< 5 Mose 6 >

1 Yeinom ne ahyɛdeɛ, mmara ne nhyehyɛeɛ a Awurade mo Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ menkyerɛ mo na monni so wɔ asase a moretwa Yordan akɔtena so no,
Eyinom ne ahyɛde, mmara ne nhyehyɛe a Awurade mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ me se menkyerɛkyerɛ mo na munni so wɔ asase a moretwa Yordan akɔfa no so,
2 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo, mo mma ne wɔn mma bɛsuro Awurade mo Onyankopɔn mmerɛ dodoɔ a mote ase. Sɛ modi ne mmara ne nʼahyɛdeɛ nyinaa so a, mo nkwa nna bɛware.
sɛnea ɛbɛyɛ a mo mma ne wɔn mma besuro Awurade, mo Nyankopɔn, mmere dodow a mote ase no, na moadi ne mmara ne nʼahyɛde a mede ma mo no nyinaa so nyinaa so a mo nkwanna aware.
3 Montie, Ao Israel, na monhwɛ yie nni so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɛbɛsi mo yie na mo ase atrɛ yie wɔ asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so sɛdeɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, hyɛɛ mo ho bɔ no.
Muntie, Ao Israel, na monhwɛ yiye nni so sɛnea ɛbɛyɛ a ebesi mo yiye na mo ase atrɛw yiye wɔ asase a nufusu ne ɛwo resen wɔ so no so sɛnea Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, hyɛɛ mo ho bɔ no.
4 Tie, Ao Israel, Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ Awurade koro.
Tie, Ao Israel, Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ Awurade koro.
5 Dɔ Awurade wo Onyankopɔn firi wʼakoma mu nyinaa ne wo kra nyinaa mu ne wʼahoɔden nyinaa mu.
Dɔ Awurade wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne wʼahoɔden nyinaa mu.
6 Momma saa mmaransɛm a mede rema wo ɛnnɛ yi ntena mo akoma mu.
Momma saa mmaransɛm a mede rema wo nnɛ yi ntena mo koma mu.
7 Momfa nhyɛ mo mma mu. Sɛ mowɔ fie anaa monam ɛkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre anɔpa a, monkyerɛkyerɛ wɔn.
Momfa nhyɛ mo mma mu. Sɛ mote fie anaa monam ɔkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre a, monka ho asɛm.
8 Monkyekyere no sɛ agyinahyɛdeɛ mmɔ mo nsa na momfa bi mmɔ abotire.
Monkyekye no sɛ agyiraehyɛde mmɔ mo nsa na momfa bi mmɔ abotiri.
9 Montwerɛ ngu mo fie aponnwa ne mo aboboanopono ho.
Monkyerɛw ngu mo afi apongua ne mo abobow ano apon so.
10 Ɛrenkyɛre biara, Awurade mo Onyankopɔn de mo bɛba asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no. Ɛyɛ asase a animuonyam nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyereeɛ ahyɛ so ma.
Awurade mo Nyankopɔn de mo ba asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom Abraham, Isak ne Yakob no, asase a nkuropɔn a ɛnyɛ mo na mokyekyeree ahyɛ so ma no so,
11 Wɔde nneɛma pa a ɛnyɛ mo na moyɛeɛ bɛhyɛ no ma. Mobɛto nsuo afiri abura a ɛnyɛ mo na motuiɛ mu, na mobɛdidi afiri turo a ɛnyɛ mo na moyɛeɛ mu ne ngo nnua a ɛnyɛ mo na moduaeɛ. Sɛ modidi mee wɔ saa asase yi so wie a,
afi a nneɛma pa ahorow a ɛnyɛ mo na moyɛe ahyɛ no ma, mmura a ɛnyɛ mo na mututui, bobeturo a ɛnyɛ mo na moyɛe ne ngonnua a ɛnyɛ mo na muduae no so. Sɛ mudidi mee wɔ saa asase yi so a,
12 monhwɛ yie na mo werɛ amfiri Awurade a ɔgyee mo firii nkoasom mu Misraim asase so no.
monhwɛ yiye na mo werɛ amfi Awurade a ogyee mo fii nkoasom mu wɔ Misraim asase so no.
13 Ɛsɛ sɛ mosuro Awurade, mo Onyankopɔn, na mosom ɔno nko ara. Ne din nko ara na momfa nka ntam.
Ɛsɛ sɛ musuro Awurade, mo Nyankopɔn, na mosom ɔno nko ara. Ne din nko ara na momfa nka ntam.
