< Ɔsɛnkafoɔ 3 >

1 Biribiara wɔ ne berɛ, na dwumadie biara a ɛwɔ ɔsoro ase wɔ ne berɛ.
For everything there is a season, and a time for every purpose under heaven:
2 Awoɔ wɔ ne berɛ, na owuo wɔ ne berɛ, ogu wɔ ne berɛ, na otwa nso wɔ ne berɛ,
a time to be born, and a time to die; a time to plant, and a time to pluck up that which is planted;
3 ɔkum wɔ ne berɛ, na ayaresa wɔ ne berɛ, ɔbubu wɔ ne berɛ, na ɔsi nso wɔ ne berɛ,
a time to kill, and a time to heal; a time to break down, and a time to build up;
4 agyaadwotwa wɔ ne berɛ, na ɔsereɛ nso wɔ ne berɛ, awerɛhoɔ wɔ ne berɛ, na asa wɔ ne berɛ,
a time to weep, and a time to laugh; a time to mourn, and a time to dance;
5 aboɔ hweteɛ wɔ ne berɛ, na aboɔ anoboa wɔ ne berɛ, akwaaba wɔ ne berɛ, na nanteyie wɔ ne berɛ,
a time to cast away stones, and a time to gather stones together; a time to embrace, and a time to refrain from embracing;
6 adehwehwɛ wɔ ne berɛ, na adehwereɛ wɔ ne berɛ, adekora wɔ ne berɛ, na adetoguo wɔ ne berɛ,
a time to seek, and a time to lose; a time to keep, and a time to cast away;
7 adeɛ mu sunsuane wɔ ne berɛ, na ne pempam wɔ ne berɛ, kommyɛ wɔ ne berɛ, na kasa wɔ ne berɛ,
a time to tear, and a time to sew; a time to keep silence, and a time to speak;
8 ɔdɔ wɔ ne berɛ, na ɔtan wɔ ne berɛ, ɔko wɔ ne berɛ, na asomdwoeɛ wɔ ne berɛ.
a time to love, and a time to hate; a time for war, and a time for peace.
9 Mfasoɔ bɛn na odwumayɛfoɔ nya firi nʼadwumaden mu?
What profit has he who works in that in which he labors?
10 Mahunu adesoa a Onyankopɔn de ato nnipa so.
I have seen the burden which God has given to the sons of men to be afflicted with.
11 Wayɛ biribiara fɛfɛ wɔ ne berɛ mu. Ɔde nkwa a ɛnsa da ahyɛ nnipa akoma mu, nanso wɔntumi nte deɛ Onyankopɔn ayɛ firi ahyɛaseɛ kɔsi awieeɛ no ase.
He has made everything beautiful in its time. He has also set eternity in their hearts, yet so that man can’t find out the work that God has done from the beginning even to the end.
12 Menim sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma nnipa kyɛn sɛ wɔbɛgye wɔn ani na wayɛ deɛ ɛyɛ ɛberɛ a wɔte ase.
I know that there is nothing better for them than to rejoice, and to do good as long as they live.
13 Sɛ obiara bɛdidi na wanom na wanya anigyeɛ wɔ ne dwumadie nyinaa mu, yei ne Onyankopɔn akyɛdeɛ.
Also that every man should eat and drink, and enjoy good in all his labor, is the gift of God.
14 Menim sɛ biribiara a Onyankopɔn yɛ no bɛtena hɔ daa, wɔrentumi mfa biribi nka ho na wɔrentumi nyi biribi mfiri mu. Onyankopɔn yɛ yei sɛdeɛ nnipa de anidie bɛma no.
I know that whatever God does, it shall be forever. Nothing can be added to it, nor anything taken from it; and God has done it, that men should fear before him.
15 Biribiara a ɛwɔ hɔ ɛnnɛ no, aba pɛn, na deɛ ɛbɛba no nso aba dada; na Onyankopɔn bɛfrɛ deɛ asi dada no ama akontabuo.
That which is has been long ago, and that which is to be has been long ago. God seeks again that which is passed away.
16 Na mehunuu biribi foforɔ wɔ owia yi ase sɛ: Amumuyɛsɛm wɔ deɛ atemmuo wɔ, atɛnteneneebea no, amumuyɛsɛm wɔ hɔ.
Moreover I saw under the sun, in the place of justice, that wickedness was there; and in the place of righteousness, that wickedness was there.
17 Medwenee wɔ mʼakomam sɛ, “Onyankopɔn bɛbu teneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ nyinaa atɛn, ɛfiri sɛ adwuma biara bɛnya ne berɛ, adeyɛ biara ne ne berɛ.”
I said in my heart, “God will judge the righteous and the wicked; for there is a time there for every purpose and for every work.”
18 Afei medwenee sɛ, “Nnipa deɛ, Onyankopɔn sɔ wɔn hwɛ ma wɔhunu sɛ wɔte sɛ mmoa.
I said in my heart, “As for the sons of men, God tests them, so that they may see that they themselves are like animals.
19 Onipa hyɛberɛ te sɛ mmoa deɛ, na ɛda hɔ ma wɔn nyinaa. Sɛdeɛ ɔbaako wuo no, saa ara na ɔfoforɔ nso wuo. Wɔn nyinaa wɔ ahomeɛ baako; onipa nni biribi a ɔde kyɛn aboa. Biribiara yɛ ahuhudeɛ.
For that which happens to the sons of men happens to animals. Even one thing happens to them. As the one dies, so the other dies. Yes, they have all one breath; and man has no advantage over the animals, for all is vanity.
20 Wɔn nyinaa kɔ faako; wɔn nyinaa firi dɔteɛ mu na wɔsane kɔ dɔteɛ mu.
All go to one place. All are from the dust, and all turn to dust again.
21 Hwan na ɔnim sɛ onipa honhom foro soro, na aboa deɛ siane kɔ asase mu anaa?”
Who knows the spirit of man, whether it goes upward, and the spirit of the animal, whether it goes downward to the earth?”
22 Enti mehunuu sɛ biribiara nni hɔ a ɛyɛ ma onipa kyɛn sɛ nʼani bɛka nʼadwuma ho, ɛfiri sɛ ɛno ne ne kyɛfa. Na hwan na ɔbɛtumi de no asane aba sɛ ɔmmɛhwɛ deɛ ɛbɛsi ne wuo nʼakyi?
Therefore I saw that there is nothing better than that a man should rejoice in his works, for that is his portion; for who can bring him to see what will be after him?

< Ɔsɛnkafoɔ 3 >