< Efesofoɔ 1 >

1 Krataa yi firi me Paulo a Onyankopɔn firi ne pɛ mu ayɛ me Kristo Yesu somafoɔ no nkyɛn, Meretwerɛ akɔma ahotefoɔ a wɔte Efeso, Kristo Yesu mu nokwafoɔ no:
Paul, an Apostle of Christ Jesus by the purpose of God, to the saints who are at Ephesus, and those who have faith in Christ Jesus:
2 Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo no nka mo.
Grace to you and peace from God our Father and the Lord Jesus Christ.
3 Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase, ɛfiri sɛ, ɔnam Kristo so de honhom mu nhyira a ɛfiri ɔsoro abrɛ yɛn.
Praise be to the God and Father of our Lord Jesus Christ, who has given us every blessing of the Spirit in the heavens in Christ:
4 Ansa na Onyankopɔn bɛbɔ ewiase no, ɔdɔɔ yɛn na ɔyii yɛn wɔ Kristo mu sɛ yɛbɛyɛ kronkron a mfomsoɔ biara nni yɛn ho wɔ nʼani so. Ɔfiri ɔdɔ mu
Even as he made selection of us in him from the first, so that we might be holy and free from all evil before him in love:
5 hyɛ too hɔ sɛ, ne pɛ mu no, ɔnam Yesu Kristo so de yɛn bɛyɛ ne mma,
As we were designed before by him for the position of sons to himself, through Jesus Christ, in the good pleasure of his purpose,
6 de akamfo nʼadom a ɛdɔɔso a ɔde akyɛ yɛn kwa wɔ ne Dɔ Ba no mu no.
To the praise of the glory of his grace, which he freely gave to us in the Loved One:
7 Ne mu na yɛnya ɔgyeɛ a ɛfiri ne mogya mu. Ne mu na yɛnya bɔnefakyɛ nso, sɛdeɛ Onyankopɔn adom mmorosoɔ a
In whom we have salvation through his blood, the forgiveness of our sins, through the wealth of his grace,
8 ɔde nyansa ne nteaseɛ nyinaa hwie guu yɛn so no teɛ.
Which he gave us in full measure in all wisdom and care;
9 Onyankopɔn nam deɛ Kristo yɛeɛ no so ada nʼanwanwa kwan no adi akyerɛ yɛn sɛ,
Having made clear to us the secret of his purpose, in agreement with the design which he had in mind, to put into his hands
10 ɛberɛ a wahyɛ no, ɔbɛboaboa abɔdeɛ nyinaa ano, deɛ ɛwɔ ɔsoro ne deɛ ɛwɔ asase so ahyɛ ɔbaako a ɔne Kristo no ase.
The ordering of the times when they are complete, so that all things might come to a head in Christ, the things in heaven and the things on the earth; in him, I say,
11 Onyankopɔn yɛ deɛ ɔpɛ ɛberɛ biara. Ɛno enti na ɔnam Kristo so paw yɛn firii ewiase ahyɛaseɛ,
In whom we have a heritage, being marked out from the first in his purpose who does all things in agreement with his designs;
12 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn a yɛdii ɛkan nyaa anidasoɔ wɔ Kristo mu no bɛyɛ nkamfo ahyɛ no animuonyam.
So that his glory might have praise through us who first had hope in Christ:
13 Saa ara na ɛte wɔ mo ho nso. Ɛberɛ a motee nokwasɛm a ɛyɛ Asɛmpa a ɛmaa mo nkwagyeɛ no, mogyee Kristo diiɛ. Wɔde bɔhyɛ Honhom Kronkron no hyɛɛ mo nso wɔ ne mu.
In whom you, having been given the true word, the good news of your salvation, and through your faith in him, were given the sign of the Holy Spirit of hope,
14 Honhom no ma yɛn awerɛhyɛmu sɛ wɔde deɛ Onyankopɔn de asie ama ne nkurɔfoɔ no bɛma yɛn. Afei, yɛbɛde yɛn ho na wɔbɛkamfo Onyankopɔn ahyɛ no animuonyam.
Which is the first-fruit of our heritage, till God gets back that which is his, to the praise of his glory.
15 Esiane yei enti, ɛfiri ɛberɛ a metee gyidie a mowɔ wɔ Awurade Yesu mu ne ɔdɔ a modɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ no,
For this cause I, having had news of the faith in the Lord Jesus which is among you, and which you make clear to all the saints,
16 mennyaee aseda a meda Onyankopɔn ma mo no da. Mekae mo wɔ me mpaeɛbɔ mu,
Give praise without end for you, keeping you in mind in my prayers;
17 na mebisa yɛn Awurade Yesu Kristo Onyankopɔn, animuonyam Agya no sɛ, ɔmma mo Honhom Kronkron no a ɔbɛma mo nyansa na wada Onyankopɔn adi akyerɛ mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu no.
That the God of our Lord Jesus Christ, the Father of glory, may give to you a spirit of wisdom and revelation in the knowledge of him;
18 Mesrɛ sɛ mo adwene mu mmue na monhunu ne hann no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛnya anidasoɔ a ɛno enti ɔfrɛɛ mo no ne ahonya a ɛwɔ agyapadeɛ kronkron a ɛwɔ hɔ ma ahotefoɔ no,
And that having the eyes of your heart full of light, you may have knowledge of what is the hope of his purpose, what is the wealth of the glory of his heritage in the saints,
19 ne ne tumi a ɛso na biribiara ne no nsɛ ma yɛn a yɛgye die no. Ɛyɛ saa tumi nwanwasoɔ no ara na ɔdaa no adi
And how unlimited is his power to us who have faith, as is seen in the working of the strength of his power,
20 ɛberɛ a ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu na ɔde no tenaa ne nifa so wɔ ɔsoro ahemman no mu no.
By which he made Christ come back from the dead, and gave him a place at his right hand in heaven,
21 Saa tumi yi korɔn sene mpaninnie ne tumidie, ahoɔden ne kɛseyɛ, ne diberɛ biara a wɔtumi de ma saa ɛberɛ yi ne ɛberɛ a ɛbɛba no mu. (aiōn g165)
Far over all rule and authority and power and every name which is named, not only in the present order, but in that which is to come: (aiōn g165)
22 Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ Kristo nan ase, na ɔde no ayɛ nneɛma nyinaa ti ama asafo no,
And he has put all things under his feet, and has made him to be head over all things to the church,
23 a ɛne ne onipadua. Ɔno ne deɛ ɔhyɛ adeɛ nyinaa ma wɔ akwan nyinaa mu.
Which is his body, the full measure of him in whom all things are made complete.

< Efesofoɔ 1 >