< Ɔsɛnkafoɔ 12 >

1 Kae wo Bɔfoɔ wɔ wo mmeranteberɛ mu, ansa na nnabɔne no aba na mfeɛ a wobɛka sɛ, “Menni mu anigyeɛ biara” no reba, 2 ansa na owia ne hann, ɔsrane ne nsoromma aduru sum, na omununkum asane aba osutɔ akyi. 3 Ɛberɛ a efie no awɛmfoɔ ho popo, na mmarima ahoɔdenfoɔ akom, ɛberɛ a ayamfoɔ agyae adwumayɛ, sɛ wɔsua enti na wɔn a wɔhwɛ mpoma mu no ani so ayɛ kusuu; 4 ɛberɛ a wɔatoto abɔntene no apono mu na ayammeeɛ nnyegyeeɛ ano abrɛ ase; ɛberɛ a nnipa te nnomaa su na wɔanyane, nanso wɔn nnwontoɔ ano brɛ ase; 5 ɛberɛ a nnipa suro ɛsoro kɔ ne mmɔntene so amanenyasɛm; ɛberɛ a sorɔno dua bɛgu nhyerɛnne na abɛbɛ wea korɔ na nkatedeɛ ho adwodwoɔ. Afei onipa kɔ ne daa homeɛ mu na agyaadwotwafoɔ tu gu mmɔntene so. 6 Kae no, ansa na dwetɛ ahoma no ate, anaasɛ sikakɔkɔɔ ayowaa no abɔ; ansa na sukuruwa no abobɔ wɔ asutene ho, anaasɛ asubura so nkyimiiɛ abubu, 7 na dɔteɛ sane kɔ asase a ɛfiri mu baeɛ, na honhom no tu kɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn. 8 “Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ” ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ. “Biribiara yɛ ahuhudeɛ!” 9 Ɔsɛnkafoɔ no yɛ onyansafoɔ na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdweneeɛ na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na ɔbubuu mmɛ bebree. 10 Ɔsɛnkafoɔ no hwehwɛɛ sɛ ɔbɛnya nsɛm a ɛfata, na deɛ ɔtwerɛeɛ no yɛ pɛ na ɛyɛ nokorɛ nso. 11 Anyansafoɔ nsɛm te sɛ anantwikafoɔ mpea. Wɔn nsɛm a wɔaboa ano te sɛ nnadewa a wɔde abobɔ dua mu ma akɔ mu yie. Saa nsɛm yi nyinaa firi Odwanhwɛfoɔ baako nkyɛn. 12 Mebɔ wo kɔkɔ sɛ twe wo ho firi biribiara a ɛka yeinom ho, me babarima. Nwoma bebrebe atwerɛ nni awieeɛ, na ne sua pii no ma honam yɛ mmerɛ. 13 Afei ne nyinaa atɔ asom; nsɛm no awieeɛ nie: Suro Onyankopɔn na di nʼahyɛdeɛ so, na onipa asɛdeɛ nyinaa nie. 14 Onyankopɔn bɛbu adeyɛ biara atɛn, deɛ wɔayɛ asie nso ka ho, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.

< Ɔsɛnkafoɔ 12 >