< Ɔsɛnkafoɔ 2 >

1 Mekaa mʼakomam sɛ, “Afei bra, mede anigyeɛ bɛsɔ wo ahwɛ na yɛahunu deɛ ɛyɛ.” Nanso, ankɔsi hwee.
Said, I, in my heart, Come now! I will prove thee with gladness, and look thou on blessedness, —but lo! even that, was vanity.
2 Mekaa sɛ, “Ɔsereɛ yɛ nkwaseadeɛ. Na ɛdeɛn na anigyeɛ tumi yɛ?”
Of laughter, I said, Madness! and, of mirth, What can it do?
3 Mepɛɛ sɛ mehunu deɛ ɛyɛ pa ara ma yɛn wɔ ɛberɛ tiawa a yɛwɔ wɔ asase yi so. Enti meyɛɛ mʼadwene sɛ mede nsã bɛsɛpɛ me ho na mahwehwɛ, ahunu nkwaseasɛm asekyerɛ, a mʼankasa deɛ, mennyɛ ɔkwasea.
I sought out with my heart, to cherish with wine, my flesh, —but, my heart, was to guide with wisdom, even in laying hold of folly, until I should see which was blessedness for the sons of men, as to that which they could do, under the heavens, during the number of the days of their life.
4 Mede me nsa hyɛɛ nnwuma akɛseɛ ase; mesisii adan yɛɛ bobe nturo.
I enlarged my works, —I built me houses, I planted me vineyards;
5 Meyɛɛ nturo ne ahomegyebea na meduaduaa nnuaba ahodoɔ bebree wɔ mu.
I made me gardens, and parks, —I planted in them trees of every kind of fruit;
6 Mesisii nsukoraeɛ a mɛtwe nsuo afiri mu, de agugu nnua a ɛrenyini no so.
I made me pools of water, —to irrigate therefrom the thick-set saplings growing up into trees:
7 Metɔɔ nkoa ne mfenaa, na menyaa ebinom nso a wɔwoo wɔn wɔ me fie. Afei nso menyaa anantwie ne nnwan bebree sene obiara a wadi mʼanim wɔ Yerusalem.
I acquired, men-servants and women-servants, and, the children of the household, were mine, —also possessions, herds and flocks in abundance, were mine, beyond all who had been before me in Jerusalem;
8 Mepɛɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, gyegyee ahemfo ne amantam no ademudeɛ kaa ho. Mefaa mmarima ne mmaa nnwomtofoɔ, pɛɛ mmaa atenaeɛ nso; deɛ ɛyɛ ɔbarima akoma anigyedeɛ biara.
I heaped me up, both silver and gold, and the peculiar treasure of kings, and provinces, —I provided me singing-men and singing-women, and the delights of the sons of men, a wife and wives.
9 Megyee edin sene obiara a wadi mʼanim wɔ Yerusalem. Yeinom nyinaa mu no, me nimdeɛ kɔɔ so yɛɛ adwuma.
So I became great, and increased, more than any one who had been before me in Jerusalem, —moreover, my wisdom, remained with me;
10 Deɛ mʼani hwehwɛeɛ biara, mamfa ankame no; mansi mʼakoma anigyeɛ ho ɛkwan. Mʼakoma ani gyee me nnwuma nyinaa ho, na yei yɛ mʼadwumayɛ so akatua.
and, nothing that mine eyes asked, withheld I from them, —I did not keep back my heart from any gladness, for, my heart, obtained gladness out of all my toil, and so, this, was my portion, out of all my toil.
11 Nanso sɛ mehwɛ deɛ me nsa ayɛ nyinaa ne deɛ mabrɛ anya a, ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛ deɛ wɔtu mmirika taa mframa. Mannya mfasoɔ biara wɔ owia yi ase.
When, I, looked upon all my works, which my hands had made, and on my toil, whereon I had toilsomely wrought, then lo! all, was vanity, and feeding on wind, and there was no profit under the sun.
12 Mede mʼadwene kɔɔ nimdeɛ, abɔdamsɛm ne nkwaseasɛm so. Ɛdeɛn bio na deɛ wɔadi ɔhene adeɛ bɛtumi ayɛ asene deɛ wɔayɛ dada no?
Thus turned, I, to look at wisdom, and madness and folly, —for what can the man [do more] who cometh after the king? [save] that which, already, men have done.
13 Mehunuu sɛ, nimdeɛ yɛ sene nkwaseasɛm, sɛdeɛ hann yɛ sene esum no.
Then saw, I, that wisdom doth excel folly, —as far as light excelleth darkness.
