni atenka ma deɛ ɛtene.
having their understanding darkened, being alienated from the life of God on account of the ignorance that is in them, on account of the hardness of their hearts;
19 Wɔn ani nwu hwee. Wɔagyaa wɔn ho ama bɔne na wɔyɛ afideɛ ahodoɔ nyinaa bi a wɔnnu wɔn ho.
who, being past feeling, have given themselves up to wantonness, to work all uncleanness in greediness.
20 Ɛnyɛ saa na mosua faa Kristo ho.
But not so did ye learn Christ,
21 Ɛyɛ nokorɛ sɛ motee ne nka, na wɔkyerɛkyerɛɛ mo sɛdeɛ nokorɛ a ɛwɔ Yesu mu no teɛ.
if indeed ye heard him, and were taught in him, as the truth is in Jesus;
22 Enti, montwe mo ho mfiri mo suban dada no a akɔnnɔ bɔne ama aporɔ no ho.
that as to your former way of life ye should put off the old man, who perisheth according to the lusts of deceit,
23 Momma Honhom no nyɛ mo akoma ne mo adwene foforɔ,
and be renewed in the spirit of your mind,
24 na montena ase wɔ suban foforɔ a wɔbɔɔ no Onyankopɔn sɛso wɔ teneneeyɛ ne kronkronyɛ mu.
and that ye put on the new man, who was created according to God in righteousness and holiness of the truth.
25 Monnni atorɔ nkyerɛ mo ho mo ho. Obiara nni nokorɛ nkyerɛ ne nua, ɛfiri sɛ, yɛn nyinaa yɛ nnipa baako wɔ Kristo onipadua mu.
Wherefore having put away falsehood, speak truth every one with his neighbor; for we are members one of another.
26 Sɛ wo bo fu a, nyɛ bɔne mma awia nkɔtɔ wʼabufuo so.
“Be angry, and sin not;” let not the sun go down upon your wrath;
27 Mma ɔbonsam kwan.
and do not give place to the Devil.
28 Ɛsɛ sɛ obi a ɔbɔ korɔno no gyae korɔnobɔ. Obiara nyɛ adwuma na moatumi aboa afoforɔ.
Let him that stealeth steal no more, but rather let him labor, working with his hands at that which is good, that he may have to give to him that is in need.
29 Mma kasa bɔne mfiri wʼanomu, na mmom, ka kasa pa na aboa afoforɔ sɛdeɛ ɛhia wɔn na wɔn a wɔtie anya ho mfasoɔ.
Let no foul language proceed out of your mouth, but whatever is good for edification, as the need may be, that it may benefit the hearers;
30 Monnhyɛ Onyankopɔn Honhom Kronkron a wɔnam so asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ.
and grieve not the Holy Spirit of God, whereby ye were sealed unto the day of redemption.
31 Monyi yeadie, bobɔne ne abufuo, ahohoahoa ne nsekuro ne bɔnepɛ nyinaa mfiri mo mu.
Let all bitterness, and wrath, and anger, and clamor, and evil-speaking, be put away from you, with all malice;
32 Monyɛ ayamyɛ mma mo ho mo ho. Mo yam nhyehye mo mma mo ho mo ho, na momfa mo mfomsoɔ nkyekyɛkyekyɛ mo ho mo ho sɛdeɛ Onyankopɔn nam Kristo so de mo bɔne kyɛɛ mo no.
and be kind to one another, tender-hearted, forgiving one another, even as God in Christ forgave you.

< Efesofoɔ 4 >