< Ɔsɛnkafoɔ 10 >
1 Sɛdeɛ nwansena funu ma aduhwam yi nka bɔne no, saa ara na nkwaseasɛm kakra boro nimdeɛ ne animuonyam so.
死蒼蠅使做香的膏油發出臭氣; 這樣,一點愚昧也能敗壞智慧和尊榮。
2 Onyansafoɔ akoma kom kɔ nifa, nanso ɔkwasea akoma kɔ benkum.
智慧人的心居右; 愚昧人的心居左。
3 Mpo sɛ ɔkwasea nam ɛkwan so a wɔhunu sɛ ɔnnim nyansa na ɔma obiara hunu sɛ wagyimi.
並且愚昧人行路顯出無知, 對眾人說,他是愚昧人。
4 Sɛ sodifoɔ bo fu wo a, nnya wʼadwuma nto hɔ; na ntoboaseɛ dwodwo mfomsoɔ kɛseɛ ano.
掌權者的心若向你發怒, 不要離開你的本位, 因為柔和能免大過。
5 Bɔne bi wɔ hɔ a mahunu wɔ owia yi ase. Ɛyɛ mfomsoɔ bi a ɛfiri sodifoɔ:
我見日光之下有一件禍患, 似乎出於掌權的錯誤,
6 Wɔma nkwaseafoɔ diberɛ a ɛkorɔn, na asikafoɔ nya deɛ ɛwɔ fam.
就是愚昧人立在高位; 富足人坐在低位。
7 Mahunu nkoa sɛ wɔtete apɔnkɔ so, na mmapɔmma nam fam sɛ nkoa.
我見過僕人騎馬, 王子像僕人在地上步行。
8 Obiara a ɔtu amena no bɛtumi atɔ mu; na deɛ ɔbubu ɔfasuo no, ɔwɔ bɛtumi aka no.
挖陷坑的,自己必掉在其中; 拆牆垣的,必為蛇所咬。
9 Obiara a ɔpae aboɔ no, aboɔ no bɛtumi apira no; na deɛ ɔpae nnua no bɛtumi anya mu akwanhyia.
鑿開石頭的,必受損傷; 劈開木頭的,必遭危險。
10 Sɛ abonnua ano akum na wɔanse ano a, ɛbɛhia ahoɔden bebree nanso adwumayɛ ho nimdeɛ de nkonimdie bɛba.
鐵器鈍了,若不將刃磨快,就必多費氣力; 但得智慧指教,便有益處。
11 Sɛ ɔwɔ ka obi ansa na wɔadwodwo no a deɛ ɔdwodwo ɔwɔ no rennya ho mfasoɔ biara.
未行法術以先,蛇若咬人, 後行法術也是無益。
12 Onyansafoɔ anom nsɛm yɛ nyam, nanso ɔkwasea ano fafa de no kɔ asɛeɛ mu.
智慧人的口說出恩言; 愚昧人的嘴吞滅自己。
13 Ahyɛaseɛ no, ne nsɛm yɛ nkwaseasɛm; na ɛkɔwie abɔdamsɛm bɔne,
他口中的言語起頭是愚昧; 他話的末尾是奸惡的狂妄。
14 na ɔkwasea woro nsɛm. Obiara nnim deɛ ɛreba, hwan na ɔbɛtumi aka deɛ ɛbɛsi nʼakyi akyerɛ no?
愚昧人多有言語, 人卻不知將來有甚麼事; 他身後的事誰能告訴他呢?
15 Ɔkwasea adwumayɛ ma ɔbrɛ; na ɛmma ɔnhunu ɛkwan a ɛkɔ kurom.
凡愚昧人,他的勞碌使自己困乏, 因為連進城的路,他也不知道。
16 Nnome nka wo, asase a na wo ɔhene yɛ akwa na wo mmapɔmma to ɛpono anɔpa.
邦國啊,你的王若是孩童, 你的群臣早晨宴樂, 你就有禍了!
17 Nhyira nka wo, asase a wo ɔhene yɛ ɔdehyeɛ na wo mmapɔmma didi ɛberɛ a ɛfata de pɛ ahoɔden, na ɛnyɛ nsãborɔ.
邦國啊,你的王若是貴冑之子, 你的群臣按時吃喝, 為要補力,不為酒醉, 你就有福了!
18 Sɛ obi yɛ akwadworɔ a, ne mpunan yɛ mmerɛ; sɛ ne nsa nka hwee a, ne fie nwunu.
因人懶惰,房頂塌下; 因人手懶,房屋滴漏。
19 Wɔto ɛpono ma sereɛ, na nsã ma onipa ahosɛpɛ, nanso sika na ɛyɛ biribiara safoa.
設擺筵席是為喜笑。 酒能使人快活; 錢能叫萬事應心。
20 Wʼadwene mu mpo, nkasa ntia ɔhene, na wowɔ piam nso a, nnome osikani, ɛfiri sɛ anomaa a ɔnam ewiem de wʼasɛm bɛkɔ, na anomaa a otuo bɛkɔ akɔka.
你不可咒詛君王, 也不可心懷此念; 在你臥房也不可咒詛富戶。 因為空中的鳥必傳揚這聲音, 有翅膀的也必述說這事。