< Efesofoɔ 3 >

1 Me Paulo, mo amanamanmufoɔ enti, Kristo Yesu de me yɛɛ deduani.
For this reason I, Paul, the prisoner of Christ Jesus for the sake of you Gentiles...
2 Nokorɛm, moate Onyankopɔn adom a ɔnam me so de ma mo no ho asɛm,
Surely you have heard about the stewardship of God’s grace that was given to me for you,
3 a ɛno ne ahintasɛm a wɔnam adiyie so de ama sɛdeɛ matwerɛ no tiawa dada no.
that is, the mystery made known to me by revelation, as I have already written briefly.
4 Na sɛ mokenkan yei a, ɛnneɛ mobɛte nhunumu a me wɔ wɔ Kristo ahintasɛm ho no ase,
In reading this, then, you will be able to understand my insight into the mystery of Christ,
5 deɛ wɔannyi ankyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ bi mu nnipa sɛdeɛ ɛnnɛ yi Honhom no ada no adi akyerɛ Onyankopɔn asomafoɔ ne adiyifoɔ kronkron no.
which was not made known to men in other generations as it has now been revealed by the Spirit to God’s holy apostles and prophets.
6 Saa ahintasɛm yi kyerɛ sɛ amanamanmufoɔ ne Israelfoɔ bom yɛ adedifoɔ, wɔbom yɛ onipadua baako, na wɔwɔ kyɛfa wɔ Kristo Yesu mu bɔhyɛ no mu.
This mystery is that through the gospel the Gentiles are fellow heirs, fellow members of the body, and fellow partakers of the promise in Christ Jesus.
7 Onyankopɔn adom akyɛdeɛ a ɔnam ne tumi no adwumayɛ so de ama me no enti, me yɛɛ asɛmpa no ho ɔsomfoɔ.
I became a servant of this gospel by the gift of God’s grace, given me through the working of His power.
8 Ɛwom sɛ me ne aketewa pa ara wɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ nyinaa mu, nanso Onyankopɔn yɛɛ me adom sɛ menkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ahonya a emu nni hwehwɛbea no nkyerɛ amanamanmufoɔ,
Though I am less than the least of all the saints, this grace was given me: to preach to the Gentiles the unsearchable riches of Christ,
9 na memma nnipa nyinaa nhunu saa ahintasɛm yi dwumadie a wɔde asie wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ adeɛ nyinaa mu wɔ mfeɛ bebree a atwam no mu. (aiōn g165)
and to illuminate for everyone the stewardship of this mystery, which for ages past was kept hidden in God, who created all things. (aiōn g165)
10 Nʼatirimpɔ ne sɛ afei ɔnam asɔre no so bɛda ne nyansa a emu dɔ no adi akyerɛ ewiem mpaninnie ne atumfoɔ,
His purpose was that now, through the church, the manifold wisdom of God should be made known to the rulers and authorities in the heavenly realms,
11 sɛdeɛ ɔnam yɛn Awurade Kristo Yesu so wiee ne botaeɛ a ɛwɔ hɔ daa no. (aiōn g165)
according to the eternal purpose that He accomplished in Christ Jesus our Lord. (aiōn g165)
12 Afei Kristo ma yɛn akokoɔduru ne ahotosoɔ a ɛma yɛnya gyidie ba Onyankopɔn anim.
In Him and through faith in Him we may enter God’s presence with boldness and confidence.
13 Mesrɛ mo, mommma mo aba mu mmu wɔ amane a mehunu ma mo no ho. Ɛyɛ mo animuonyamhyɛ.
So I ask you not to be discouraged because of my sufferings for you, which are your glory.
14 Yei enti, mebu nkotodwe wɔ Agya no anim,
... for this reason I bow my knees before the Father,
15 ɔno na ne din da nʼabusua a ɛwɔ ɔsoro ne asase nyinaa so.
from whom every family in heaven and on earth derives its name.
16 Mebɔ mpaeɛ sɛ ɔmfiri nʼanimuonyam ahonya no mu mfa ne Honhom a ɛte mo mu no so nhyɛ mo den,
I ask that out of the riches of His glory He may strengthen you with power through His Spirit in your inner being,
17 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo bɛfa mo gyidie so abɛtena mo akoma mu. Sɛ moagye nhini na moatim wɔ ɔdɔ mu no, mebɔ mpaeɛ sɛ
so that Christ may dwell in your hearts through faith. Then you, being rooted and grounded in love,
18 mo ne ahotefoɔ nyinaa bɛnya tumi, na moate Kristo dɔ no trɛ, ne tentene, ne korɔn ne emu dɔ no ase,
will have power, together with all the saints, to comprehend the length and width and height and depth
19 na moahunu saa ɔdɔ a ɛtra adwene nyinaa so no, na Onyankopɔn ahyɛ mo ma.
of the love of Christ, and to know this love that surpasses knowledge, that you may be filled with all the fullness of God.
20 Animuonyam nka Onyankopɔn a ne tumi yɛ adwuma wɔ yɛn mu. Ɔnam saa tumi yi so yɛ deɛ yɛbisa anaa deɛ yɛsusu ma ɛboro so.
Now to Him who is able to do so much more than all we ask or imagine, according to His power that is at work within us,
21 Animuonyam nka Onyankopɔn wɔ asafo no ne Kristo Yesu mu mfiri ɛnnɛ nkɔsi daapem. Amen. (aiōn g165)
to Him be the glory in the church and in Christ Jesus throughout all generations, forever and ever. Amen. (aiōn g165)

< Efesofoɔ 3 >