14 Monnni anyame foforɔ akyi—anyame a wɔyɛ nnipa a wɔatwa mo ho ahyia no dea;
Munnni anyame foforo akyi; anyame a wɔyɛ nnipa a wɔatwa mo ho ahyia no anyame no;
15 na Awurade mo Onyankopɔn a ɔwɔ mo ntam no yɛ Onyankopɔn ninkunfoɔ a nʼabufuhyeɛ no bɛhye mo na ɔbɛsɛe mo afiri asase so.
na Awurade mo Nyankopɔn a ɔwɔ mo ntam no yɛ Onyankopɔn ninkufo a nʼabufuw no bɛhyew mo, na ɔbɛsɛe mo afi asase no so.
16 Monnsɔ Awurade, mo Onyankopɔn, nhwɛ sɛdeɛ moyɛeɛ ɛberɛ a na mowɔ Masa no.
Monnsɔ Awurade, mo Nyankopɔn, nhwɛ sɛnea moyɛe bere a na mowɔ Masa no.
17 Ɛsɛ sɛ modi Awurade mo Onyankopɔn ahyɛdeɛ so pɛpɛɛpɛ—monni mmara no mu nsɛm nyinaa so sɛdeɛ ɔde ama mo no.
Ɛsɛ sɛ mudi Awurade, mo Nyankopɔn, ahyɛde ne nea ɛwɔ mmara a ɔde ama mo no mu no so pɛpɛɛpɛ.
18 Monyɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ wɔ Awurade ani so na biribiara awie mo yie. Na moakɔ akɔtena asase pa a Awurade hyɛɛ ho bɔ kyerɛɛ mo agyanom no.
Monyɛ de ɛteɛ na eye wɔ Awurade ani so na biribiara awie mo yiye. Na moakɔ akɔfa asase pa a Awurade hyɛɛ ho bɔ kyerɛɛ mo agyanom no,
19 Mobɛpam atamfoɔ a wɔte mo asase no so nyinaa sɛdeɛ Awurade ka kyerɛɛ mo sɛ ɔbɛyɛ no.
na moapam atamfo a wɔwɔ mo anim no nyinaa sɛnea Awurade kae no.
20 Daakye bi, mo mma bɛbisa mo sɛ, “Saa mmara ne nʼahyɛdeɛ a Awurade, yɛn Onyankopɔn de ama yɛn yi aseɛ ne sɛn?”
Daakye bi, sɛ mo mma bisa mo se, “Saa mmara ne nʼahyɛde a Awurade, yɛn Nyankopɔn, de ama mo yi ase ne dɛn?”
21 Monka nkyerɛ wɔn sɛ “Na yɛyɛ Farao nkoa wɔ Misraim, nanso Awurade nam anwanwatumi so yii yɛn firii Misraim.
a monka nkyerɛ wɔn se, “Na yɛyɛ Farao nkoa wɔ Misraim nanso Awurade nam anwonwatumi so yii yɛn fii Misraim.
22 Yɛhunuu Awurade nsɛnkyerɛnneɛ nnwuma a ɔyɛ tiaa Misraim, Farao ne ne nkurɔfoɔ nyinaa.
Yɛn ani tua Awurade nsɛnkyerɛnne ne anwonwade akɛse na ɛyɛ hu a ɔyɛ tiaa Misraim, Farao ne ne nkurɔfo nyinaa.
23 Ɔyii yɛn firii Misraim sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛtumi de asase a wahyɛ yɛn agyanom ho bɔ no ama yɛn.
Oyii yɛn fii Misraim sɛnea ɛbɛyɛ a, obetumi de asase a wahyɛ yɛn agyanom ho bɔ no ama yɛn.
24 Na Awurade yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yɛnni mmara no nyinaa so na yɛmfa obuo ne anidie mma no sɛdeɛ ɛbɛma daakye asi yɛn yie sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi.
Na Awurade yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yenni mmara no nyinaa so na yɛmfa obu ne nidi mma no sɛnea ɛbɛma asi yɛn yiye daakye sɛnea ɛte nnɛ yi.
25 Ɛfiri sɛ, sɛ yɛdi mmara no nyinaa a Awurade, yɛn Onyankopɔn, de ama yɛn no so a, ɛbɛma yɛayɛ ateneneefoɔ.”
Efisɛ sɛ yedi mmara no nyinaa a Awurade, yɛn Nyankopɔn, de ama yɛn no so a, ɛbɛyɛ yɛn trenee.”

< 5 Mose 6 >