14 Onyansafoɔ ani wɔ ne tirim, na ɔkwasea deɛ, ɔnante esum mu; nanso mehunuu sɛ wɔn nyinaa hyɛberɛ yɛ pɛ.
As for the wise man, his eyes, are in his head, whereas, the dullard, in darkness, doth walk, —but, I myself, knew that, one destiny, happeneth to them, all.
15 Afei mesusuu mʼakomam sɛ, “Ɔkwasea hyɛberɛ bɛto me nso. Enti sɛ mehunu nyansa a, mfasoɔ bɛn na menya?” Mekaa wɔ mʼakomam sɛ, “Yei nso nka hwee.”
Then said, I, in my heart, As it happeneth to the dullard, even to me, will it happen, but wherefore, then, became, I, wise to excess? Therefore spake I, in my heart, Even this, is vanity.
16 Te sɛ ɔkwasea no, ɔnyansafoɔ nso, wɔrenkae no daa; nna a ɛreba no mu, wɔrenkae wɔn baanu no. Te sɛ ɔkwasea no, onyansafoɔ nso bɛwu!
For there is no remembrance of a wise man, more than of a dullard, unto times age-abiding, —seeing that, already, in the days to come, all hath been forgotten, how then cometh it that the wise man dieth equally with the dullard?
17 Ɛno enti asetena fonoo me, na adwuma a yɛyɛ wɔ owia yi ase no haa me. Ne nyinaa yɛ ahuhudeɛ, te sɛ deɛ wɔtu mmirika taa mframa.
Therefore I hated life, for, a vexation unto me, was the work which was done under the sun, —for, all, was vanity, and a feeding on wind.
18 Mekyirii deɛ mayɛ adwuma apɛ nyinaa wɔ owia yi ase, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ megya hɔ ma deɛ ɔbɛdi mʼadeɛ.
Therefore hated, I, all my toil, wherein I was toiling, under the sun, —in that I should leave it for the man who should come after me;
19 Na hwan na ɔnim sɛ onipa ko no bɛyɛ onyansafoɔ anaa ɔkwasea? Nanso deɛ mabiri me mogya ani apɛ wɔ owia yi ase nyinaa bɛkɔ ne nsam. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.
and who could know whether a, wise man, he would be or a foolish, and yet he would lord it over all my toil, wherein I had toiled and wherein I had acted wisely, under the sun, —even this, was vanity.
20 Enti mepaa aba wɔ owia yi ase adwumaden ho.
Then resolved I, to give my heart over to despair, —concerning all the toil, wherein I had toiled, under the sun.
21 Na onipa bɛfiri ne nimdeɛ, nyansa ne adwumayɛ ho nimdeɛ mu ayɛ nʼasɛdeɛ, na afei ɛsɛ sɛ ogya nʼadwumayɛ so aba ma obi a ɔnyɛɛ adwuma biara. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, na ɛha adwene.
For here is a man, whose toil hath been with wisdom and with knowledge and with skill, —yet, to a man who hath not toiled therein, shall he leave it as his portion, even this, was vanity and a great vexation.
22 Ɛdeɛn na onipa nya firi ne brɛ ne dadwene a ɔde yɛ adwuma wɔ owia yi ase mu?
For what hath the man for all his toil, and for the striving of his heart, —wherein, he himself, toiled under the sun?
23 Ne nkwa nna nyinaa, nʼadwumayɛ yɛ ɔyea ne ɔhaw; anadwo mpo nʼadwene yɛ adwuma. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.
For, all his days, are pains, and, vexatious, is his employment, even in the night, his heart lieth not down, —even this, was, vanity.
24 Biribiara nsene sɛ onipa bɛdidi na wanom na wanya ahomeka wɔ adwumayɛ mu. Yei nso mehunuu sɛ ɛfiri Onyankopɔn,
There was nothing more blessed for Man [than] that he should eat and drink, and see his desireth for blessedness in his toil, —even this, saw, I myself, that, from the hand of God, it was.
25 ɛfiri sɛ ɛnyɛ ɔno a, anka hwan na ɔbɛtumi adidi anaasɛ ɔbɛnya ahomeka?
For who could eat and who could enjoy, so well as I?
26 Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no, ɔma no nimdeɛ, nyansa ne anigyeɛ, nanso omumuyɛfoɔ deɛ, ɔma ɔboaboa ahonyadeɛ ano ma deɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani. Yei nso yɛ ahuhudeɛ, sɛdeɛ wɔde mmirikatuo taa mframa.
For, to a man who is good before him, hath he given wisdom and knowledge and gladness, —whereas, to the sinner, he hath given employment, to gather and heap up, to give to one who is good before God, even this, was vanity, and a feeding on wind.

< Ɔsɛnkafoɔ 2 >