< Ɔsɛnkafoɔ 1 >

1 Yeinom ne nsɛm a Ɔsɛnkafoɔ, ɔhene Dawid babarima a ɔyɛ ɔhene wɔ Yerusalem seɛ:
Eyinom ne nsɛm a Ɔsɛnkafo, ɔhene Dawid babarima a ɔyɛ ɔhene wɔ Yerusalem se:
2 “Ahuhudeɛ! Ahuhudeɛ!” Ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ. “Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ Biribiara yɛ ahuhudeɛ.”
“Ahuhude! Ahuhude!” Ɔsɛnkafo no na ose. “Ahuhude mu ahuhude Biribiara yɛ ahuhude.”
3 Ɛdeɛn na onipa nya firi nʼadwumayɛ nyinaa mu? Deɛn na ɔnya firi deɛ enti ɔkum ne ho yɛ no awia so no?
Dɛn na onipa nya fi nʼadwumayɛ nyinaa mu, nea okum ne ho yɛ no owia so no?
4 Awoɔ ntoatoasoɔ ba na ɛkɔ, nanso asase tim hɔ daa.
Awo ntoatoaso ba na ɛkɔ, nanso asase tim hɔ daa.
5 Owia pue na owia kɔtɔ, na ɛyɛ ntɛm kɔ deɛ ɛpue firiiɛ hɔ.
Owia pue na owia kɔtɔ, na ɛyɛ ntɛm kɔ nea epue fii hɔ no.
6 Mframa bɔ kɔ anafoɔ fam na ɛdane hwɛ atifi fam; ɛkyinkyini kɔ baabiara na ɛsane bɔ fa ne kwan so.
Mframa bɔ kɔ anafo fam na ɛdan hwɛ atifi fam; ekyinkyin kɔ baabiara, na ɛsan bɔ fa ne kwan so.
7 Nsubɔntene nyinaa tene kɔgu ɛpo mu, nanso ɛpo nyɛ ma da. Baabi a nsubɔntene no firie no ɛhɔ na wɔsane kɔ bio.
Nsubɔnten nyinaa sen kogu po mu, nanso po nyɛ ma da. Faako a nsubɔnten no fi no hɔ na wɔsan kɔ bio.
8 Biribiara yɛ ɔbrɛ a ɛboro deɛ obi bɛka soɔ. Ani nhwɛ adeɛ nwie da na aso nso ntie nsɛm mma ɛmmu so da.
Biribiara yɛ ɔbrɛ a ɛboro nea obi bɛka so. Ani nhwɛ ade nwie da na aso nso ntie nsɛm mma ɛnyɛ mma da.
9 Deɛ aba no bɛba bio, deɛ wɔayɛ no, wɔbɛyɛ bio; adeɛ foforɔ biara nni owia yi ase.
Nea aba no bɛba bio, nea wɔayɛ no, wɔbɛyɛ bio; ade foforo biara nni owia yi ase.
10 Biribi wɔ hɔ a wɔbɛtumi aka wɔ ho sɛ: “Hwɛ! Yei yɛ ade foforɔ” anaa? Ɛwɔ hɔ dada firi tete nteredee; ɛwɔ hɔ ansa na wɔwoo yɛn.
Biribi wɔ hɔ a wobetumi aka wɔ ho se: “Hwɛ! eyi yɛ ade foforo” ana? Ɛwɔ hɔ dedaw fi tete nteredee; ɛwɔ hɔ ansa na wɔwoo yɛn.
11 Wɔnnkae tetefoɔ no, na wɔn a wɔnnya nnwoo wɔn no nso wɔn a wɔbɛdi wɔn akyi no renkae wɔn.
Wɔnkae tetefo no, na wɔn a wonnya nnwoo wɔn no nso, wɔn a wobedi wɔn akyi no renkae wɔn.
12 Me, Ɔsɛnkafoɔ, na meyɛ Israelhene wɔ Yerusalem.
Me, Ɔsɛnkafo, na meyɛ Israelhene wɔ Yerusalem.
13 Metuu me ho sii hɔ sɛ mede nimdeɛ bɛsua ayɛ nhwehwɛmu wɔ biribiara a wɔyɛ no owia yi ase ho. Adesoa duruduru bɛn na Onyankopɔn de ato adasamma soɔ yi!
Mituu me ho sii hɔ sɛ mede nimdeɛ besua ayɛ nhwehwɛmu wɔ biribiara a wɔyɛ no owia yi ase ho. Adesoa duruduru a Onyankopɔn de ato adesamma so!
14 Mahunu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase; ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛ deɛ obi de mmirika taa mframa.
Mahu biribiara a wɔyɛ no owia yi ase; ne nyinaa nka hwee, ɛte sɛnea obi tu mmirika taa mframa.
15 Deɛ akyea no, wɔntumi ntene; na deɛ ɛnni hɔ no, wɔntumi nkan.
Nea akyea no wontumi nteɛ; na nea enni hɔ no wontumi nkan.
16 Mekaa wɔ me ho sɛ, “Hwɛ, manyini na manya nimdeɛ bebree asene obiara a watena Yerusalem ahennwa so ansa na merebɛdi adeɛ. Manya nhunumu ne nimdeɛ mu osuahunu.”
Mekaa wɔ me tirim se, “Hwɛ, manyin na manya nimdeɛ bebree asen obiara a watena Yerusalem ahengua so ansa na merebedi ade. Manya nhumu ne nimdeɛ mu osuahu.”
17 Afei, meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛhwehwɛ na mate nimdeɛ ase, ɛne abɔdamsɛm ne nkwaseasɛm. Nanso mehunuu sɛ yei nso te sɛ deɛ obi di mmirika taa mframa.
Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛhwehwɛ na mate nimdeɛ, ne adammɔsɛm ne nkwaseasɛm ase. Nanso mihuu sɛ eyi nso te sɛnea obi tu mmirika taa mframa.
18 Nimdeɛ bebree de awerɛhoɔ na ɛba; nyansa bebree de ahohiahia bebree ba.
Nimdeɛ bebree de awerɛhow na ɛba; nyansa dɔɔso a, awerɛhowdi dɔɔso.

< Ɔsɛnkafoɔ 1 >