< Ɔsɛnkafoɔ 6 >
1 Mahunu bɔne foforɔ bi wɔ owia yi ase a ɛhyɛ nnipa so yie:
내가 해 아래서 한가지 폐단 있는 것을 보았나니 이는 사람에게 중한 것이라
2 Onyankopɔn ma onipa ahonyadeɛ, adenya ne animuonyam sɛdeɛ biribiara a nʼakoma pɛ no ɛmmɔ no, nanso Onyankopɔn amma no kwan sɛ ɔmfa nnye nʼani, na ɔhɔhoɔ mmom na ɔde gye nʼani. Yei yɛ ahuhudeɛ, ɔhaw a ɛyɛ yea.
어떤 사람은 그 심령의 모든 소원에 부족함이 없어 재물과 부요와 존귀를 하나님께 받았으나 능히 누리게 하심을 얻지 못하였으므로 다른 사람이 누리나니 이것도 헛되어 악한 병이로다
3 Onipa bɛtumi anya mma ɔha na wanyini akyɛre; nanso ne mfeɛ dodoɔ yi akyi no, nʼahonya no amma nʼani annye, na ne sie nso anyɛ fɛ a, ɔpɔn ba ho wɔ mfasoɔ sene no.
사람이 비록 일백 자녀를 낳고 또 장수하여 사는 날이 많을지라도 그 심령에 낙이 족하지 못하고 또 그 몸이 매장되지 못하면 나는 이르기를 낙태된 자가 저보다 낫다 하노니
4 Ne ba no yɛ adehunu, esum mu na ɔkorɔ, na esum akata ne din so.
낙태된 자는 헛되이 왔다가 어두운 중에 가매 그 이름이 어두움에 덮이니
5 Ɛwom sɛ wanhunu owia na ɔnnim hwee deɛ, nanso ɔbɛnya ahomegyeɛ bebree sene deɛ saa ɔbarima no bɛnya.
햇빛을 보지 못하고 알지 못하나 이가 저보다 평안함이라
6 Mpo sɛ ɔtena ase mfeɛ apem mmɔho na wammfa nʼahonyadeɛ annye nʼani a, wɔn nyinaa nkɔ faako anaa?
저가 비록 천 년의 갑절을 산다 할지라도 낙을 누리지 못하면 마침내 다 한 곳으로 돌아가는 것뿐이 아니냐
7 Onipa brɛ nyinaa yɛ nʼano ntia, nanso nʼakɔnnɔdeɛ mmee no da.
사람의 수고는 다 그 입을 위함이나 그 식욕은 차지 아니하느니라
8 Na ɛdeɛn na onyansafoɔ wɔ de sene ɔkwasea? Sɛ ohiani yɛ nʼakwan yie wɔ afoforɔ anim a mfasoɔ bɛn na ɔbɛnya?
지혜자가 우매자보다 나은 것이 무엇이뇨 인생 앞에서 행할 줄 아는 가난한 자는 무엇이 유익한고
9 Deɛ aniwa hunu no yɛ sene deɛ akɔnnɔ kyini hwehwɛ. Yei nso yɛ ahuhudeɛ. Ɛte sɛ wotaa mframa.
눈으로 보는 것이 심령의 공상보다 나으나 이것도 헛되어 바람을 잡으려는 것이로다
10 Deɛ ɛwɔ hɔ biara, wɔato edin dada, na sɛdeɛ onipa teɛ nso, wɔnim dada; onipa biara rentumi ne deɛ ɔwɔ ahoɔden sene noɔ nnye yei ho akyinnyeɛ.
이미 있는 무엇이든지 오래 전부터 그 이름이 칭한 바 되었으며 사람이 무엇인지도 이미 안 바 되었나니 자기보다 강한 자와 능히 다툴 수 없느니라
11 Nsɛm dɔɔso a, emu aba yɛ kakraa bi, na ɛho wɔ mfasoɔ ma onipa anaa?
헛된 것을 더하게 하는 많은 일이 있나니 사람에게 무엇이 유익하랴
12 Na hwan na ɔnim deɛ ɛyɛ ma onipa wɔ ne nkwanna kakra bi a ɛyɛ ahuhudeɛ na ɔfa mu kɔ sɛ sunsumma no? Hwan na ɔbɛtumi aka deɛ ɛbɛsi wɔ owia yi ase akyerɛ no ɛberɛ a ɔkorɔ no.
헛된 생명의 모든 날을 그림자같이 보내는 일평생에 사람에게 무엇이 낙인지 누가 알며 그 신후에 해 아래서 무슨 일이 있을 것을 누가 능히 그에게 고하리요