< Ɔsɛnkafoɔ 9 >

1 Enti medwenee yeinom nyinaa ho na mehunuu sɛ ateneneefoɔ, anyansafoɔ ne deɛ wɔyɛ wɔ Onyankopɔn nsam; nanso obiara nnim sɛ ɔdɔ anaasɛ ɔtan retwɛn no.
Razmišljah o svemu tome i shvatih kako su i pravednici i mudraci, sa djelima svojim, u Božjoj ruci; i čovjek ne razumije ni ljubavi ni mržnje, i njemu su obje ispraznost.
2 Wɔn nyinaa hyɛberɛ yɛ baako; ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ, nnipa pa ne nnipa bɔne, wɔn a wɔn ho teɛ ne wɔn a wɔn ho nteɛ, wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ ne wɔn a wɔmmɔ. Sɛdeɛ ɛte ma onipa pa no, saa ara na ɛte ma ɔbɔnefoɔ; sɛdeɛ ɛte ma wɔn a wɔka ntam no, saa ara na ɛte ma wɔn a wɔsuro sɛ wɔbɛka ntam.
Svima je ista kob, pravednomu kao i opakom, čistomu i nečistomu, onomu koji žrtvuje kao i onomu koji ne žrtvuje; jednako dobru kao i grešniku, onomu koji se zaklinje kao i onomu koji se boji zakletve.
3 Yei ne bɔne a ɛwɔ biribiara a ɛsi wɔ owia yi ase mu. Hyɛberɛ baako ba yɛn nyinaa so. Deɛ ɛka ho ne sɛ, bɔne ahyɛ nnipa akoma mu ma na abɔdamsɛm wɔ wɔn akoma mu ɛberɛ a wɔwɔ nkwa mu, na akyire no, wɔkɔka awufoɔ ho.
Najgore je od svega što biva pod suncem ovo: ista je kob svima, ljudsko je srce puno zla, ludost je u srcima ljudi dok žive, a potom se pridružuju mrtvima.
4 Obiara a ɔka ateasefoɔ ho no wɔ anidasoɔ, mpo ɔkraman a ɔte ase yɛ sene gyata a wawuo.
Jer onaj tko je među živima, ima nade: i živ pas više vrijedi nego mrtav lav.
5 Na ateasefoɔ nim sɛ wɔbɛwu, nanso awufoɔ nnim hwee; wɔnni akatua biara bio, na wɔn ho nkaeɛ mpo ayera.
Živi barem znaju da će umrijeti, a mrtvi ne znaju ništa niti imaju više nagrade, jer se zaboravlja i spomen na njih.
6 Wɔn dɔ, ɔtan ne ninkunu atu ayera dada; wɔnni hwee yɛ wɔ biribiara a ɛsi wɔ owia yi ase mu.
Davno je nestalo i njihove ljubavi, i mržnje, i zavisti, i više nemaju udjela ni u čem što biva pod suncem.
7 Enti kɔ, fa anigyeɛ di wʼaduane, na fa ahosɛpɛ akoma nom wo nsã, ɛfiri sɛ saa ɛberɛ yi na Onyankopɔn pene deɛ woyɛ so.
Zato s radošću jedi svoj kruh i vesela srca pij svoje vino, jer se Bogu već prije svidjelo tvoje djelo.
8 Ɛberɛ biara ma wʼaduradeɛ nyɛ fitaa na fa ngohwam sra wo tirim.
U svako doba nosi haljine bijele i ulja nek' ne ponestane na tvojoj glavi.
9 Wo ne wo yere monnye mo ani, ɔbaa a wo dɔ noɔ no, wɔ nna a ɛnka hwee a Onyankopɔn de ama mo wɔ owia yi ase, mo ahuhudeɛ nna no. Ɛfiri sɛ ɛyɛ mo kyɛfa wɔ mo nkwa nna mu, ne mo adwumaden wɔ owia yi ase.
