< Ɔsɛnkafoɔ 5 >

1 Sɛ wokɔ Onyankopɔn fie a, hwɛ wʼanammɔntuo yie. Bɛn no na tie no sene sɛ wobɛbɔ nkwaseafoɔ afɔdeɛ, wɔn a wɔnnim mfomsoɔ a wɔyɛ no.
Sɛ wokɔ Onyankopɔn fi a, hwɛ wʼanammɔntu yiye. Bɛn no na tie no sen sɛ wobɛbɔ nkwaseafo afɔre, wɔn a wonnim mfomso a wɔyɛ no.
2 Mpɛ ntɛm nkasa, mma wʼakoma ho mpere no sɛ ɔbɛka asɛm bi wɔ Onyankopɔn anim. Onyankopɔn te ɔsoro na wo deɛ, wo wɔ asase so, enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.
Mpɛ ntɛm nkasa. Mpere wo ho wɔ wo koma mu sɛ wobɛka asɛm bi wɔ Onyankopɔn anim. Onyankopɔn te ɔsoro na wo de, wowɔ asase so, enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.
3 Sɛdeɛ adaeɛsoɔ firi adwendwene bebree mu ba no, saa ara na ɔkwasea kasa tentene teɛ.
Adaeso fi adwennwen bebree mu ba, na nsɛm dodow da adi wɔ ɔkwasea kasa mu.
4 Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase wɔ ho. Ɔnni anigyeɛ wɔ nkwaseafoɔ mu; enti di wo bɔhyɛ so.
Sɛ wohyɛ Onyankopɔn bɔ a, ntwentwɛn wo nan ase wɔ ho. Onni anigye wɔ nkwaseafo mu; enti di wo bɔhyɛ so.
5 Sɛ woanhyɛ bɔ koraa a, ɛyɛ sene sɛ wobɛhyɛ bɔ na wonni so.
Sɛ woanhyɛ bɔ koraa a eye sen sɛ wobɛhyɛ bɔ na wunni so.
6 Mma wʼano mfa wo nkɔ bɔne mu. Nyi wʼano nkyerɛ asɔredan mu ɔsomfoɔ sɛ, “Me bɔhyɛ no yɛ mfomsoɔ.” Adɛn enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn bo fu deɛ woka na ɔsɛe wo nsa ano adwuma?
Mma wʼano mfa wo nkɔ bɔne mu. Nyi wʼano nkyerɛ asɔredan mu somfo se, “Me bɔhyɛ no yɛ mfomso.” Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn bo fuw nea woka na ɔsɛe wo nsa ano adwuma?
7 Adaeɛso ne nsɛm keka bebree nka hwee. Enti suro Onyankopɔn.
Adaeso ne nsɛnkeka bebree nka hwee. Enti suro Onyankopɔn.
8 Sɛ wohunu ohiani a wɔhyɛ ne so wɔ ɔmansin bi mu, na atɛntenenee ne ahofadie abɔ no a, mma yeinom nyɛ wo nwanwa ɛfiri sɛ, deɛ ɔso sene no hwɛ ne so, na deɛ ɔso sene wɔn baanu no nso hwɛ wɔn so.
Sɛ wuhu ohiani a wɔhyɛ ne so wɔ ɔmansin bi mu, na atɛntrenee ne ahofadi abɔ no a, mma eyinom nyɛ wo nwonwa, efisɛ nea ɔso sen no hwɛ no so, na nea ɔso sen wɔn baanu no nso hwɛ wɔn so.
9 Asase no so siadeɛ wɔ ɛso nnipa nyinaa, na ɔhene no ankasa na ɔnya mfuo no so mfasodeɛ.
Wɔn nyinaa fa asase no so siade; na ɔhene no ankasa nya mfuw no so mfaso.
10 Deɛ nʼani bere sika no nnya deɛ ɛdɔɔso da; na deɛ ɔpɛ ahonyadeɛ dodoɔ no ani nsɔ deɛ ɔnya. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.
Nea nʼani bere sika no nnya nea ɛdɔɔso da; na nea ɔpɛ ahonyade dodow no ani nsɔ nea onya. Eyi nso yɛ ahuhude.
