< Ɔsɛnkafoɔ 8 >
1 Hwan na ɔte sɛ onyansafoɔ? Hwan na ɔnim sɛdeɛ nneɛma teɛ? Nimdeɛ te nnipa anim na ɛbrɛ ne denyɛ ase.
Hena na ɔte sɛ onyansafo? Hena na onim sɛnea nneɛma te? Nimdeɛ te nnipa anim, na ɛbrɛ ne denyɛ ase.
2 Mese: Di ɔhene ɔhyɛ nsɛm so, ɛfiri sɛ wokaa ntam wɔ Onyankopɔn anim.
Mise: Di ɔhene mmaransɛm so, efisɛ wokaa ntam wɔ Onyankopɔn anim.
3 Mpɛ ntɛm mfiri ɔhene anim. Nnyina mu mma obi asɛm a ɛnyɛ dɛ, na onii no anyɛ deɛ ɔpɛ biara.
Mpɛ ntɛm mfi ɔhene anim. Nnyina mu mma obi asɛm a ɛnyɛ dɛ na onii no anyɛ nea ɔpɛ biara.
4 Esiane sɛ ɔhene asɛm boro obiara deɛ so enti, hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: “Ɛdeɛn na woreyɛ yi?”
Esiane sɛ ɔhene asɛm boro obiara de so nti, hena na obetumi aka akyerɛ no se: “Dɛn na woreyɛ yi?”
5 Deɛ ɔdi ne nhyɛ nsɛm so no renkɔ ɔhaw biara mu, na nyansa akoma bɛhunu ɛberɛ a ɛsɛ, ne ne kwan.
Nea odi ne mmaransɛm so no renkɔ ɔhaw biara mu, na nyansa koma behu bere a ɛsɛ, ne ne kwan.
6 Adeyɛ biara wɔ ne ɛberɛ a ɛfata ne ɛkwan a wɔfa so yɛ, nanso onipa haw hyɛ no so bebree.
Nneyɛe biara wɔ ne bere a ɛfata ne kwan a wɔfa so yɛ, nanso onipa haw hyɛ no so bebree.
7 Esiane sɛ obiara nnim daakye asɛm enti, hwan na ɔbɛtumi akyerɛ no deɛ ɛreba?
Esiane sɛ obiara nnim daakye asɛm nti, hena na obetumi akyerɛ ɔfoforo nea ɛreba?
8 Obiara nni mframa so tumi na waboa ano; saa ara na obiara nni ne wuda so tumi. Na sɛdeɛ wɔmma obiara nkɔ ahomegyeɛ wɔ ɔko berɛ mu no, saa ara na amumuyɛ rennyaa wɔn a wɔdi amumuyɛsɛm.
Obiara nni mframa so tumi na waboa ano; saa ara na obiara nni ne wuda so tumi. Sɛ wonnyaa obiara wɔ ɔko bere mu no, saa ara na amumɔyɛ rennyaa wɔn a wodi amumɔyɛsɛm no.
9 Mehunuu yeinom nyinaa ɛberɛ a medwenee nneɛma a wɔyɛ wɔ owia yi ase ho. Ɛberɛ bi wɔ hɔ a onipa hyɛ afoforɔ so ma ɛdane ɔhaw ma no.
Mihuu eyinom nyinaa bere a medwenee nneɛma a wɔyɛ wɔ owia yi ase no ho. Bere bi wɔ hɔ a onipa hyɛ afoforo so ma ɛdan ɔhaw ma no.
10 Bio, mehunuu sɛ wɔasie amumuyɛfoɔ, wɔn a anka wɔdi akɔneaba wɔ kronkronbea hɔ de gye nkamfo wɔ kuropɔn a wɔyɛɛ saa no mu. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.
Bio, mihuu sɛ wɔasie amumɔyɛfo, wɔn a anka wodi akɔneaba wɔ kronkronbea hɔ de gye nkamfo wɔ kuropɔn a wɔyɛɛ saa no mu. Eyi nso yɛ ahuhude.