Uživaj život sa ženom koju ljubiš u sve dane svojega ispraznog vijeka koji ti Bog daje pod suncem, jer to je tvoj udio u životu i u trudu kojim se trudiš pod suncem.
10 Deɛ wo nsa bɛso mu biara, fa wʼahoɔden nyinaa yɛ, ɛfiri sɛ damena a wɔrekɔ mu no, adwumayɛ, adwendwene, nhunumu ne nimdeɛ nni hɔ. (Sheol h7585)
I što god nakaniš učiniti, učini dok možeš, jer nema ni djela, ni umovanja, ni spoznaje, ni mudrosti u Podzemlju u koje ideš. (Sheol h7585)
11 Mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase: Mmirikakansie nni hɔ mma deɛ ne ho yɛ herɛ anaasɛ ɔko nni hɔ mma ɔhoɔdenfoɔ, aduane mma onyansafoɔ nkyɛn anaasɛ ahonya nnkɔ nhunumufoɔ hɔ na adom nnkɔ animdefoɔ nkyɛn; nanso berɛ ne akwannya wɔ hɔ ma wɔn nyinaa.
Osim toga, vidjeh pod suncem: ne dobivaju trku hitri, ni boj hrabri; nema kruha za mudraca, ni bogatstva za razumne, ni milosti za učene, jer vrijeme i kob sve ih dostiže.
12 Bio, onipa biara nnim dɔn ko a ne berɛ bɛso: Sɛdeɛ asau tumi kyere mpataa, ne sɛdeɛ afidie yi nnomaa no saa ara na mmerɛ bɔne to nnipa wɔ ɛberɛ a wɔn ani nni wɔn ho so.
Čovjek ne zna svoga časa: kao ribe ulovljene u podmukloj mreži, i kao ptice u zamku uhvaćene, tako se hvataju sinovi ljudski u vrijeme nevolje koja ih iznenada spopada.
13 Bio, mehunuu saa nimdeɛ ho nhwɛsoɔ yi wɔ owia yi ase ma ɛtɔɔ me so yie:
Još vidjeh pod suncem i ovu “mudrost” koja mi se učini velikom:
14 Ɛberɛ bi na kuropɔn ketewa bi wɔ hɔ a emu nnipa yɛ kakraa bi. Ɔhene bi a ɔwɔ tumi to hyɛɛ kuropɔn yi so. Ɔtwaa ho hyiaeɛ na ɔsisii mpie akɛseɛ tiaa no.
Bi jedan malen grad i u njem malo ljudi, a na nj udari velik kralj, opkoli ga i podiže oko njega velike opsadne tornjeve.
15 Na ohiani bi a ɔnim nyansa wɔ kuropɔn no mu, na ɔnam ne nimdeɛ so gyee kuropɔn no sii hɔ. Nanso obiara ankae saa ohiani no.
Ali se u njemu nađe čovjek siromah mudar koji spasi grad svojom mudrošću, a poslije se nitko nije sjećao toga čovjeka.
16 Enti mekaa sɛ, “Nimdeɛ yɛ sene ahoɔden.” Nanso wɔbuu ohiani no nimdeɛ no animtiaa, na obiara ntie nʼasɛm bio.
Ipak ja velim: bolja je mudrost nego jakost, ali se ne cijeni mudrost siromaha i ne slušaju njegove riječi.
17 Ɛsɛ sɛ wɔtie onyansafoɔ nsɛm a ɔka no brɛoo no na ɛnyɛ nkwaseafoɔ sodifoɔ nteateam.
Blage se riječi mudraca bolje čuju nego vika zapovjednika nad luđacima.
18 Nimdeɛ yɛ sene akodeɛ, nanso ɔdebɔneyɛfoɔ baako sɛe nnepa bebree.
Mudrost više vrijedi nego bojno oružje, ali jedan jedini grešnik pokvari mnogo dobra.

< Ɔsɛnkafoɔ 9 >