11 Adetɔndeɛ bu so a, saa ara na atɔfoɔ no nso dɔɔso. Na mfasoɔ bɛn na deɛ ɛwɔ noɔ no nya sene sɛ ɔde nʼani bɛhwɛ?
Adetɔnnne bu so a, saa ara na atɔfo no nso dɔɔso. Na mfaso bɛn na nea ɛwɔ no no nya sen sɛ ɔde nʼani bɛhwɛ?
12 Ɔpaani da ma nʼani kum, sɛ wadidi amee anaasɛ wammee, nanso ɔdefoɔ ahonya dodoɔ enti ɔntumi nna.
Ɔpaani da ma nʼani kum, sɛ wadidi amee, anaasɛ wammee, nanso ɔdefo ahonya dodow nti ontumi nna.
13 Ɔhaw kɛseɛ bi a mahunu no wɔ owia yi ase nie: sɛ wɔboaboa ahonyadeɛ ano de ha ne wura,
Mahu bɔne kɛse wɔ owia yi ase: wɔde ahode sie de haw ne wuranom,
14 anaasɛ ɔbɛhwere ahonyadeɛ wɔ amanehunu mu a enti sɛ ɔnya ɔbabarima bi a hwee nni hɔ a wɔde bɛgya no.
anaasɛ ahode fa atoyerɛnkyɛm bi so hwere sɛ ɛbɛyɛ na wonya mma a wɔremmɛto hwee mfa.
15 Adagya na onipa de firi ne maame yafunu mu baeɛ, na sɛdeɛ ɔbaeɛ no, saa ara na ɔbɛkorɔ. Ɔmmfa nʼadwumayɛ so mfasodeɛ biara a ɔbɛtumi akuta wɔ ne nsa mu nkɔ.
Adagyaw na onipa de fi ne na yafunu mu bae, na sɛnea ɔbae no, saa ara na ɔbɛkɔ. Ɔremfa nʼadwumayɛ so mfaso biara a obetumi akita wɔ ne nsa mu no nkɔ.
16 Yei nso yɛ ɔhaw kɛseɛ: Sɛdeɛ onipa ba no, saa ara na ɔkorɔ, na mfasoɔ bɛn na ɔnya wɔ ɛberɛ a ɔyɛ adwuma ma mframa?
Eyi nso yɛ ɔhaw kɛse: Sɛnea onipa ba no, saa ara na ɔkɔ, na mfaso bɛn na onya wɔ bere a ɔyɛ adwuma ma mframa?
17 Ne nna nyinaa mu no, ɔdidi a, nʼanom nyɛ no dɛ ɛfiri sɛ abamubuo, ateeteeɛ ne abufuo wɔ no so.
Ne nna nyinaa mu no, odidi a nʼanom nyɛ no dɛ, efisɛ abawpa, ateetee ne abufuw wɔ no so.
18 Afei mehunuu sɛ ɛyɛ ma onipa sɛ ɔbɛdidi na wanom na wama nʼani agye nʼadwumaden ho wɔ owia yi ase, wɔ mmerɛ kakra a Onyankopɔn de ama no yi mu, ɛfiri sɛ yei ne ne kyɛfa.
Afei mihuu sɛ eye ma onipa sɛ obedidi na wanom na wama nʼani agye nʼadwumaden ho wɔ owia yi ase, wɔ mmere kakra a Onyankopɔn de ama no yi mu, efisɛ eyi ne ne kyɛfa.
19 Deɛ ɛka ho ne sɛ, sɛ Onyankopɔn ma onipa bi ahonyadeɛ ne adenya, na ɔnya ahotɔ, de anigyeɛ yɛ nʼadwuma, na ɔhunu sɛ ne kyɛfa ne no a, ɔnnkae sɛ ɛyɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ.
Nea ɛka ho ne sɛ, sɛ Onyankopɔn ma onipa bi ahonyade ne adenya, na onya ahotɔ, de anigye yɛ nʼadwuma, na ohu sɛ ne kyɛfa ne no a, ɔnkae sɛ ɛyɛ Onyankopɔn akyɛde.
20 Ɔnntaa ntena ase nnwene ne nkwa nna ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn de akoma mu anigyeɛ ama no.
Ɔntaa ntena ase nnwen ne nkwanna ho, efisɛ Onyankopɔn de koma mu anigye ama no.

< Ɔsɛnkafoɔ 5 >