11 Sɛ bɔne bi ho asotwe amma ntɛm a, nnipa dwene nhyehyɛeɛ a wɔde yɛ bɔne ho.
Sɛ bɔne bi ho asotwe amma ntɛm a, nnipa dwene nhyehyɛe a wɔde yɛ bɔne ho.
12 Ɛwom sɛ omumuyɛfoɔ bi yɛ bɔne mpɛn ɔha nanso ɔtena ase kyɛ, nanso menim sɛ ɛbɛsi wɔn a wɔsuro Onyankopɔn no yie, wɔn a wɔdi Onyankopɔn ni no.
Ɛwɔ mu sɛ omumɔyɛfo bi yɛ bɔne mpɛn ɔha nanso ɔtena ase kyɛ, nanso minim sɛ ebesi wɔn a wosuro Onyankopɔn no yiye, wɔn a wodi Onyankopɔn ni no.
13 Nanso ɛsiane sɛ amumuyɛfoɔ nsuro Onyankopɔn enti, ɛrensi wɔn yie na wɔn nna renware sɛ sunsumma.
Nanso esiane sɛ amumɔyɛfo nsuro Onyankopɔn nti, ɛrensi wɔn yiye na wɔn nna renware sɛ sunsuma.
14 Adeɛ bi nso a ɛyɛ ahuhudeɛ a ɛsi wɔ asase so, ɛne sɛ, ateneneefoɔ bi nya akatua a ɛfata amumuyɛfoɔ, na amumuyɛfoɔ bi nya akatua a ɛfata ateneneefoɔ. Yei nso, mese ɛyɛ ahuhudeɛ.
Ade bi nso a ɛyɛ ahuhude a esi wɔ asase so, ɛne sɛ, atreneefo bi nya akatua a ɛfata amumɔyɛfo, na amumɔyɛfo bi nya akatua a ɛfata atreneefo. Eyi nso, mise ɛyɛ ahuhude.
15 Enti mekamfo ewiase mu anigyeɛ, ɛfiri sɛ biribiara nni owia yi ase a ɛyɛ ma onipa sene sɛ ɔbɛdidi, anom ama nʼani agye. Na afei ɔbɛnya anigyeɛ wɔ nʼadwumayɛ mu wɔ nna a Onyankopɔn ama no wɔ owia yi ase nyinaa.
Enti mekamfo wiase mu anigye, efisɛ biribiara nni owia yi ase a eye ma onipa sen sɛ obedidi, anom ama nʼani agye. Na afei obenya anigye wɔ nʼadwumayɛ mu wɔ nna a Onyankopɔn ama no wɔ owia yi ase nyinaa.
16 Ɛberɛ a mepɛ sɛ mɛte nimdeɛ ase ne ɔbrɛ adwuma a onipa yɛ wɔ asase so a ɔnna awia anaa anadwo no,
Bere a mepɛ sɛ mɛte nimdeɛ ase ne ɔbrɛ adwuma a onipa yɛ wɔ asase so a ɔnna awia anaa anadwo no,
17 mehunuu deɛ Onyankopɔn ayɛ nyinaa. Obiara rentumi nte deɛ ɛkɔ so wɔ owia yi ase no ase. Ne mmɔdemmɔ nyinaa akyi, onipa rentumi nhunu asekyerɛ da. Sɛ mpo onyansafoɔ bi ka sɛ ɔnim a, ɔrentumi nte aseɛ yie da.
mihuu nea Onyankopɔn ayɛ nyinaa. Obiara rentumi nte nea ɛkɔ so wɔ owia yi ase no ase. Ne mmɔdemmɔ nyinaa akyi, onipa rentumi nhu nkyerɛase da. Sɛ mpo onyansafo bi ka se onim a, ɔrentumi nte ase yiye da.