< 5 Mose 33 >
1 Yei ne nhyira a Onyankopɔn onipa Mose de hyiraa Israelfoɔ no ansa na ɔrewu:
Вот благословение, которым Моисей, человек Божий, благословил сынов Израилевых пред смертью своею.
2 Ɔkaa sɛ, “Awurade firi Sinai ba bɛpuee yɛn so firii Seir; ɔhran firii Paran bepɔ so. Ɔde akronkronfoɔ pii ba firii anafoɔ fam ne mmepɔ nsianeɛ so.
Он сказал: Господь пришел от Синая, открылся им от Сеира, воссиял от горы Фарана и шел со тьмами святых; одесную Его огнь закона.
3 Nokorɛ mu, wo wodɔ wo nnipa no, akronkronfoɔ nyinaa wɔ wo nsam. Wɔkoto wo nan ase, na wɔnya nkyerɛkyerɛ firi wo hɔ;
Истинно Он любит народ Свой; все святые его в руке Твоей, и они припали к стопам Твоим, чтобы внимать словам Твоим.
4 mmara a Mose de maa yɛn no: Yakob nkurɔfoɔ agyapadeɛ.
Закон дал нам Моисей, наследие обществу Иакова.
5 Awurade yɛɛ ɔhene wɔ Yeshurun ɛberɛ a nnipa no ntuanofoɔ hyiaa Israel mmusuakuo no.
И он был царь Израиля, когда собирались главы народа вместе с коленами Израилевыми.
6 “Ma Ruben nya nkwa. Mma nʼase ntɔre. Na ne mmarima nso, mma wɔn so nhwan.”
Да живет Рувим и да не умирает, и Симеон да не будет малочислен!
7 Asɛm a Mose ka faa Yuda abusuakuo ho nie: “Tie Ao Awurade, tie Yuda sufrɛ fa no brɛ ne nkurɔfoɔ. Ɔde nʼankasa ahoɔden bɔ ne ho ban. Yɛ ne ɔboafoɔ na tia nʼatamfoɔ!”
Но об Иуде сказал сие: услыши, Господи, глас Иуды и приведи его к народу его; руками своими да защитит он себя, и Ты будь помощником против врагов его.
8 Asɛm a Mose ka faa Lewi abusuakuo ho nie: “Ao Awurade, wode ade kronkron ama wʼasomfoɔ nokwafoɔ Lewifoɔ. Wosɔɔ wɔn hwɛɛ wɔ Masa wone wɔn koeɛ wɔ Meriba asuo ho.
И о Левии сказал: туммим Твой и урим Твой на святом муже Твоем, которого Ты искусил в Массе, с которым Ты препирался при водах Меривы,
9 Lewifoɔ tiee wʼasɛm bɔɔ wʼapam no ho ban. Wɔdii wo nokorɛ sene sɛdeɛ wɔdii wɔn awofoɔ, wɔn abusuafoɔ ne wɔn mma nokorɛ.
который говорит об отце своем и матери своей: “я на них не смотрю”, и братьев своих не признает, и сыновей своих не знает; ибо они, левиты, слова Твои хранят и завет Твой соблюдают,
10 Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no. Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfoɔ. Wɔde aduhwam bɛba wʼanim Abɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia so.
учат законам Твоим Иакова и заповедям Твоим Израиля, возлагают курение пред лице Твое и всесожжения на жертвенник Твой;
11 Hyira Lewifoɔ, Ao Awurade na ma wɔn nnwuma nyinaa nsɔ wʼani. Bubu wɔn atamfoɔ nnwonku; bɔ wɔn atamfoɔ hwe fam a wɔnsɔre bio.”
благослови, Господи, силу его и о деле рук его благоволи, порази чресла восстающих на него и ненавидящих его, чтобы они не могли стоять.
12 Asɛm a Mose ka faa Benyamin abusuakuo ho nie: “Awurade dɔ Benyamin nkurɔfoɔ na wɔnya banbɔ wɔ ne mu. Ɔtwa wɔn ho hyia ɛberɛ biara na ɔbɔ wɔn ho ban firi ɔhaw biara mu.”
О Вениамине сказал: возлюбленный Господом обитает у Него безопасно, Бог покровительствует ему всякий день, и он покоится между раменами Его.
13 Asɛm a Mose ka faa Yosef mmusuakuo ho nie: “Awurade nhyira wɔn nsase; ɔmfa ne bosuo pa a ɛfiri sorosoro ne nsuo a ɛfiri asase ase pɛɛ no,
Об Иосифе сказал: да благословит Господь землю его вожделенными дарами неба, росою и дарами бездны, лежащей внизу,
14 ne nnepa a ɛnyini wɔ owia mu ne adonneɛ a ɛba ɔbosome biara mu;
вожделенными плодами от солнца и вожделенными произведениями луны,
15 ne nnɔbaeɛ pa a ɛfiri tete mmepɔ mu ne deɛ abu so wɔ nkokoɔ a ɛtim hɔ daa mu
превосходнейшими произведениями гор древних и вожделенными дарами холмов вечных,
16 ne akyɛdeɛ amapa dodoɔ a ɛfiri asase mu, ne adom a ɛfiri deɛ ɔpuee wɔ ogya a ɛrederɛ no mu. Saa nhyira yi nyinaa mmra Yosef so nhyɛ no ahenkyɛ wɔ ne nuanom mu.
