< Efesofoɔ 2 >

1 Mo deɛ, na moawuwu wɔ mo amumuyɛ ne mo bɔne a
AND you hath he quickened, who were dead in trespasses and sins,
2 na anka mote mu, ɛberɛ a na modi ewiase ne ewiem sodifoɔ ahennie akyi no ne honhom a seesei ɛreyɛ adwuma wɔ wɔn a wɔyɛ asoɔden mu no. (aiōn g165)
wherein in times past ye walked after the fashion of this world, after the prince of the power of the air, the spirit who now worketh with energy in the children of disobedience: (aiōn g165)
3 Ɛberɛ bi, yɛn nyinaa ne wɔn tena dii honam akɔnnɔ akyi yɛɛ ɔhonam apɛdeɛ ne ne nsusuiɛ. Yɛn nso na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuo ba yɛn so.
among whom also we all have had our conversation in time past, in the lusts of the flesh, fulfilling the desires of the flesh and of the mind, and were by nature children of wrath, as well as the rest.
4 Nanso, ɛsiane nʼadɔyɛ a ɛdɔɔso ma yɛn enti, Onyankopɔn a nʼahummɔborɔ dɔɔso no
But God, being rich in mercy, through the great love with which he hath loved us,
5 maa yɛn nkwa wɔ Kristo mu, wɔ ɛberɛ a anka yɛawuwu wɔ amumuyɛ mu mpo; adom enti na wɔagye mo nkwa.
though we were dead in sins, hath quickened us together with Christ, (by grace ye are saved, )
6 Onyankopɔn nyanee yɛn ne Kristo, na ɔde yɛn ne Kristo atena ɔsoro ahemman mu
and hath raised us up together with him, and made us sit down together in the heavenly regions in Christ Jesus.
7 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nna a ɛreba no mu, ɔbɛda nʼadom ahonya a ɛboro so no adi; nʼadɔeɛ a ɔnam Kristo Yesu so yɛɛ yɛn no. (aiōn g165)
That he might shew forth in the ages to come the transcendent riches of his grace, in the kindness shewed to us in Christ Jesus. (aiōn g165)
8 Ɛyɛ adom no enti na wɔnam gyidie so agye mo nkwa. Ɛmfiri mo ankasa, ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ.
For by grace ye are saved through faith, and this not of yourselves; it is the gift of God:
9 Ɛmfiri nnwuma mu, na obi de ahoahoa ne ho.
not by works, lest any man should boast;
10 Onyankopɔn na wayɛ yɛn sɛdeɛ yɛteɛ yi. Ɔnam Kristo so bɔɔ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ nnwuma pa a wasiesie ato hɔ no.
for we are his workmanship, created in Christ Jesus unto good works, for which God hath before prepared us, that we should walk therein.
11 Afei, monkae sɛ mo a na anka kane no wɔwoo mo amanamanmufoɔ, na wɔn a wɔfrɛ wɔn ho twetiatwafoɔ, (deɛ wɔde nsa ayɛ wɔ honam mu) frɛ mo momonotofoɔ,
Wherefore remember that ye in time past were Gentiles in the flesh, who are called uncircumcision by that called circumcision made by hands in the flesh;
12 monkae sɛ saa ɛberɛ no, na moate mo ho afiri Kristo ho, na wɔnnkane mo mfra Israelfoɔ, na moyɛ ahɔhoɔ a monka bɔhyɛ apam no ho, na monni anidasoɔ ɛna monni Onyankopɔn nso wɔ ewiase.
that ye were at that time without Christ, alienated from the commonwealth of Israel, and strangers to the covenants of promise, having no hope, and atheists in the world:
13 Nanso, afei mo a na anka mowɔ akyirikyiri no, wɔnam Kristo mogya no so atwe mo abɛn Onyankopɔn.
but now in Christ Jesus, ye who formerly were far off, are become nigh by the blood of Christ.
14 Ɛfiri sɛ, Kristo no ankasa nam baako a wama Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ ayɛ no so de asomdwoeɛ aba. Ɔnam ɔno ankasa ne honam so bubuu ɔfasuo a na ɛtwa wɔn ntam ma wɔyɛ atamfoɔ no.
For he is our peace, who hath made both one, and hath broken down the middle wall of separation,
15 Ɔnam ne onipadua so asɛe Mose Mmara ne nʼahyɛdeɛ tumi no. Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛma Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ ayɛ baako na ɔde asomdwoeɛ aba.
destroying the enmity in his flesh, even the law of precepts, in ordinances, that he might from the two create in himself one new man, making peace,
16 Ɔnam asɛnnua a ɔde sɛee nitan a ɛwɔ wɔn ntam no so aka wɔn abom ayɛ onipadua baako na wapata wɔne Onyankopɔn ntam.
and might reconcile them both in one body to God by the cross, having slain the enmity thereby;
17 Enti, Kristo ba bɛkaa Asɛmpa a ɛyɛ asomdwoesɛm no kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn nyinaa.
and coming, hath preached peace to you who were afar off, and to those who were nigh:
18 Ɔno enti yɛwɔ Honhom baako a yɛnam no so kɔ Agya no nkyɛn.
for through him we both have access by one Spirit unto the Father.
19 Enti seesei, monnyɛ ahɔhoɔ ne amanfrafoɔ bio, na mmom mo ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ no yɛ nnipa korɔ na mofra Onyankopɔn abusuafoɔ no mu,
So then ye are no more strangers and foreigners, but fellow-citizens with the saints, and of the household of God;
20 na wɔato mo asi asomafoɔ no ne adiyifoɔ no fapem a Kristo Yesu no ankasa yɛ ne tweatiboɔ no so.
built up on the foundation of apostles and prophets, Jesus Christ himself being the chief corner stone;
21 Ɔno na ɔma ɛdan mu no nyinaa yɛ baako na ɛbɛyɛ asɔredan kronkron wɔ Awurade mu.
in whom the whole building exactly cemented together groweth into a holy temple in the Lord:
22 Ne mu na wɔresiesie mo na mo abɔ mu abɛyɛ efie a Onyankopɔn nam ne Honhom so tena mu.
by whom also ye have been built up together for an habitation of God through the Spirit.

< Efesofoɔ 2 >