и вожделенными дарами земли и того, что наполняет ее; благословение Явившегося в терновом кусте да приидет на главу Иосифа и на темя наилучшего из братьев своих;
17 Yosef wɔ ahoɔden ne tumi sɛ nantwie ba. Nʼahoɔden te sɛ ɔtrɔm mmɛn. Ɔde bɛwowɔ akyirikyiri aman, apamo wɔn akɔ asase ano. Yei ne me nhyira a mede rema Efraim bebrebe ne Manase mpempem no.”
крепость его как первородного тельца, и роги его, как роги буйвола; ими избодет он народы все до пределов земли: это тьмы Ефремовы, это тысячи Манассиины.
18 Asɛm a Mose ka faa Sebulon ne Isakar mmusuakuo ho nie: “Sebulon asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo akwantuo biara mu. Isakar asefoɔ, monnya nkɔsoɔ wɔ mo fie ntomadan mu.
О Завулоне сказал: веселись, Завулон, в путях твоих, и Иссахар, в шатрах твоих;
19 Wɔfrɛ nnipa no kɔ bepɔ no so kɔbɔ afɔdeɛ a ɛdi mu wɔ hɔ. Wɔnya mfasoɔ firi ɛpo mu nnepa ne ademudeɛ a ahinta wɔ anwea mu.”
созывают они народ на гору, там заколают законные жертвы, ибо они питаются богатством моря и сокровищами, сокрытыми в песке.
20 Asɛm a Mose ka faa Gad abusuakuo ho nie: “Nhyira nka obi a ɔtrɛ Gad mantam mu! Gad ayɛ krado sɛ gyata a ɔrebɛtu abasa anaa wate etire.
О Гаде сказал: благословен распространивший Гада; он покоится как лев и сокрушает и мышцу и голову;
21 Gad nkurɔfoɔ gyee asase pa no maa wɔn ho; ɔkannifoɔ kyɛfa na wɔde maa wɔn. Ɛberɛ a nkurɔfoɔ no mpanimfoɔ hyiaeɛ no, wɔde Awurade atɛntenenee yɛɛ adwuma, na wɔdii mmara a wɔde maa Israelfoɔ no so.”
он избрал себе начаток земли, там почтен уделом от законодателя, и пришел с главами народа, и исполнил правду Господа и суды с Израилем.
22 Asɛm a Mose ka faa Dan abusuakuo ho nie: “Dan yɛ gyata ba a ɔrehurihuri firi Basan.”
О Дане сказал: Дан молодой лев, который выбегает из Васана.
23 Asɛm a Mose ka faa Naftali abusuakuo ho nie: “Ao Naftali, wowɔ adom bebree na Awurade nhyira ayɛ wo ma; atɔeɛ fam ne anafoɔ fam bɛyɛ wo kyɛfa.”
О Неффалиме сказал: Неффалим насыщен благоволением и исполнен благословения Господа; море и юг во владении его.
24 Asɛm a Mose ka faa Aser abusuakuo ho nie: “Aser nnya animuonyam wɔ ne nuanom anim; ne nuanom mfa anidie mma no; wɔmfa ngo nsra ne nan ho.
Об Асире сказал: благословен между сынами Асир, он будет любим братьями своими, и окунет в елей ногу свою;
25 Wʼapono ho nkyerewa nyɛ dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ; Awurade mmɔ wo ho ban wo nkwa nna nyinaa.
железо и медь - запоры твои; как дни твои, будет умножаться богатство твое.
26 “Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ Yeshurun Onyankopɔn; Ɔnam ɔsorosoro bɛboa wo, ɔde ne tumi nante omununkum mu.
Нет подобного Богу Израилеву, Который по небесам принесся на помощь тебе и во славе Своей на облаках;
27 Onyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa yɛ wo dwanekɔbea; nʼabasa a ɛwɔ hɔ daa no kura wo. Ɔbɛpam wʼatamfoɔ afiri wʼanim; Ɔno na ɔteaam sɛ, ‘Sɛe wɔn!’
прибежище твое Бог древний, и ты под мышцами вечными; Он прогонит врагов от лица твоего и скажет: истребляй!
28 Enti, Israel bɛtena ase asomdwoeɛ mu; Yakob a wanya nkɔsoɔ bɛnya banbɔ wɔ asase a aduane ne nsã wɔ so, na ɔsoro tɔ bosuo gu so.
Израиль живет безопасно, один; око Иакова видит пред собою землю обильную хлебом и вином, и небеса его каплют росу.
29 Nhyira nka mo, Ao Israel! Hwan na ɔte sɛ mo, nnipa a Awurade agye mo nkwa. Ɔyɛ mo akokyɛm ne mo ɔboafoɔ ne mo nkonimdie akofena! Mo atamfoɔ bɛkoto mo anim, na moatiatia wɔn so.”
Блажен ты, Израиль! кто подобен тебе, народ, хранимый Господом, Который есть щит, охраняющий тебя, и меч славы твоей? Враги твои раболепствуют тебе, и ты попираешь выи их.